< Ezra 6 >

1 Thus King Darius ordered that a search be made of the archives that were housed in the treasury of Babylon.
Enti ɔhene Dario hyɛɛ sɛ, wɔnkɔhwehwɛ Babilonia nneɛma dedaw akorae hɔ faako a wɔkora nneɛma a ɛsom bo no.
2 But it was actually in the fortress of Ecbatana, in the province of Media, that a scroll was found, recording the following:
Na Ekbatana aban a ɛwɔ Mediaman no mu hɔ no na wohuu krataa mmobɔwee bi. Na emu nsɛm ni: Amanneɛbɔ krataa:
3 In the first year of King Cyrus, he issued a decree regarding God's Temple in Jerusalem: Let the Temple be rebuilt as a place where sacrifices are offered, and make sure it has strong foundations are firm. Make it sixty cubits high and sixty cubits wide,
Ɔhene Kores dii ade nʼafe a edi so no, wɔhyɛɛ mmara faa Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho. Ɛkae se ɛsɛ sɛ wɔsan si no wɔ beae a na Yudafo bɔ wɔn afɔre hɔ, wɔ fapem dedaw no so. Ɛsɛ sɛ ne sorokɔ yɛ anammɔn aduɔkron, na ne trɛw nso anammɔn aduɔkron.
4 with three layers of stone blocks and one of timber. Expenses are to be paid from the royal treasury.
Abo a wɔasiesie no sononko no mmeaso abiɛsa biara so no, ɛsɛ sɛ wɔde nnua gu. Na adehye foto mu na wobefi atua ho ka.
5 In addition, the gold and silver items of God's Temple, which Nebuchadnezzar took from the Temple in Jerusalem and brought to Babylon, must also be returned to the Temple in Jerusalem and placed there.
Sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkuku ne nkaka a Nebukadnessar tase fii Onyankopɔn asɔredan a esi Yerusalem no mu de kɔɔ Babilonia no, ɛsɛ sɛ wɔsan de kɔ Yerusalem, de kogu Onyankopɔn asɔredan no mu sɛnea na ɛte no.
6 These are my instructions to you, Tattenai, governor of the province west of the Euphrates, Shethar-bozenai, and your fellow officials, and officials of the province: Stay far away from there!
Na ɔhene Dario de saa nkra yi somae: Mede krataa yi kɔma amrado Tatenai a ɔwɔ asu Eufrate agya ne Setar-Bosnai ne mo mfɛfo ne mpanyimfo a wɔwɔ Eufrate agya sɛ monnkɔ hɔ.
7 This work on God's Temple—leave it alone! Let the governor and leaders of the Jews continue with rebuilding this Temple of God on its original site.
Monnkotwintwan Onyankopɔn asɔredan no si anan mu. Wonsi no wɔ beae dedaw mu hɔ ara, na monntoto Yuda amrado ne Yudafo mpanyimfo anan mu wɔ adwuma no yɛ ho.
8 Furthermore, this is my decree as to what you are to do for these Jewish leaders regarding the rebuilding of this Temple of God. The full expense involved is to be paid from royal income, the tribute of the province west of the Euphrates, so that the work will not be delayed.
Na mesan hyɛ mo bio sɛ, mommoa saa Yudafo mpanyimfo no wɔ Onyankopɔn asɔredan no si mu. Ɛsɛ sɛ mutua adansi no ho ka nyinaa fi tow a mugyigye fi mo man mu a monntwentwɛn so koraa, sɛnea adwuma no yɛ renka.
9 Provide whatever is needed by the priests in Jerusalem: young bulls, rams, and lambs for burnt offerings to the God of heaven, and wheat, salt, wine, and olive oil. Make sure to give them this each day without fail.
Biribiara a ɛho hia asɔfo a wɔwɔ Yerusalem, sɛ ebia, nantwimma, adwennini ne nguantenmma a wɔde bɛbɔ ɔhyew afɔre ama Onyankopɔn a ɔwɔ ɔsorosoro no, momfa mma wɔn. Afei, momma wɔn atoko, nkyene, nsa ne ngo a ɛho behia wɔn da biara a monnto mu.
10 In this way they can offer sacrifices that are acceptable to the God of heaven, and pray for the lives of the king and his sons.
Sɛ ɛba saa a, wobetumi abɔ afɔre a ɛsɔ ani ama ɔsorosoro Nyankopɔn, na wɔabɔ mpae ama me ne me mmabarima.
11 Further I declare that if any man interferes with this decree, a beam is to be ripped from his house and set in the ground, and he is to be impaled on top of it. His own house shall be turned into a pile of rubble for disobeying this decree.
Wɔn a wobebu mmara no so wɔ ɔkwan biara so no, wobeyi wɔn adan so mpuran, na wɔde wɔn abobɔ mu, abɔ wɔn mmaa, ama wɔn afi adwiriw, adan sumina siw.
12 May God who chose the city of Jerusalem as the place where he would be honored, destroy any king or people who try to alter what I have said or who destroy this Temple. I, Darius, issue this decree. Let it be faithfully carried out.
Onyankopɔn a wayi Yerusalem kurow sɛ beae a wɔnhyɛ ne din anuonyam no nsɛe ɔhene anaa ɔman biara a wobebu ne mmara so, asɛe asɔredan no. Me Dario na mahyɛ saa mmara yi. Ma ɔmanfo ntie no aso pa mu.
13 Tattenai, the governor of the province west of the Euphrates, Shethar-bozenai, and their fellow officials faithfully carried out what King Darius had decreed.
Na Tatenai a ɔyɛ asu Eufrate agya amrado ne Setar-Bosnai ne ne mfɛfo dii Dario mmara a ɔhyɛɛ no so prɛko pɛ.
14 As a result the Jewish leaders continued building, and they were encouraged by the messages from Haggai the prophet and Zechariah, son of Iddo. They completed building the Temple following the command of the God of Israel, and the decrees of Cyrus, Darius, and Artaxerxes, kings of Persia.
Enti Yudafo mpanyimfo toaa wɔn dwumadi no so na asɛm a adiyifo Hagai ne Ido babarima Sakaria kae no hyɛɛ wɔn nkuran. Na wowiee asɔredan no si, sɛnea Israel Nyankopɔn hyɛe na Kores, Dario ne Persiahene Artasasta hyɛɛ mmara no.
15 The Temple was completed on the third day of the month of Adar, in the sixth year of the reign of King Darius.
Wowiee asɔredan no si wɔ Abib (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so dumien, ɔhene Dario ahenni mfe asia so.
16 Then the people of Israel, the priests, the Levites, and the rest of those who had returned from exile, all joyfully celebrated the dedication of the God's Temple.
Israelfo, asɔfo, Lewifo ne nnipa no nkae a wofi nnommum mu aba no de ahosɛpɛw too Onyankopɔn asɔredan no din.
17 To dedicate God's Temple they sacrificed one hundred bulls, two hundred rams, four hundred lambs, and a sin offering for the whole of Israel comprising twelve male goats, one for each Israelite tribe.
Onyankopɔn asɔredan no dinto afahyɛ no mu no, wɔde nantwimma ɔha, adwennini ahannu ne nguantenmma ahannan bɔɔ afɔre. Na wɔmaa mmirekyi dumien sɛ bɔne ho afɔrebɔde, de gyinaa hɔ maa Israel mmusuakuw dumien no.
18 They organized the priests and Levites by their divisions to serve God in the Temple at Jerusalem, in accordance with the Book of Moses.
Na wɔkyekyɛɛ asɔfo ne Lewifo no mu, sɛnea wɔn akuw ahorow te no ma wɔsom wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu wɔ Yerusalem, sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mose Nhoma mu no.
19 The exiles who had returned observed the Passover on the fourteenth day of the first month.
Adar ɔsram (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛto so aduonu baako no, wɔn a wofi nnommum mu bae no dii Twam Afahyɛ.
20 The priests and Levites had all purified themselves so that they were clean according to the ceremonial law. So they killed the Passover lamb for all the exiles who had returned, for their fellow priests, and for themselves.
Asɔfo no ne Lewifo no dwiraa wɔn ho maa wɔn ho tew maa afahyɛ no. Enti wokum Twam Afahyɛ guamma maa wɔn a wofi nnommum mu bae no nyinaa ne asɔfo a wɔaka ne wɔn ankasa wɔn ho.
21 The Passover was eaten by the people of Israel who had returned from exile, and by those who had joined them and had rejected the pagan practices of the peoples of the land in order to worship the Lord, the God of Israel.
Nnipa a wɔwɔ Israel a wofi nnommum mu aba no ne nnipa no nkae a wɔwɔ ɔman no mu no a wɔadan afi wɔn amumɔyɛ akwan ho abɛsom Awurade, Israel Nyankopɔn, no na wodii twam aduan no.
22 Then they observed the Festival of Unleavened Bread for seven days. Everyone throughout the land was so happy because the Lord had made the king of Assyria favorable to them, helping them to rebuild the Temple of God, the God of Israel.
Wodii Twam Afahyɛ aduan no, na wɔde nnanson nso dii Apiti Afahyɛ no. Ahosɛpɛw baa ɔman no mmaa nyinaa, efisɛ Awurade sakraa Asiriahene adwene a ɔwɔ wɔ wɔn ho ma ɔboaa wɔn sii Onyankopɔn, Israel Nyankopɔn, asɔredan no.

< Ezra 6 >