< Exodus 24 >

1 The Lord told Moses, “Come up to the Lord—you and Aaron, Nadab and Abihu, and seventy of Israel's elders. You are to worship at a distance.
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Wo ne Aaron, Nadab, Abihu ne Israelfo mpanyimfo aduɔson mforo mmra ha. Mo nyinaa, momma me ne mo ntam ntwe na monsom me.
2 Only Moses may approach the Lord—the others must not come near. The people may not go up the mountain with him.”
Mose nko ara na ɔbɛbɛn Awurade; na monkae nso sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔaka no twiw bɛn bepɔw no koraa.”
3 Moses went and told the people all the Lord's instructions and regulations. They all responded together: “We will do everything the Lord says!”
Mose kaa mmara a Awurade hyɛɛ no no nyinaa kyerɛɛ nnipa no ma wɔn nyinaa bɔ gyee so se, “Yebedi ne nyinaa so.”
4 Moses wrote down everything the Lord had said. He got up early the following morning and built an altar at the bottom of the mountain, and set up twelve pillars for each of the twelve tribes of Israel.
Mose kyerɛw Awurade mmara no nyinaa guu hɔ. Ade kyee anɔpa no, osii afɔremuka wɔ bepɔw no ase. Ɔde adum dumien twaa ho hyiae, efisɛ na Israel mmusuakuw no yɛ dumien.
5 Then he sent out some young Israelite men who went and offered burnt offerings and sacrificed young bulls as peace offerings to the Lord.
Afei, ɔsomaa mmabun a wɔwɔ wɔn mu no bi sɛ wɔnkɔbɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre mma Awurade.
6 Moses put half of the blood into bowls, and sprinkled the other half on the altar.
Mose sɔn mmoa no mogya no fa de guu nkankyee mu, na ɔtow fa a aka no petee afɔremuka no so.
7 Then he picked up the Book of the Agreement and read it to the people. They replied, “We will do everything the Lord says. We will obey.”
Ɔkenkan nhoma a wakyerɛw a ɛyɛ Apam Nhoma a Awurade akwankyerɛ ne ne mmara wɔ mu no kyerɛɛ nnipa no. Nnipa no bɔ gyee so bio se, “Yɛhyɛ bɔ sɛ, yebedi mmara no nyinaa so.”
8 So Moses took the blood, sprinkled it on the people, and said, “Look, this is the blood of the agreement that the Lord has made with you following these terms.”
Afei, Mose de mogya a ɛwɔ nkankye no mu no petee nnipa no so kae se, “Saa mogya yi hyɛ apam a mo ne Awurade ayɛ ne mmara a ɔde ama mo no mu den.”
9 Then Moses and Aaron, Nadab and Abihu, and seventy of Israel's elders climbed up the mountain,
Mose, Aaron, Nadab, Abihu ne Israelfo mpanyimfo aduɔson no foro kɔɔ bepɔw no so
10 and they saw the God of Israel. Under his feet was something like a tiled pavement made of lapis lazuli, as clear blue as the sky itself.
na wohuu Israel Nyankopɔn. Na nʼanan ntiaso hyerɛn te sɛ hoabo a ne hyerɛn te sɛ wim ahosu.
11 But God did not harm the leaders of Israel—they saw him, and they ate and drank a sacred meal.
Ɛwɔ mu sɛ mpanyimfo no huu Onyankopɔn de, nanso wansɛe wɔn. Nokwarem, wɔn nyinaa bɔɔ mu didii wɔ Awurade anim.
12 Then the Lord told Moses, “Come up the mountain to me, and stay here, so I can give you the stone tablets, with the instructions and commands I have written for them to learn.”
Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Foro bra me nkyɛn wɔ bepɔw so ha na tena ha, na mede mmaransɛm a makyerɛw agu ɔbo so no bɛma wo, na woafa so akyerɛkyerɛ nnipa no.”
13 So Moses left with Joshua his attendant and climbed up the mountain of God.
Enti Mose ne ne boafo Yosua foro kɔɔ Onyankopɔn bepɔw no so.
14 He told the elders, “Stay here and wait for us to return. Aaron and Hur are with you. If anyone has a problem, they can talk with them.”
Ɔka kyerɛɛ mpanyimfo no se, “Montena ha ntwɛn yɛn kosi sɛ yɛbɛba. Sɛ asɛm bi kyere obi so a, obetumi akɔ Aaron ne Hur nkyɛn.”
15 As Moses climbed up on the mountain, the cloud covered it
Mose foro kɔɔ bepɔw no so hɔ na ɔyeraa wɔ omununkum mu.
16 The Lord's glory came down on Mount Sinai, covering it for six days. On the seventh day the Lord called to Moses from inside the cloud.
Na Awurade anuonyam hyɛɛ Sinai bepɔw no so ma. Na omununkum sii bepɔw no so nnansia. Ne nnanson so no, ɔfrɛɛ Mose fii omununkum no mu.
17 To the Israelites the Lord's glory looked like a burning fire on the top of the mountain.
Wɔn a wɔwɔ bepɔw no ase no huu anwonwade no. Na Awurade anuonyam a ɛwɔ bepɔw no so no te sɛ ogya a ɛredɛw.
18 Moses went into the cloud as he climbed up on the mountain, and he stayed on the mountain for forty days and nights.
Na Mose yeraa wɔ bepɔw no so mununkum no mu. Odii bepɔw no so adaduanan.

< Exodus 24 >