< Deuteronomy 15 >

1 You are to cancel debts the end of every seven years.
Muntwa mo aka mu mfe ason awiei biara.
2 This is the way the it will work: If you provided a loan to someone you must cancel it. You are not allowed to collect anything from another Israelite, because the Lord's time of debt cancelation has been announced.
Ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so ni: Ɛsɛ sɛ obiara a wabɔ ne yɔnko Israelni bosea no, de kyɛ no. Ɛnsɛ sɛ ɔdan ne yɔnko no anaa ne busuani ka, efisɛ wɔapae mu aka Awurade bere a wɔde ka kyɛ no.
3 You are allowed to collect payments from a foreigner, but you must cancel whatever your fellow Israelite owes you.
Saa ka a wotwa mu yi ka mo yɔnkonom Israelfo no nko ara. Ahɔho a wɔte mo mu no de, sɛ mopɛ a mobɛma wɔn atua.
4 However, you shouldn't have poor people among you, for the Lord will really bless you in the country that the Lord your God is giving you to own.
Mmom, ɛnsɛ sɛ ahiafo ba mo mu efisɛ, Awurade, mo Nyankopɔn no behyira mo wɔ asase a ɔde rema mo sɛ mo agyapade no so,
5 You just need to make sure you obey the Lord your God, and that you're careful to follow all these commandments I'm giving you today.
sɛ motɔ mo bo ase di Awurade, mo Nyankopɔn no, mmara a mede rema mo nnɛ yi nyinaa so a.
6 The Lord your God is going to bless you as he promised. You will lend money to many nations but you won't need to borrow from any of them; you will rule over many nations but you won't be ruled by them.
Efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, behyira mo sɛnea wahyɛ mo bɔ no. Mobɛbɔ aman bebree bosea, nanso moremmɔ obiara hɔ bosea da. Mubedi aman bebree so, nanso obiara renni mo so da.
7 If there are Israelites who are poor in any of your towns in the country the Lord your God is giving you, then you must not be unfeeling or miserly towards them.
Sɛ mudu nkurow a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so na sɛ ehia mo yɔnkonom Israelfo no bi a, mummpirim mo koma anaa mommma mo nsam nyɛ den wɔ wɔn so.
8 On the contrary. You should be generous to them, and lend them whatever they need.
Mmom, mungow mo nsam na momfɛm wɔn nea ehia wɔn biara.
9 Make sure you don't think evil thoughts like, “The seventh year is coming up when debts will be canceled,” so that you look down on the poor with a sneer and refuse to give them anything. They will complain to the Lord about you, and you will be found guilty of sin.
Monhwɛ na moannya saa adwemmɔne yi wɔ mo tirim sɛ: “Afe a ɛto so ason, afe a wotwa aka mu no, abɛn,” na moannyina so ammɔ mo mfɛfo Israelfo a ahia wɔn no atirimɔden a moremma wɔn hwee. Ɛba saa a, wobesu afrɛ Awurade de atia mo, na ɛbɛma wɔabu mo bɔne ho fɔ.
10 Give and give again to them, and don't feel irritated when you give. When you give generously the Lord your God will bless you in all your work and in everything you decide to do.
Mumfi koma pa mu mma na Awurade, mo Nyankopɔn no, behyira mo wɔ mo nnwuma nyinaa ne biribiara a mode mo nsa bɛka no mu.
11 You will always have those who are poor and in need among you, so that's why I'm telling you to give generously to them.
Bere biara, mubehu ahiafo wɔ asase no so. Ɛno nti merehyɛ mo sɛ, biribiara a mowɔ no, mumfi ɔpɛ pa mu mma mo mfɛfo Israelfo a ahia wɔn wɔ asase no so no.
12 If a Hebrew, one of your own people, whether man or woman, sells themselves to you as a slave and works for you for six years, you have to free them in the seventh year.
Sɛ wo nua Hebrini, sɛ ɔyɛ barima anaa ɔbea, tɔn ne ho ma wo na ɔsom wo mfirihyia asia a, ɛsɛ sɛ wugyaa no ma ɔde ne ho afe a ɛto so ason no.
13 And when you free them, don't send them away with nothing.
Na sɛ woregya no kwan a, mma no nkɔ nsapan.
14 Give them plenty of gifts: animals from your flocks, grain from your threshing floor, and wine from your winepress. Give to them as generously as the Lord your God has blessed you.
Fa nsa a emu gow so ma no wo nguan no bi, wʼawiporowbea mu ade ne wo nsakyi amoa mu ade bi. Hwɛ sɛnea Awurade, wo Nyankopɔn no, asi ahyira wo no so na ma no.
15 Don't forget that you were once slaves in Egypt, and the Lord your God set you free. That's why I'm giving you this command today.
Monkae sɛ na moyɛ nkoa wɔ Misraim na Awurade, mo Nyankopɔn, yii mo fii hɔ. Ɛno nti na mede saa mmara yi rema mo nnɛ yi.
16 However, if your male slave tells you, “I don't want to leave you,” because he loves you and your family and is better off staying with you,
Na sɛ ɛba sɛ wʼakoa ka kyerɛ wo se, “Merennyaw wo hɔ nkɔ,” efisɛ ɔpɛ wo ne wʼabusuafo asɛm na ne ho tɔ no wɔ wo nkyɛn a,
17 then use a metal tool to pierce his ear against the door, and he will be your slave for life. Do the same for your female slave.
ɛno de, fa fitii bɔre nʼaso mu na ɔnyɛ wʼakoa daa. Wo mfenaa nso, yɛ wɔn saa ara.
18 Don't see it as a problem to free your slave, because your slave's six years of service to you was worth twice what you would have paid to hire someone. The Lord your God will bless you in everything you do for acting in this way.
Momma no nyɛ wo den sɛ mubegyaa mo asomfo no ama wɔafa wɔn ho akodi. Monkae sɛ, mfe asia a wɔasom mo no sɛ wokɔfaa apaafo sɛ wɔnsom mo a, anka mubetua apaafo no sika mmɔho abien na Awurade, mo Nyankopɔn no, behyira mo wɔ biribiara a moyɛ ho.
19 You are to separate out to give the Lord your God all the firstborn males of your herds and flocks. You must not have the firstborn of your cattle work, and don't shear the firstborn of your sheep.
Munyi mo anantwi ne mo nguan mmakan anini no nsi hɔ mma Awurade, mo Nyankopɔn no. Mo anantwi mmakan no, mommfa wɔn nkɔ mo mfuw mu nkɔyɛ adwuma, na munntwitwa mo nguan mmakan ho nwi nso.
20 Every year you and your family are to eat these animals that have been sacrificed in the presence of the Lord your God in the place that the Lord will choose.
Mmom, mo ne mo abusuafo na afe biara monwe saa mmoa yi wɔ baabi a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpaw ama mo no wɔ nʼanim.
21 However, if an animal has some defect or is lame or blind, in fact if it has any serious defect at all, you are not to sacrifice it to the Lord your God.
Na sɛ ɛba sɛ abakan no bi adi dɛm, sɛ ebia, ɔtɔ apakye anaa nʼani afura anaa wadi dɛm foforo bi a, mommfa no mmɔ afɔre mma Awurade, mo Nyankopɔn no.
22 Eat it at home. All of you, whether you're ceremonially clean or not, can it eat it just like you would eat a gazelle or a deer,
Mmom, momfa no nyɛ aduan mma abusuafo wɔ fie. Sɛ obi ho tew o, sɛ ne ho ntew o, otumi di bi sɛnea obiara tumi we ɔtwe anaa ɔdabɔ nam no.
23 but you are not to eat the blood—pour that out on the ground.
Nanso ɛnsɛ sɛ mudi mogya no. Munhwie ngu fam te sɛ nsu.

< Deuteronomy 15 >