< Daniel 3 >

1 King Nebuchadnezzar had a gold statue made that was sixty cubits tall and six cubits wide. He had it set up on the plain of Dura in the province of Babylon.
Ɔhene Nebukadnessar yɛɛ sikakɔkɔɔ ohoni bi a na ne sorokɔ yɛ anammɔn aduɔkron, na ne trɛw nso yɛ anammɔn akron. Wɔde sii Dura tataw so wɔ Babiloniaman mu.
2 Then he summoned the provincial governors, prefects, local governors, counselors, treasurers, judges, magistrates, and all the officials of the provinces to come to the dedication of the statue he had set up.
Afei ɔde nkra kɔmaa ahenemma, mpanyimfo, amradofo, afotufo, sanaafo, atemmufo, asennifo ne ɔman no mu mpanyimfo se, wɔmmra ohoni a wɔreda no adi no afahyɛ ase.
3 They all came to the dedication of the statue Nebuchadnezzar had set up and stood in front of it.
Bere a ahenemma, mpanyimfo, amradofo, afotufo, sanaafo, atemmufo, asennifo ne ɔman no mu mpanyimfo no behyiae sɛ wɔrebɛda ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ adi no, wobegyinagyinaa ohoni no anim.
4 Then a herald announced in a loud voice, “People of all nations and languages, pay attention to the king's command!
Na wɔbɔɔ dawuru teɛɛ mu se, “Nnipa ahorow ne aman ahorow ne kasa ahorow nyinaa muntie nea ɔhene ahyɛ sɛ monyɛ!
5 As soon as you hear the sound of the horn, flute, zither, trigon, harp, pipes, and all kinds of musical instruments, you must fall to the ground and worship the gold statue that King Nebuchadnezzar has set up.
Sɛ mote abɛn, odurugya, sanku, sankuten, atɛntɛbɛn ne nnwontode ahorow nyinaa nnyigyei a, monkotow fam, na monsɔre ɔhene Nebukadnessar sikakɔkɔɔ ohoni no.
6 Anyone who doesn't immediately fall down and worship will be thrown into a furnace of blazing fire.”
Obiara a wankotow fam ansɔre ohoni no dɔn no ara mu no, wɔde no bɛto fononoo a ogya redɛw wɔ mu framfram mu.”
7 So when all the people heard the sound of the musical instruments they all fell down—the people of all nations and languages worshiped the gold statue that King Nebuchadnezzar had set up.
Enti bere a wɔtee abɛn, odurugya sanku, sankuten, sanku, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nnwontode ahorow nyinaa nnyigyei no, nnipa no nyinaa ne aman ahorow ne wɔn a wɔka kasa ahorow nyinaa kotow fam, sɔree ohoni a Ɔhene Nebukadnessar de asi hɔ no.
8 Right then some of the astrologers came forward and made accusations against the Jews.
Nanso Kaldeafo no bi kɔɔ ɔhene no nkyɛn kɔtoatoa faa Yudafo no ho se,
9 They said to King Nebuchadnezzar, “May Your Majesty the king live forever!
“Nana wo nkwa so!
10 Your Majesty has decreed that everyone who hears the sound of the musical instruments shall fall down and worship the gold statue,
Wohyɛɛ mmara maa ɔmanfo se, obiara te abɛn, odurugya sanku, sanbuka sanku, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nnwontode ahorow nyinaa nnyigyei a, ɔnkotow fam, na ɔnsɔre sika ohoni no,
11 and that anyone who does not shall be thrown into a furnace of blazing fire.
na obiara a wantie ankɔtow ansɔre ohoni no, wɔde no bɛto fononoo a ogya redɛw framfram wɔ mu no mu.
12 But there are some Jews that you placed in charge of the province of Babylon—Shadrach, Meshach, and Abednego—who pay no attention to Your Majesty's decree. They do not serve your gods and will not worship the gold statue you set up.”
Nanso Nana, Yudafo bi a wɔn din de Sadrak, Mesak ne Abednego a wode wɔn atuatua Babiloniaman ano no abu wo animtiaa, na wɔansɔre wʼanyame anaa sikakɔkɔɔ honi a wode asi hɔ no.”
13 This made Nebuchadnezzar absolutely furious. “Bring me Shadrach, Meshach, and Abednego!” he demanded. So they were brought before the king.
Ɛhɔ ara, Nebukadnessar bo fuw yiye, na ɔhyɛe se, wɔmfa Sadrak, Mesak ne Abednego mmra nʼanim. Wɔde wɔn bae no,
14 “Shadrach, Meshach, and Abednego, are you deliberately refusing to serve my gods and worship the gold statue I set up?” asked the king.
Nebukadnessar bisaa wɔn se, “Sadrak, Mesak ne Abednego, ɛyɛ nokware sɛ, moansɔre mʼanyame ne sikakɔkɔɔ honi a mede asi hɔ no?
15 “Are you ready now to fall down and worship the statue I had made when you hear the sound of the musical instruments? If you don't, you will be immediately thrown into the furnace of blazing fire, and there's no god who can save you from my power!”
Mɛma mo kwan bio. Sɛ mote abɛn, odurugya sanku, sanbuka sanku, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nnwontode ahorow nyinaa nnyigyei no, na mokotow fam, na mosɔre ohoni a mayɛ no a, na me ne mo nni asɛm biara. Na sɛ mopo a, wɔbɛtow mo agu fononoo a ogya redɛw wɔ mu no mu prɛko pɛ. Sɛ ɛba saa a, nyame bɛn na obetumi agye mo afi me tumi ase?”
16 “King Nebuchadnezzar, we don't need to defend ourselves before you over this,” Shadrach, Meshach, and Abednego replied.
Sadrak, Mesak ne Abednego buae se, “Nana Nebukadnessar, yennye nni sɛ ho hia sɛ yeyi yɛn ho ano wɔ wʼanim.
17 “If our God whom we serve so wishes, he is able to rescue us from the furnace of blazing fire. He will save us from your power, Your Majesty.
Sɛ wɔtow yɛn gu fononoo a ogya redɛw wɔ mu no mu a, Onyankopɔn a yɛsom no no begye yɛn. Nana, obegye yɛn afi wo tumi ase.
18 But even if he does not, Your Majesty needs to know that we would never serve your gods or worship the gold statue you have set up.”
Na sɛ ɛba sɛ wannye yɛn mpo a, Nana nte ase sɛ, sɔre de, yɛrensɔre wʼanyame anaa sikakɔkɔɔ honi a wode asi hɔ no da biara da.”
19 This made Nebuchadnezzar so angry with Shadrach, Meshach, and Abednego that his face twisted in rage. “Make the furnace seven times hotter than normal!” he ordered.
Nebukadnessar bo fuw Sadrak, Mesak ne Abednego yiye, na wampɛ wɔn anim ahwɛ. Ɔhyɛɛ sɛ, wɔmma fononoo no gya no hyew no nnɔ mmɔho ason.
20 Then he commanded some of his strongest soldiers, “Tie up Shadrach, Meshach, and Abednego and throw them into the furnace of blazing fire!”
Afei ɔhyɛɛ nʼasraafo mu mmarima ahoɔdenfo pa ara no bi sɛ, wɔnkyekyere Sadrak, Mesak ne Abednego, na wɔntow wɔn ngu fononoo no mu gyatannaa no mu.
21 So they were tied up, fully dressed in their coats, trousers, turbans, and other clothes, and thrown into the furnace of blazing fire.
Enti wɔkyekyeree saa nkurɔfo yi a wɔhyehyɛ wɔn ntwontwo, wɔn ntade, wɔn mmotiri ne wɔn ntama papee, tow wɔn guu fononoo gya a ɛredɛw no mu.
22 Because the king's command was so harsh in making the furnace so extremely hot, the flames killed the soldiers who threw them in.
Na esiane ɔhene no abufuwtraso ne ɔhyɛ a ama fononoo no adɔ hyerehyere mmoroso no nti, asraafo a wɔde Sadrak, Mesak, ne Abednego regu fononoo no mu no wuwuu wɔ ogyatannaa no ano.
23 Shadrach, Meshach, and Abednego, still tied up, fell into the furnace of blazing fire.
Na Sadrak, Mesak ne Abednego a wɔakyekyere wɔn papee no hwehwee ogya fononoo a ɛredɛw no mu.
24 Then King Nebuchadnezzar suddenly jumped up in amazement. “Didn't we throw three men tied up into the furnace?” he asked his advisors. “Yes, that's right, Your Majesty,” they replied.
Nebukadnessar gu so rehwɛ no, prɛko pɛ, ohuruw teɛɛ mu ahodwiriw so guu nʼafotufo no so se, “Ɛnyɛ mmarima baasa na yɛkyekyee wɔn tow wɔn guu fononoo no mu?” Wobuae se, “Yiw, Nana, yɛyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.”
25 “Look!” he cried out. “How is it that I can see four men, not tied up, walking around in the fire and not being burned? And the fourth one looks like a god!”
Nebukadnessar teɛɛ mu se. “Monhwɛ! Mihu nnipa baanan a biribiara nkyekyeree wɔn sɛ wɔnenam ogya no mu. Ogyatannaa no nhyew wɔn. Onipa a ɔto so anan no te sɛ anyame ba bi!”
26 Nebuchadnezzar went towards the door of the furnace of blazing fire. “Shadrach, Meshach, and Abednego, servants of the Most High God, come out! Come here!” he shouted. So Shadrach, Meshach, and Abednego came out of the fire.
Na Nebukadnessar twiw bɛn fononoo a ogya redɛw wɔ mu no pon ano, sɛnea obetumi, teɛɛ mu se, “Sadrak, Mesak ne Abednego, ɔsorosoro Nyankopɔn asomfo, mumfi mmra! Mommra ha!” Ɛno nti, Sadrak, Mesak ne Abednego fii ogya no mu bae.
27 The provincial governors, prefects, local governors, and the king's advisors gathered around them and saw that the fire had not harmed them. Their hair wasn't singed, their clothes weren't scorched—there wasn't even the smell of smoke!
Afei, ahenemma, mpanyimfo, amradofo ne afotufo betwaa wɔn ho hyiae, na wohuu sɛ, ogya no anka wɔn. Wɔn tinwi mpo ho anka. Na wɔn ntade anhyew. Na wusiw mpo mmɔn wɔn ho.
28 Then Nebuchadnezzar said, “Praise the God of Shadrach, Meshach, and Abednego! He sent his angel and he rescued his servants who trusted in him! They disobeyed my royal command, putting their lives on the line, and refused to worship any other gods except their God.
Afei Nebukadnessar kae se, “Ayeyi nka Sadrak, Mesak ne Abednego Nyankopɔn. Ɔsomaa ne bɔfo, ma wobegyee nʼasomfo a wogye no di no. Wobuu me, ɔhene mmara so, na wɔde wɔn honam mae, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrensom na wɔrensɔre anyame biara, gye wɔn Nyankopɔn.
29 Consequently I am issuing a decree that if anyone of any nation or language speaks disrespectfully about the God of Shadrach, Meshach, and Abednego they will be torn to pieces and their houses will be destroyed. There is no other God who is able to save like this!”
Ne saa nti, merehyɛ saa mmara yi sɛ ɔman, nkurɔfo ne kasa ahorow nyinaa mu, obiara a ɔbɛka Sadrak, Mesak ne Abednego Nyankopɔn ho abususɛm no, ampa ara wobetwitwa wɔn mu asinasin na wɔadwiriw wɔn afi ama adan wura. Nyame biara nni hɔ a obetumi agye nkwa sɛɛ yi.”
30 Then Nebuchadnezzar promoted Shadrach, Meshach, and Abednego, giving them even greater responsibilities in the province of Babylon.
Afei, Ɔhene Nebukadnessar maa Sadrak, Mesak ne Abednego dibea a ɛkorɔn yiye wɔ Babiloniaman mu.

< Daniel 3 >