< Amos 5 >
1 Listen, people of Israel, to this funeral lament that I sing about you!
Tie asɛm yi, mo Israelfoɔ, saa mmenabɔ yi fa mo ho:
2 Virgin Israel has fallen, and will never rise again! She lies abandoned on the ground, and there is no one to help her up.
“Ɔbabunu Israel ahwe ase a ɔrensɔre bio, wɔapo no ɔno ara asase so, na ɔnni obi a ɔbɛpagya no.”
3 This is what the Lord says: From a city that sends out a thousand soldiers, only a hundred will return; from a city that sends out a hundred soldiers, only ten will return.
Deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: “Kuropɔn a ɔde mmarima ahoɔdenfoɔ apem ko ma Israel no, emu ɔha pɛ na ɛbɛka; Kuro a ɔde ahoɔdenfoɔ ɔha no, emu edu pɛ na ɛbɛka.”
4 This is what the Lord says to the people of Israel: Look to me so you may live!
Deɛ Awurade ka kyerɛ Israelfoɔ nie: “Monhwehwɛ me na monnya nkwa;
5 Do not look to the false gods of Bethel, do not go to the pagan shrines of Gilgal or travel to those of Beersheba. For Gilgal will go into exile, and Bethel will come to nothing.
Monnhwehwɛ Bet-El, monnkɔ Gilgal, na monntu ɛkwan nkɔ Beer-Seba nso. Ampa ara Gilgal bɛkɔ nnommumfa mu na wɔbɛhwe Bet-El ase koraa.”
6 Look to the Lord so you may live! Otherwise he will explode like fire against the descendants of Joseph and no one from Bethel will be able to quench it.
Monhwehwɛ Awurade na monnya nkwa, anyɛ saa a ɔbɛpra Yosef efie te sɛ ogya; ɛbɛhye, na Bet-El rennya obi nnum no.
7 You twist justice and make it bitter, you throw integrity to the ground.
Mo a moma atemmuo yɛ nwono na mototo tenenee ase.
8 The One who made the Pleiades and Orion, who turns the darkness into morning, and daytime into night, who calls for the water of the seas, and pours it down as rain upon the earth—the Lord is his name!
Deɛ ɔbɔɔ nsoromma, Akokɔbaatan ne ne mma, deɛ ɔdane esum yɛ no adekyeeɛ na ɔma awia dane adesaeɛ. Deɛ ɔboaboa ɛpo mu nsuo ano na ɔhwie gu asase so, ne din ne Awurade.
9 In a flash he cuts down the strong and destroys the fortresses.
Ɔsɛe abandenden ntɛm so na ɔbubu kuropɔn a wɔabɔ ho ban nso,
10 You hate anyone who confronts injustice and loathe anyone who speaks honestly.
motane deɛ ɔtenetene wɔ asɛnniiɛ na mobu deɛ ɔka nokorɛ animtiaa.
11 Because you trample down the poor and impose a tax on their grain, building for yourselves impressive houses, you will not live in them, and you will not drink wine from the fine vineyards you have planted.
Motiatia ohiani so na mohyɛ no gye aduane firi ne nkyɛn. Enti, ɛwom sɛ mode aboɔ a wɔatwa asisi afie akɛseɛ deɛ, nanso morentena mu; ɛwom sɛ moayɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ deɛ nanso morennom emu nsã.
12 For I know the extent of your wrongdoing and your numerous sins. You oppress good people by taking bribes, and you prevent the poor from getting justice in the courts.
Na menim mo mmarato dodoɔ ne mo bɔne akɛseɛ no. Mohyɛ teneneefoɔ so na mogye adanmudeɛ mobu ahiafoɔ ntɛnkyea wɔ asɛnniiɛ.
13 So smart people keep quiet in such evil times.
Ɛno enti, ɔnyansafoɔ yɛ komm saa mmerɛ yi mu, ɛfiri sɛ, ɛyɛ mmerɛ bɔne.
14 Do what is right, and not evil, so you may live. Then the Lord God of power will be with you, as you claim he is.
Monhwehwɛ papa, na moanya nkwa na ɛnyɛ bɔne. Na Asafo Awurade Onyankopɔn bɛka wo ho, sɛdeɛ moka sɛ ɔyɛ no.
15 Hate evil and love good—and make sure justice wins out in your courts. Maybe the Lord God of power will have mercy on those who are left of Jacob's people.
Monkyiri bɔne, na monnɔ papa; Monni atɛn tenenee wɔ asɛnniiɛ. Ebia, Asafo Awurade Onyankopɔn bɛnya ahummɔborɔ ama Yosef nkaeɛfoɔ.
16 For this is what the Lord, the Lord God of power says: There will be weeping in the city squares and wailing in the streets. They will call even the farmers to grieve, as well as the professional mourners.
Enti deɛ Awurade, Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie: “Mmenabɔ bɛba mmorɔno nyinaa so na ɔyea ne apinisie bɛba mmɔntene so. Wɔbɛfrɛ akuafoɔ ama wɔabɛsu na agyamfoɔ abɛtwa adwo.
17 There will be wailing in every vineyard, for I will pass through the midst of you, says the Lord.
Wɔbɛbɔ mmena wɔ bobeturo nyinaa mu, ɛfiri sɛ mɛnante mo mu,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
18 How disastrous it will be for those of you who long for the day of the Lord. Why would you want the day of the Lord to come? It will bring darkness, not light.
Nnome nka wɔn a wɔpɛ sɛ Awurade da no ba! Deɛn enti na mopɛ sɛ Awurade da no ba? Saa ɛda no bɛyɛ esum, na ɛnnyɛ hann.
19 It will be like a man running away from a lion only to meet a bear; or a man who goes home and leans his hand on a wall, only to be bitten by a snake.
Ɛbɛyɛ te sɛ ɔnipa a ɔdwane firi gyata anim na ɔkohyia sisire, sɛ deɛ owura ne fie de ne nsa to ɔfasuo so, na ɔwɔ ka no.
20 Isn't the day of the Lord darkness without light? Yes, pitch dark without a glimmer of light.
Na Awurade da no bɛyɛ esum; ɛrenyɛ hann, ɛbɛyɛ esum kabii a ɛhan nsensaneɛ biara nni mu.
21 I hate, I despise your festivals and take no delight in your religious assemblies.
“Mekyiri na mepo mo nyamesom mu apontoɔ; mʼani nnye mo afahyɛ nhyiamu ho.
22 Even though you present me with burnt offerings and grain offerings, I will not accept them. As for your peace offerings of fattened cattle—I will not even look at them.
Ɛwom sɛ mode ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ brɛ me deɛ, nanso merennye. Mode asomdwoeɛ afɔdeɛ brɛ me nanso mʼani rensɔ.
23 Stop your noisy worship songs. I will not listen to the melody of your harps.
Momfa mo nnwontoɔ gyegyeegye no mfiri me so! Merentie mo asankuten so nnwom.
24 Rather let justice flow like a river, and doing right like an ever-flowing stream.
Mmom, momma atɛntenenee ntene sɛ asubɔnten, na tenenee nyɛ sɛ asutene a ɛrenwe da!
25 Did you bring me sacrifices during those forty years in the desert, people of Israel?
“Israelfoɔ, ɛnyɛ me na mode afɔrebɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ me mfeɛ aduanan wɔ ɛserɛ so anaa?
26 But now you carry idols of Sakkuth your king and Kaiwan your star god that you made for yourselves.
Mode mo ho nyinaa ato Molek nyame, ne mo honi Rɛfan so; wɔyɛ ahoni a moayɛ sɛ mobɛsom wɔn.
27 So I will send you into exile in a land beyond Damascus, says the Lord, whose name is the God of power.
Ɛno enti, mɛtwa mo asuo akɔ Damasko nohoa,” sɛdeɛ Awurade a ne din ne Onyankopɔn Otumfoɔ seɛ nie.