< Acts 3 >

1 Peter and John were on their way up to the Temple at the time of the afternoon prayer, around 3 p.m.
Da bi Petro ne Yohane kɔɔ asɔredan mu awia nnɔnabiɛsa a na ɛyɛ bere a wɔde bɔ mpae.
2 A man who had been lame from birth was being carried there. Every day he was placed beside the Temple gate called “Beautiful” so he could beg from the people going into the Temple.
Wɔreyɛ adu asɔredan pon a wɔfrɛ no Ɔpon Fɛfɛ ano no, wohuu obubuafo bi sɛ ɔda hɔ. Na wɔsoa saa obubuafo yi de no bɛto ɔpon yi ano da biara ma ɔsrɛsrɛ sika fi wɔn a wɔrekɔ asɔredan no mu no nkyɛn.
3 He saw Peter and John as they were about to enter the Temple and asked them for some money.
Bere a ohuu sɛ Petro ne Yohane rekɔ mu no, ɔsrɛɛ wɔn se wɔmma no biribi.
4 Peter looked right at him. John did, too. “Look at us!” Peter said.
Wɔhwɛɛ nʼanim dinn na Petro ka kyerɛɛ no se, “Hwɛ yɛn!”
5 The lame man gave them his full attention, expecting to get something from them.
Ɔhwɛɛ wɔn susuw sɛ wɔbɛma no biribi.
6 “I don't have any silver or gold,” Peter told him, “but I'll give you what I have. In the name of Jesus Christ of Nazareth, walk!”
Nanso Petro ka kyerɛɛ no se, “Sika de, minni bi; na nea mewɔ a mede bɛma wo ne sɛ Yesu Kristo Nasareni din mu, sɔre nantew!”
7 Peter took him by the right hand and helped him up. Right away his feet and ankles became strong.
Afei Petro de ne nsa nifa soo no mu maa no so gyinaa hɔ. Prɛko pɛ, nʼanan mu yɛɛ den.
8 He jumped to his feet, and then began to walk. He went with them into the Temple, walking and jumping and praising God.
Ohuruw gyinaa nʼanan so na ofii ase nantewee. Afei ɔne wɔn nyinaa kɔɔ asɔredan no mu a ɔrehuruhuruw, rekamfo Onyankopɔn.
9 Everyone there saw him walking around and praising God.
Nnipa no nyinaa huu no sɛ ɔnam reyi Onyankopɔn ayɛ.
10 They recognized him as the beggar who used to sit by the Temple's Beautiful Gate, and they were surprised and amazed at what had happened to him.
Wohuu no no, wohuu sɛ ɔno ne ɔsrɛsrɛni a na ɔda asɔredan pon a wɔfrɛ no Ɔpon Fɛfɛ no ano no, wɔn ho dwiriw wɔn.
11 He held on tightly to Peter and John while everyone ran to them by Solomon's Porch in complete astonishment at what had happened.
Bere a nnipa no huu sɛ ɔbarima no ne Petro ne Yohane nam no, wɔn ho dwiriw wɔn; enti wotuu mmirika kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ baabi a wɔfrɛ no Salomo Abrannaa no so hɔ.
12 When Peter saw this opportunity he told them, “People of Israel, why are you surprised at what's happened to this man? Why are you staring at us as if it was by our own power or faith that we made him walk?
Bere a Petro huu nnipadɔm no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Israelfo, adɛn na eyi yɛ mo nwonwa? Adɛn nti na mohwɛ yɛn, susuw sɛ yɛnam yɛn tumi anaa yɛn som pa so na asa ɔbarima yi yare?
13 The God of Abraham, Isaac, and Jacob—the God of our forefathers—has glorified his servant Jesus. He was the one you betrayed and rejected in the presence of Pilate, even after Pilate had decided to release him.
Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn ne yɛn nenanom Nyankopɔn ama ne somfo Yesu ɔsoro anuonyam. Mode no maa atumfo; na bere a Pilato yɛɛ sɛ obegyaa no no mpo, mopoo no wɔ nʼanim.
14 You rejected the one who is holy and good, and demanded a murderer be released to you.
Na ɔyɛ Kronkron, ɔteɛ; nanso mopoo no na mosrɛɛ Pilato sɛ ɔmfa odwotwafo mma mo.
15 You killed the author of life, the one God raised from the dead—and we are witnesses to this.
Enti mukum obi a ogye nnipa kɔ nkwa mu. Nanso Onyankopɔn nyan no fii awufo mu na yɛyɛ eyi ho nnansefo.
16 By trusting in Jesus' name this man was healed by him. You see this man here; you know him. Through trusting in Jesus this man has received complete healing right in front of all of you.
Tumi a ɛwɔ ne din mu no na ɛmaa saa obubuafo yi nyaa ahoɔden. Gyidi a yɛwɔ wɔ ne din mu no na ɛma yetumi yɛɛ saa anwonwade a muhu yi. Gyidi a yɛwɔ wɔ Yesu din mu no na ama ne ho atɔ no a ogyina mo anim mprempren yi.
17 Now I know, brothers and sisters, that you did this in ignorance, like your rulers.
“Afei me nuanom, minim sɛ nea mo ne mo mpanyimfo yɛɛ Yesu no, na onim na munnim.
18 But God fulfilled what he had prophesied through all the prophets: that his Messiah would suffer.
Tete no, Onyankopɔn nam nʼadiyifo so kae se Agyenkwa no behu amane. Na ɔnam saa kwan yi so ma ɛbaa mu.
19 Now repent, and change your ways, that your sins can be wiped away, so the Lord can send opportunities for you to heal and recover,
Monsakra mo adwene na momfa mo ho mma Onyankopɔn na wɔbɛpepa mo bɔne, na moanya foforoyɛ mmere afi Awurade hɔ,
20 and send Jesus, the Messiah appointed for you.
na wasoma Yesu a ɔyɛ Agyenkwa a wɔayi no ama mo no.
21 For he must stay in heaven until the time when everything is restored, as God announced through his holy prophets long ago. (aiōn g165)
Sɛnea Onyankopɔn nam nʼadiyifo akronkron so aka dedaw no, ɛsɛ sɛ ɔtena ɔsoro kosi sɛ nneɛma nyinaa bɛyɛ foforo. (aiōn g165)
22 Moses said, ‘The Lord God will send you a prophet from among your own people who is like me. You must listen to everything he tells you.
Na Mose kae se, ‘Awurade, mo Nyankopɔn bɛsoma odiyifo aba mo nkyɛn sɛnea ɔsomaa me a mifi mo mu no. Ɛsɛ sɛ mutie asɛm biara a ɔbɛka akyerɛ mo.
23 Anybody who doesn't listen to him will be totally removed from the people.’
Obiara a wantie nea odiyifo no bɛka no, wobeyi no afi Onyankopɔn nkurɔfo ho na wɔasɛe no.’
24 All the prophets who have spoken, from Samuel on, prophesied about these days.
“Samuel ne adiyifo a akyiri no wɔbae no nyinaa nso aka asɛm a asi nnɛ yi ho asɛm pɛn.
25 You are the sons of the prophets, and of the agreement which God made with your fathers when he said to Abraham, ‘From your descendants all the families of the earth will be blessed.’
Onyankopɔn bɔ a ɔnam adiyifo so hyɛe no yɛ mo dea. Saa ara nso na mowɔ kyɛfa wɔ apam a Onyankopɔn ne mo agyanom pam no mu. Sɛnea ɔka kyerɛɛ Abraham se, ‘Wʼasefo so na menam behyira wiasefo nyinaa.’
26 God prepared his Servant and sent him to you first, to bless you by turning every one of you from your evil ways.”
Enti Onyankopɔn dii kan yii ne somfo somaa no baa mo nkyɛn sɛ ɔmmɛdom mo na mo nyinaa nnan mfi mo akwammɔne no so.”

< Acts 3 >