< 2 Samuel 5 >

1 All the tribes of Israel came to David at Hebron and told him, “We are your flesh and blood.
Afei, Israel mmusuakuw no nyinaa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔka kyerɛɛ no se, “Yɛn nyinaa yɛ wʼabusuafo.
2 Previously when Saul was our king, you were the one who led the Israelite army into battle. The Lord told you, ‘You will be the shepherd of my people Israel, and you will be their ruler.’”
Mmere bi a atwa mu no a mpo, na Saulo yɛ yɛn hene no, wo ara na wudii Israel anim. Na Awurade aka akyerɛ wo se, ‘Wobɛyɛ me manfo Israel so guanhwɛfo. Wobɛyɛ wɔn kannifo.’”
3 All the elders of Israel came to the king at Hebron, where King David made an agreement with them in the Lord's presence. Then they anointed him king of Israel.
Enti Dawid ne Israel ntuanofo no yɛɛ apam wɔ Hebron Awurade anim. Na wɔsraa no ngo sii no Israelhene.
4 David was thirty when he became king, and he reigned for forty years.
Dawid dii ade no, na wanya mfirihyia aduasa. Na odii ade mfirihyia aduanan.
5 He reigned over Judah seven years and six months from Hebron, and he reigned over all of Israel and Judah for thirty-three years from Jerusalem.
Ɔtenaa Hebron dii ade wɔ Yuda so mfirihyia ason ne asram asia. Na ɔtenaa Yerusalem no nso, odii Israel ne Yuda nyinaa so hene mfirihyia aduasa abiɛsa.
6 David the king and his men went to Jerusalem to attack the Jebusites who were living there. The Jebusites told David: “You'll never enter here. Even the blind and lame could stop you.” They were convinced that David could not get in.
Dawid dii nʼakofo anim kɔɔ Yerusalem kɔko tiaa Yebusifo. Yebusifo no dii wɔn ho fɛw se, “Morentumi mma ha. Na mpo, anifuraefo ne mmubuafo betu mo afi ha.” Efisɛ na Yebusifo no dwene sɛ wɔwɔ bammɔ.
7 But David did capture the fortress of Zion, now known as the City of David.
Nanso Dawid ko faa Sion aban no a mprempren wɔfrɛ no Dawid Kuropɔn no.
8 At that time he said, “If we are to successfully conquer the Jebusites we'll have to go up the water shaft to attack these ‘lame and blind’ —these people who hate David. This is why it's said, ‘The blind and the lame will never enter the house.’”
Bere a animka nkra fi bammɔfo a wɔwɔ kurow no mu duu Dawid asom no, ɔka kyerɛɛ ne dɔm no se, “Momfa nsudorobɛn no mu nkɔ kurow no mu, na monkɔsɛe Yebusifo mpakye ne anifuraefo no, efisɛ mikyi wɔn! Ɛno nti na wɔka se, ‘Anifuraefo ne mpakye’ renkɔ ahemfi” no.
9 David went and lived in the fortress, and named it the City of David. He extended it in all directions, starting from the outer supporting terraces and moving inwards.
Enti Dawid yɛɛ nʼatenae wɔ abandennen na ɔfrɛɛ hɔ Dawid Kuropɔn no mu. Osisii bammɔ adan bebree twaa kurow no ho kaa ho. Wofii dwumadi no ase wɔ Milo de baa mu.
10 David became increasingly powerful, for the Lord God Almighty was with him.
Na Dawid kɔɔ so yɛɛ kɛse adekyee biara, efisɛ na Asafo Awurade Nyankopɔn ka ne ho.
11 King Hiram of Tyre sent representatives to David, together with cedar timber, carpenters, and stonemasons, and they built a palace for David.
Afei, Tirohene Huram somaa abɔfo kɔɔ Dawid nkyɛn a nnua dwumfo ne abo adansifo ka wɔn ho sɛ wonkosi ahemfi mma no. Huram de sida nnua bebree kɔɔ hɔ sɛ wɔmpae.
12 David realized that the Lord had installed him as king of Israel, and had made his kingdom great for the sake of his people Israel.
Na Dawid huu sɛ, ne nkurɔfo Israelfo nti, Awurade asi no hene, na wayɛ nʼaheman kɛse.
13 After he moved from Hebron, David added more concubines and wives from Jerusalem, and he had more sons and daughters.
Dawid tu fi Hebron baa Yerusalem no, ɔwaree mmea bebree, faa mpenanom nso. Ɛno nti, ɔwoo mmabarima ne mmabea bebree.
14 These are the names of his children born in Jerusalem: Shammua, Shobab, Nathan, Solomon,
Eyinom ne Dawid mmabarima a wɔwowoo wɔn wɔ Yerusalem no: Samua, Sobab, Natan, Salomo
15 Ibhar, Elishua, Nepheg, Japhia,
Yibhar, Elisua, Nefeg, Yafia
16 Elishama, Eliada, and Eliphelet.
Elisama, Eliada ne Elifelet.
17 When the Philistines heard that David had been anointed king of Israel, the whole Philistine army came out to capture him, but David found out and went inside the stronghold.
Bere a Filistifo tee sɛ wɔasra Dawid, de no asi Israelhene no, wɔboaboaa wɔn asraafo ano, kɔhwehwɛɛ Dawid sɛ wobenya no akyere no. Na Dawid tee no, ɔno nso kɔɔ ne ban mu.
18 The Philistines came and spread out across the Valley of Rephaim.
Afei, Filistifo no beduu Refaim bon mu, na wɔtrɛtrɛw wɔn ho mu wɔ hɔ.
19 David asked the Lord “Should I go and attack the Philistines? Will you hand them over to me?” “Yes, go,” the Lord replied, “for I will definitely hand them over to you.”
Enti Dawid bisaa Awurade se, “Menkɔtow nhyɛ Filistifo yi so ana? Wobɛdan wɔn ahyɛ me nsa ana?” Awurade buaa no se, “Yiw, kɔ na mɛdan Filistifo no ahyɛ wo nsa.”
20 David went to Baal-perazim and he defeated the Philistines there. “Like a flood that bursts out, so the Lord has burst out against my enemies right before me,” David declared. So he named that place Baal-perazim.
Enti Dawid kɔɔ Baal-Perasim, na ɛhɔ na odii Filistifo no so nkonim. Ɔkae se, “Awurade ayɛ! Ɔbɔ wuraa mʼatamfo no mu sɛ nsuyiri a ɛworo so!” Enti Dawid too beae hɔ din se Baal-Perasim.
21 The Philistines left their idols behind, and David and his men removed them.
Filistifo no gyaw wɔn ahoni wɔ hɔ, maa Dawid ne ne mmarima no soaa ne nyinaa kɔe.
22 A while later the Philistines came again and spread out across the Valley of Rephaim.
Filistifo no san baa bio bɛtrɛtrɛw wɔn ho mu wɔ Refaim bon ho,
23 David asked the Lord what to do. The Lord replied, “Don't attack them directly, but go round behind them and attack them in front of the balsam trees.
enti Dawid bisaa Awurade nea ɔnyɛ. Awurade buae se, “Nkɔ tee, mmom, twa fa wɔn ho wɔ wɔn akyi, na tow hyɛ wɔn so wɔ baka nnua no anim.
24 Immediately you hear the sound of marching in the tops of the balsam trees be ready, because this means the Lord has marched out before you to attack the Philistine camp.”
Na sɛ wote nnyigyei te sɛ nsrabɔ bi wɔ baka nnua no atifi a, bɔ toa wɔn! Ɛkyerɛ sɛ, Awurade atu di wʼanim rekokunkum Filistifo no.”
25 David followed the Lord's orders, and he slaughtered the Philistines from Geba all the way to Gezer.
Enti Dawid yɛɛ nea Awurade ka kyerɛɛ no no, na ɔsɛee Filistifo no fi Geba de kosii Geser.

< 2 Samuel 5 >