< 2 Samuel 20 >

1 A rabble-rouser called Sheba, son of Bichri, from the tribe of Benjamin, happened to be there. He blew the ram's horn and shouted: “We have no interest in David, no commitment to Jesse's son. Israelites, let's all go home!”
Ɔtɔkwapɛfo bi a na wɔfrɛ no Seba na ɔyɛ Bikri a ofi Benyamin babarima, hyɛn torobɛnto teɛɛ mu se, “Yɛne Dawid nni hwee yɛ. Yenni agyapade biara wɔ Yisai babarima no nkyɛn. Israel mmarima, mommra na yɛn nyinaa nkɔ yɛn kurom!”
2 So all the men of Israel abandoned David to follow Sheba, son of Bichri. But the men of Judah accompanied their king all the way from the Jordan to Jerusalem.
Enti Israel mmarima gyaw Dawid hɔ, kodii Seba akyi. Nanso Yuda mmarima no de, wɔtenaa wɔn hene nkyɛn, na wɔwowaw no fi Asubɔnten Yordan ho, kosii Yerusalem.
3 When David returned to his palace in Jerusalem, he took the ten concubines he had left to look after the palace and put them in a house under guard. He took care of their needs but he didn't sleep with them. They were imprisoned until they died, living like widows.
Bere a oduu nʼahemfi hɔ wɔ Yerusalem no, ɔhyɛɛ sɛ ne mpenanom du a ogyaw wɔn hɔ no, wɔmfa wɔn nkɔhyɛ kokoa mu baabi. Na ɛsɛ sɛ wɔma wɔn wɔn ahiade nyinaa, nanso ɔne wɔn renna bio. Enti wɔn mu biara tenaa ase sɛ okunafo, kosii ne wuda.
4 Then the king ordered Amasa, “Call up the army of Judah. Have them come to me within three days, and you come too.”
Ɔhene no hyɛɛ Amasa sɛ ɔmfa nnansa mmoaboa Yuda asraafo ano, na ɔmmɛka biribi nkyerɛ no saa bere no mu.
5 Amasa called up the army of Judah, but he took longer than the time he was given.
Enti Amasa kɔbɔɔ asraafo no amanneɛ, nanso nʼahoboa no boroo nnansa no.
6 David then spoke to Abishai, saying, “Now Sheba the son of Bichri is going to cause us more trouble than Absalom did. Take the king's men and chase him down, or he will take over fortified towns and get away from us.”
Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai se, “Saa ɔtɔkwapɛfo Seba no rebɛhaw yɛn asen sɛ nea Absalom haw yɛn no. Fa mʼakofo no, na taa no ansa na waguan akɔbɔ ne ho aguaa wɔ hintabea nkurow no mu baabi a yɛn nsa renka no.”
7 So Joab's men, along with the Cherethites, the Pelethites, and all the experienced fighters, marched out of Jerusalem to chase down Sheba, son of Bichri.
Enti Abisai ne Yoab yiyii awɛmfo a wodi mu fii Yoab asraafo ne ɔhene no ankasa de mu de tiw Seba.
8 While they were at the large rock in Gibeon, Amasa caught up with them. Joab was dressed for battle. Over his clothes was a belt around his waist with a dagger in its sheath. As he moved forward, it fell out.
Na woduu Gibeon ɔbo kɛse no ho no, Amasa hyiaa wɔn. Na Yoab hyɛ nʼakotade a ɔde afoa abɔ nʼataaso. Otuu nten kɔɔ nʼanim sɛ ɔrekokyia Amasa no, afoa no fii boha no mu tɔɔ fam.
9 “How are you doing, my brother?” Joab asked Amasa. Joab held Amasa by the beard with his right hand to kiss him.
Yoab bisaa no se, “Me nua, wo ho te dɛn?” Ɛhɔ ara na Yoab de ne nsa nifa soo nʼabogyesɛ mu, sɛ nea ɔrefew nʼano.
10 Amasa wasn't prepared for the dagger in Joab's left hand. Joab stabbed him in the belly and his intestines poured out onto the ground. Joab didn't need to stab him twice, because Amasa was already dead. Then Joab and his brother Abishai set off in pursuit of Sheba.
Amasa anhu sɛ afoa no hyɛ ne nsa benkum mu. Na Yoab de afoa no wɔɔ ne yam, maa ne nsono tu guu fam. Ɛho anhia sɛ Yoab betia ne so koraa, na Amasa wui. Yoab ne ne nuabarima Abisai gyaw no hɔ, toaa so tiw Bikri babarima Seba.
11 One of Joab's men stood beside Amasa and called out, “If you're on Joab's side, and if you are on David's side, then follow Joab!”
Yoab asraafo no mu aberante a ɔyɛ panyin wɔ nsraadɔm no so no mu baako teɛɛ mu kyerɛɛ Amasa asraafo no se, “Obiara a ɔtaa Yoab akyi ne obiara a ɔwɔ Dawid afa no, ommedi Yoab akyi.”
12 But Amasa was there, lying in his blood in the middle of the main road. When the man saw that everybody was stopping to look, he pulled the body off the road into a field and threw a cloth over it.
Amasa daa ne mogyabura mu wɔ ɔkwan no mfimfini. Na ɔbarima no huu sɛ asraafo no adu hɔ a wɔagyina rehwɛ Amasa no, ɔtwee no fii ɔkwan no mu, de no too wuram, de atade kataa ne so.
13 Once Amasa's body was off the road, all the men followed Joab in pursuit of Sheba.
Woyii Amasa fii ɔkwan no mu akyi no, mmarima no nyinaa dii Yoab akyi sɛ wɔrekɔkyere Bikri babarima Seba.
14 In the meantime Sheba had gone around all the tribes of Israel and eventually ended up the town of Abel-beth-maacah. All the Bichrites gathered for battle and followed him into the town.
Saa bere no, Seba kyinii Israel nyinaa boaboaa ne fifo Bikrifo ano wɔ Abel-Bet-Maaka.
15 Joab's army came and besieged Sheba in Abel-Beth-Maacah. They built a siege ramp against the town's outer wall. While all of Joab's army was battering the wall to knock it down,
Yoab asraafo no duu hɔ no, wɔtow hyɛɛ Abel-Bet-Maaka so. Wosisii mpie wɔ kurow no akyi, de bɔɔ wɔn ho ban fii atamfo ho na wɔpempem afasu no, pɛɛ sɛ wodwiriw gu.
16 a wise woman from the town called out, “Listen! Please listen! Tell Joab, ‘Come over here so I can speak to you.’”
Na ɔbea nyansafo bi teɛɛ mu fi kurow no mu se, “Muntie! Muntie! Monka nkyerɛ Yoab se ɔmmra ha, na menka asɛm bi nkyerɛ no.”
17 He went over to her, and the woman asked, “Are you Joab?” “Yes, that's me,” he replied. “Please listen to what I, your servant, have to say,” she said. “I'm listening,” he replied.
Yoab kɔɔ ne nkyɛn, na obisaa no se, “Wo na wɔfrɛ wo Yoab no?” Obuae se, “Yiw.” Ɔkae se, “Tie asɛm a wʼafenaa pɛ sɛ ɔka no.” Obuae se, “Meretie.”
18 Then the woman said, “In times gone by people used to say, ‘If you want advice, go to Abel,’ and that's how arguments were settled.
Ɔkae se, “Tete no, na yɛka se, ‘Yɛrekɔpɛ afotu wɔ Abel.’
19 I am one of the peaceful and faithful people of Israel. You're trying to destroy a town that's like a mother in Israel. Why do you want to tear down the Lord's possession?”
Yɛpɛ asomdwoe ne nokware wɔ Israel. Wopɛ sɛ wosɛe kurow a adi nokware wɔ Israel. Adɛn nti na wopɛ sɛ wosɛe ade a ɛyɛ Awurade dea?”
20 “Certainly not!” Joab answered. “It's not what I want—to destroy or tear down this town!
Yoab buae se, “Ɛnyɛ sɛ mepɛ sɛ mesɛe wo kuropɔn.
21 That's not the intention. But a man called Sheba, son of Bichri, from the hill country of Ephraim, has rebelled against the king, against David. Just hand over this one man and I will withdraw from the town.” “Fine,” the woman replied, “his head will be thrown over the wall to you.”
Nea merehwehwɛ no ara ne ɔbarima bi a ne din de Seba a ɔyɛ Bikri babarima a ofi Efraim bepɔw so, na wama ne ho so atia ɔhene, ɔhene Dawid. Fa saa ɔbarima no bra, na mefi kurow no mu.” Ɔbea no ka kyerɛɛ Yoab se, “Wɔbɛtow ne ti afi ɔfasu no so ama wo.”
22 The woman went and talked with everyone about her wise plan. So they cut off the head of Sheba and threw it to Joab. Then Joab blew the ram's horn to sound the retreat, and all his men left the town and went home. Joab returned to the king in Jerusalem.
Afei, ɔbea no kɔkaa nʼafotu pa no kyerɛɛ nnipa no nyinaa. Na wotwaa Bikri babarima Seba ti, tow maa Yoab. Enti ɔhyɛn torobɛnto maa ne mmarima no bɔ hwetee, maa obiara kɔɔ ne fi. Na Yoab san kɔɔ ɔhene nkyɛn wɔ Yerusalem.
23 Joab commanded the whole army of Israel. Benaiah, son of Jehoiada, was in charge of the Cherethites and Pelethites.
Yoab bɛyɛɛ Dawid asraafo no so sahene bio. Na Yehoiada babarima Benaia nso yɛ ɔhene bammɔfo so panyin.
24 Adoniram was in charge of the labor force. Jehoshaphat, son of Ahilud, kept the official records.
Adoram na na ɔhwɛ adwumayɛfo so, na Yehosafat a ɔyɛ Ahilud babarima no kyerɛw ahemfo ho abakɔsɛm.
25 Sheva was the secretary. Zadok and Abiathar were the priests,
Na Sewa yɛ asennii kyerɛwfo. Na Sadok ne Abiatar nso yɛ asɔfo.
26 and Ira the Jairite was David's priest.
Ɛnna Yairini Ira nso yɛ Dawid sɔfo.

< 2 Samuel 20 >