< 2 Samuel 18 >

1 David organized the men who were with him and put commanders of thousands and commanders of hundreds in charge of them.
Afei, Dawid yiyii asahene ne asafohene dii nʼakodɔm anim.
2 David sent the army out divided into three sections. One third was commanded by Joab, one third was commanded by Abishai, son of Zeruiah, Joab's brother, and one third was commanded by Ittai the Gittite. The king told the men, “I myself will go out into battle with you.”
Yoab na ɔtuaa wɔn mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako ano. Yoab nuabarima Abisai a na ɔyɛ Seruia babarima na ɔtuaa nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso ano. Ɛnna nkyɛmu mmiɛnsa mu baako a aka no, Gatni Itai na ɔtuaa ano. Ɔhene no ka kyerɛɛ nʼakodɔm no sɛ, “Me ne mo na ɛrekɔ.”
3 But the men replied, “No, you must not go out into battle! For if we have to run away, they won't care about us. Even if half of us die, they won't care about that either. But you are worth ten thousand of us, so it's better if you stay here and send us help from the town.”
Nanso, ne mmarima no tiaa mu dendeenden sɛ, “Ɛnsɛ sɛ wokɔ bi. Na sɛ ɛba sɛ, ɛsɛ sɛ yɛwae, na yɛdwane, na sɛ mpo, yɛn mu fa koraa wuwu a, ɛrennuru Absalom akodɔm no ho hwee. Wo ara na wɔbɛhwehwɛ. Wo nko ara yɛ yɛn mu ɔpedu enti, ɛyɛ sɛ wobɛtena kurom na sɛ mmoa bi ho hia yɛn a, wode bɛba.”
4 “I will do whatever you think best,” the king replied. The king stood beside the gate while all his men marched out by hundreds and by thousands.
Ɔhene penee so sɛ, “Sɛ modwene sɛ ɛno ne adwene pa deɛ a, mate.” Enti, ɔkɔgyinaa kuro no ɛpono ano, ɛberɛ a akodɔm no rekɔ no.
5 The king ordered Joab, Abishai and Ittai, “Treat young Absalom gently for me.” All the men heard the king giving orders to each of his commanders about Absalom.
Na ɔhene no hyɛɛ Yoab, Abisai ne Itai sɛ, “Me enti mo ne abɔfra Absalom nni no bɔkɔɔ so.” Na akodɔm no nyinaa tee saa nhyɛ a ɔhene hyɛɛ nʼasafohene no.
6 David's army marched out to face the Israelites in battle, which was fought in the forest of Ephraim.
Enti, ɔko no hyɛɛ aseɛ wɔ Efraim kwaeɛ mu.
7 The Israelites were defeated by David's men and many were killed that day—some twenty thousand.
Na Dawid mmarima no yɛɛ Israel akodɔm no pasaa. Ɛyɛ akofena ano kum, na da no, mmarima ɔpeduonu na wɔhweree wɔn nkwa.
8 The battle covered the whole countryside, and that day more died because of the forest than were killed by the sword.
Ɔko no didi kɔɔ nkuro so, na ɛsiane kwaeɛ no enti, nnipa pii wuwuiɛ sene wɔn a wɔwuu wɔ akofena ano no.
9 Absalom ran into some of David's men while he was riding on his mule. As the mule went under the twisted branches of a large oak tree, Absalom's hair got caught in the tree. The mule he was riding kept going, leaving him hanging between earth and sky.
Ɔko no gyina mu no, Absalom puee prɛko pɛ wɔ Dawid mmarima no bi mu. Ɔpɛɛ sɛ ɔdwane wɔ nʼafunumpɔnkɔ so, nanso ɔdwane kɔfaa dɔtɔ bi mu wɔ odum bi ase. Ɔdɔtɔ no kyekyeree ne tirinwi, ma ɔkaa mu. Nʼafunumpɔnkɔ no deɛ, na kɔ ara na ɔrekɔ enti, ɔgyaa no hɔ a, ɔsensɛn dɔtɔ no mu a ɔreto adonko wɔ ewiem.
10 One of David's men saw what happened, so he told Joab, “I just saw Absalom hanging from an oak tree!”
Dawid mmarima no baako hunuu asɛm a asi no, ɔka kyerɛɛ Yoab sɛ, “Mehunuu Absalom sɛ ɔsensɛn dua bi so wɔ dɔtɔ mu.”
11 “What! You saw him like that?” Joab said to the man. “Why didn't you kill him right then and there? I would have given you ten shekels of silver and a soldier's belt as a reward!”
Yoab bisaa sɛ, “Asɛm pa ara? Wohunuu no na woanku no? Anka mɛma wo dwetɛ gram ɔha ne dunan ne akokoɔduru abɔwomu sɛ akradeɛ.”
12 But the man replied, “Even if you gave me a thousand shekels of silver, I wouldn't hurt the king's son. We all heard the king give the order to you, Abishai, and Ittai, ‘Look after young Absalom for me.’
Ɔbarima no buaa sɛ, “Sɛ anka wobɛma me dwetɛ kilogram dubaako ne fa koraa a, anka merenyɛ saa. Yɛn nyinaa tee sɛ, ɔhene ka kyerɛɛ wo, Abisai ne Itai sɛ, ‘Me enti, obiara nnyɛ aberanteɛ Absalom bɔne.’
13 If I had disobeyed and killed Absalom—and the king finds out everything—you yourself wouldn't have defended me.”
Na sɛ mebu ɔhene asɛm so kum ne babarima a, anka deɛ ɛbɛyɛ biara, ɔhene bɛhwehwɛ deɛ ɔyɛɛ saa. Na anka wʼankasa ne onipa a anka wobɛyi me ama.”
14 “I'm not going to waste time waiting around like this with you!” Joab told him. He grabbed three spears and drove them into Absalom's heart while he was still alive, hanging from the oak tree.
Yoab kaa sɛ, “Saa nkwaseasɛm yi ayɛ yie.” Enti, ɔtwee mpɛmɛ mmiɛnsa de wowɔɔ Absalom akoma mu ɛberɛ a na ɔsensɛn odum no so a na ɔnwuiɛ no.
15 Ten of Joab's armor-bearers surrounded Absalom and hacked him to death.
Yoab akodeɛkurafoɔ no mu mmeranteɛ edu twaa Absalom ho hyiaeɛ, na wɔkumm no.
16 Then Joab blew the ram's horn, and his men stopped chasing the Israelites because Joab had signaled them to stop.
Na Yoab hyɛnee totorobɛnto, maa akodɔm no gyaee Israel so taa.
17 They took Absalom and threw him into a deep pit in the forest, and piled a large heap of stones over him. All the Israelites ran away to their homes.
Wɔfaa Absalom amu no to twenee amena donkudonku bi mu wɔ kwaeɛ mu hɔ, na wɔsoaa abotan guu ne so. Na Israelfoɔ no nyinaa dwane kɔɔ wɔn afie.
18 Absalom while he was alive had made a stone pillar and set it up in the King's Valley as a memorial to himself, for he thought to himself, “I don't have a son to keep the memory of my name alive.” He named the pillar after himself, and it's called Absalom's Monument even today.
Ɛberɛ a Absalom te ase no, ɔsii nkaeɛdum bi wɔ ɔhene bɔnhwa mu de kaee ɔno ara ne ho, ɛfiri sɛ, ɔdwenee sɛ, “Menni ɔbabarima biara a ɔbɛyɛ nkaedeɛ biara de akae me din.” Ɔde nkaeɛdum no too ne ho, na wɔfrɛ no Absalom Nkaeɛdum de bɛsi ɛnnɛ.
19 Then Ahimaaz, son of Zadok, said, “Please let me run and take the good news to the king that the Lord has vindicated him over his enemies.”
Na Sadok babarima Ahimaas kaa sɛ, “Momma mentu mmirika nkɔbɔ ɔhene amaneɛ sɛ, Awurade ayi no afiri atamfoɔ nsam.”
20 “You're not the man to take the good news today,” Joab replied. “You can do it some other time, but don't do it today, because the king's son is dead.”
Na Yoab nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ ɔhene ba awu a, ɛnyɛ asɛm papa mma no. Wobɛtumi akɔbɔ saa amaneɛ no ɛda foforɔ bi, na ɛnyɛ ɛnnɛ.”
21 So Joab said to a man from Ethiopia, “Go and tell the king what you have seen.” He bowed to Joab and ran off.
Na Yoab ka kyerɛɛ Kusni bi sɛ, “Kɔ na kɔka deɛ woahunu no kyerɛ ɔhene.” Ɛhɔ ara na Kusni no bɔɔ ne mu ase wɔ Yoab anim, na ɔtuu mmirika kɔeɛ.
22 Ahimaaz asked Joab again, “Never mind what happens, please let me run too, after the Ethiopian!” “Son, why do you want to run—you won't get anything for it?” Joab replied.
Bio, Sadok babarima Ahimaas ka kyerɛɛ Yoab sɛ, “Deɛ ɛbɛba biara mmra, ma me ne Kusni no nkɔ.” Nanso, Yoab bisaa no sɛ, “Me ba, adɛn enti na wopɛ sɛ wokɔ? Wonni amanneɛbɔ biara a ɛbɛma wo abasobɔdeɛ biara.”
23 “Doesn't matter, I want to run anyway,” he said. “Fine, start running!” Joab told him. Ahimaaz took the route over flatter ground and overtook the Ethiopian.
Ɔkaa sɛ, “Mepene so, nanso ma menkɔ.” Enti Yoab ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ!” Na Ahimaas faa tata no so kɔeɛ, kɔsianee Kusni no ho.
24 David was sitting between the inside and outside gates. The watchman climbed up to the roof of the gateway by the wall. He looked out, and saw a man running by himself.
Ɛberɛ a Dawid te kuro no ɛpono ano no, ne wɛmfoɔ no kɔɔ kuro no ɛpono no atifi wɔ ɔfasuo no so. Ɔtoo nʼani no, ɔhunuu sɛ obi de mmirika reba.
25 So he shouted down to tell the king. “If he's by himself then he's bringing good news,” the king replied. As the first runner got closer,
Ɔwɛmfoɔ no teaam ka kyerɛɛ Dawid na ɔhene no buaa sɛ, “Sɛ ɔno nko ara na ɔnam deɛ a, ebia, na ɔde asɛm pa nam.” Na ɔreba ara, na ɔpinkyɛe.
26 the watchman saw someone else running, and he shouted down to the gatekeeper, “Look! There's another man running by himself!” “He'll also be bringing good news,” said the king.
Afei ɔwɛmfoɔ no hunuu sɛ ɔbarima foforɔ nso di so reba, na ɔteaam sɛ, “Hwɛ onipa foforɔ bi de mmirika reba!” Ɔhene no kaa sɛ, “Ebia, na ɔno nso de asɛm pa na ɛnam.”
27 “The first man seems to me to be running like Ahimaaz, son of Zadok,” said the watchman. “He's a good man,” he king replied. “He'll bring good news.”
Ɔwɛmfoɔ no kaa sɛ, “Ɔbarima a ɔdi ɛkan no sɛ Sadok babarima Ahimaas.” Ɔhene no kaa sɛ, “Ɔyɛ onipa pa a, ɔde asɛm pa nam.”
28 Ahimaaz shouted out greetings to the king, Then he came and he bowed facedown before the king. “Blessed be the Lord your God!” he said. “He has defeated the men who rebelled against Your Majesty!”
Na Ahimaas teaam, frɛɛ ɔhene no sɛ, “Biribiara yɛ!” Ɔkotoo wɔ ɔhene no anim, de nʼanim butuu fam kaa sɛ, “Animuonyam nka Awurade, wo Onyankopɔn. Ɔde nnipa a wɔyɛɛ dɔm tiaa me wura ɔhene ahyɛ ne nsa.”
29 “How is young Absalom? Is he alright?” the king asked. Ahimaaz answered, “It was very chaotic when your officer Joab sent me, your servant. I really don't know what was happening.”
Ɔhene bisaa sɛ, “Na aberanteɛ, Absalom ho yɛ anaa?” Ahimaas buaa sɛ, “Ɛberɛ a Yoab yɛɛ nʼadwene sɛ ɔpɛ sɛ ɔsoma ɔhene ɔsomfoɔ ne me wo ɔsomfoɔ no, mehunuu sɛ nneɛma ayɛ basaa a na menhunu mu yie.”
30 “Stand to one side and wait,” the king told him. So Ahimaaz stood to one side and waited.
Ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ, “Gyina nkyɛn ha na twɛn.” Enti, ɔgyinaa nkyɛn twɛnee.
31 Right then the Ethiopian arrived and said, “Your Majesty, listen to the good news! Today the Lord has defeated all those who rebelled against you!”
Na Kusni no bɛduruiɛ kaa sɛ, “Me wura, Nana, tie asɛm pa a mede nam! Ɛnnɛ, Awurade ayi wo afiri wɔn a wɔsɔre tiaa wo no nyinaa nsam.”
32 “How is young Absalom? Is he alright?” the king asked. The Ethiopian replied, “May what has happened to the young man happen to Your Majesty's enemies, and to everyone who rebels against you!”
Na ɔhene bisaa Kusni no sɛ, “Na aberanteɛ Absalom ho te sɛn?” Kusni no buaa sɛ, “Me wura ɔhene, atamfoɔ nyinaa ne wɔn a wɔsɔre tia wo, pɛ sɛ wɔyɛ wo bɔne no, nhunu amane sɛ saa aberanteɛ no.”
33 The king broke down. He went up to the room over the gate and cried. As he walked, he sobbed out, “My son Absalom! My son, my son Absalom! I wish I'd died instead of you, Absalom, my son, my son!”
Ɔhene ho wosoeɛ. Ɔfaa ɛkwan ano ɛpono no mu kɔɔ ne dan mu kɔsuiɛ, twaa adwo. Ɔrekɔ no, ɔkaa sɛ, “Ao, me ba Absalom! Me ba, me ba Absalom! Anka menwu nnya wo! Ao, Absalom, me ba, me ba!”

< 2 Samuel 18 >