< 2 Samuel 10 >

1 Sometime after this, Nahash, the Ammonite king died and his son Hanun succeeded him.
Akyiri no, Amonfo hene Nahas wui. Ne babarima Hanun na odii nʼade sɛ ɔhene.
2 David said, “I will be kind to Hanun, son of Nahash, just as his father was kind to me.” So David sent representatives to take his condolences to Hanun regarding his father. But when they arrived in the country of the Ammonites,
Dawid kae se, “Mɛyɛ Nahas babarima Hanun adɔe, sɛnea nʼagya yɛɛ me adɔe no.” Nʼagya wu nti, Dawid tuu abɔfo kɔɔ ne nkyɛn kɔmaa no hyɛden. Bere a Dawid abɔfo baa Amonfo asase so no,
3 the Ammonite military leaders said to Hanun their king, “Do you really believe David sent condolences to you out of respect for your father? Isn't it more likely that David sent his representatives to scout out the city, spy on it, and then conquer it?”
Amonfo atitiriw no kobisaa wɔn wura Hanun se, “Wugye di sɛ ba a Dawid somaa nʼabɔfo baa wo nkyɛn bɛmaa wo hyɛden no kyerɛ nidi ampa ara ana? Wunnye nni sɛ Dawid somaa wɔn akwansra so, sɛ wɔmmɛhwɛ wo kuropɔn na wɔabetu agu?”
4 So Hanun had David's representatives detained, shaved off half of each man's beard, cut off their clothes at the buttocks, and then sent them back home.
Ɛno nti, Hanun kyeree Dawid abɔfo no, yii obiara abogyesɛ fa, twitwaa wɔn ntade to mfimfini hɔ, tutuu mu, na wogyaa wɔn kwan, ma wɔde animguase kɔe.
5 When David was told about this, he sent messengers to meet them, because they were very embarrassed. The king instructed them, “Stay in Jericho until your beards have re-grown, and then you can return.”
Bere a wɔbɔɔ Dawid amanneɛ no, otuu abɔfo ma wokohyiaa mmarima no, efisɛ woguu wɔn anim ase yiye. Ɔhene ka kyerɛɛ wɔn se, “Montena Yeriko kosi sɛ mo abogyesɛ befuw ansa na moasan aba.”
6 When the Ammonites realized they had become like a bad smell to David, they sent a request to the Arameans and hired twenty thousand of their foot soldiers from Beth Rehob and Zobah, as well as one thousand men from the king of Maakah, and also twelve thousand men from Tob.
Bere a Amonfo huu sɛ wɔahyɛ Dawid abufuw no, wɔkɔbɔɔ Aramfo asraafo mpem aduonu paa fii Bet-Rehob ne Soba. Saa ara na Maakahene nso maa wɔn mmarima apem fii ne nkyɛn, na Tob nso wonyaa mmarima mpem dumien.
7 When David learned of this, he sent Joab and the entire army to confront them.
Dawid tee saa no, ɔkaa Yoab ne akofo asraafo guu mu.
8 The Ammonites set up their battle lines near the entrance to their town gate, while the Arameans of Zobah and Rehob and the men of Tob and Maacah took up positions by themselves in the open fields.
Amonfo no gyinaa wɔn kurow pon ano. Saa bere no na Aramfo a wofi Soba ne Rehob ne mmarima a wofi Tob ne Maaka no wɔ mfikyiri baabiara retwɛn ɔtamfo no.
9 Joab realized he would have to fight both in front of him and behind him, he chose some of Israel's best troops and he took charge of them to lead the attack the Arameans.
Bere a Yoab huu sɛ ɔrebɛko akofanu no, oyii asraafo a wɔyɛ nnam. Ɔno ara dii wɔn so safohene, dii wɔn anim, kɔko tiaa Aramfo no wɔ mfikyiri hɔ.
10 He put the rest of the army under the command of Abishai, his brother. They were to attack the Ammonites.
Ogyaw asraafo no nkae hɔ, de wɔn hyɛɛ ne nuabarima Abisai nsa sɛ ɔsafohene a ɔbɛkɔ akotua Amonfo no.
11 Joab told him, “If the Arameans are stronger than me, you come and help me. If the Ammonites are stronger than you, I'll come and help you.
Yoab ka kyerɛɛ ne nuabarima no se, “Sɛ Aramfo no yɛ den dodo ma me a, ɛyɛ a, bɛboa me. Na sɛ Amonfo no nso yɛ den dodo ma wo a, me nso, mɛba abɛboa wo.
12 Be brave, and fight your best for our people and the towns of our God. May the Lord do what he sees as good!”
Ma wo bo nyɛ duru. Ma yɛnko akokoduru so mfa nnye yɛn nkurɔfo ne Onyankopɔn nkurow. Awurade pɛ nyɛ hɔ.”
13 Joab attacked the Arameans with his forces and they ran away from him.
Bere a Yoab ne nʼakofo no tow hyɛɛ Aramfo no so no, wofii ase guanee.
14 When the Ammonites saw that the Arameans had run away, they also ran away from Abishai, and retreated into the town. So Joab went back to Jerusalem after fighting the Ammonites.
Na Amonfo no huu sɛ Aramfo no reguan no, woguan fii Abisai ho kɔhyɛɛ kurow no mu. Ɔko no gui no, Yoab san kɔɔ Yerusalem.
15 As soon as the Arameans saw they had been defeated by the Israelites they reassembled their forces.
Afei, Aramfo no huu sɛ ɛnyɛ wɔn afɛ ne Israelfo. Enti wɔboaa wɔn ho ano bio.
16 Hadadezer sent for more Arameans to be brought from beyond the Euphrates River. They arrived in Helam under the leadership of Shobach, commander of Hadadezer's army.
Aram asraafo foforo bi bɛkaa wɔn ho a Hadadeser na ɔsoma ma wɔkɔfaa wɔn fii Asubɔnten Eufrate fa nohɔ bae. Saa asraafo no beduu Helam a Sobak na na ɔyɛ wɔn ɔsahene, na ɔyɛ ɔsahene a otua Hadadeser asraafo nyinaa ano nso.
17 When this was reported to David, he assembled all Israel together. He crossed the Jordan and advanced on Helam. The Arameans positioned themselves in battle line against David and fought him.
Bere a Dawid tee nea ɛreba no, ɔboaboaa Israel nyinaa ano, de wɔn twaa Asubɔnten Yordan, dii asraafo no anim, koduu Helam. Ɛhɔ na Aramfo no fifii wɔn mpasua so tow hyɛɛ Dawid so.
18 But the Aramean army ran away from the Israelites, and David killed 700 charioteers and 40,000 infantry. He also attacked Shobach, their army commander, and he died there.
Nanso Aramfo no guan fii Israelfo no anim bio. Saa bere no, Dawid asraafo no kunkum nteaseɛnamkafo ahanson ne apɔnkɔsotefo mpem aduanan a Sobak a na ɔyɛ wɔn sahene no ka ho.
19 When all the kings allied with Hadadezer realized that they had been defeated by Israel, they made peace with David and became subject to him. As a result, the Arameans were afraid to help the Ammonites any more.
Bere a ahemfo a wɔhyɛ Hadadeser ase no huu sɛ Israel adi wɔn so nkonim no, wɔmaa wɔn nsa so, na wɔbɛyɛɛ Israelfo nkoa. Ɛno akyi no, Aramfo suroo sɛ wɔbɛboa Amonfo.

< 2 Samuel 10 >