< 2 Kings 18 >
1 Hezekiah, son of Ahaz, became king of Judah in the third year of the reign of Hoshea, son of Elah, king of Israel.
Ahas babarima Hesekia hyɛɛ aseɛ dii ɔhene wɔ Yuda no, na Ela babarima Hosea adi ɔhene wɔ Israel mfeɛ mmiɛnsa.
2 He was twenty-five when he became king, and he reigned in Jerusalem for twenty-nine years. His mother's name was Abi, daughter of Zechariah.
Ɔdii ɔhene no na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii ɔhene wɔ Yerusalem mfirinhyia aduonu nkron. Na ne maame yɛ Sakaria babaa a wɔfrɛ no Abi.
3 He did what was right in the Lord's sight, following all that his forefather David had done.
Ɔyɛɛ deɛ ɛfata wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ ne tete agya Dawid yɛeɛ no.
4 He removed the high places, smashed the stone idols, and cut down the Asherah poles. He ground to pieces the bronze snake Moses had made, because up to then the Israelites had been sacrificing offerings to it. It was called Nehushtan.
Ɔtutuu abosonnan, bubuu afadum kronkron no, kaa Asera afɔrebukyia no guu fam. Ɔbubuu kɔbere mfrafraeɛ ɔwɔ a Mose ayɛ no, ɛfiri sɛ, na nnipa no hye nnuhwam ma no de som. Na wɔfrɛ ɔwɔ no a wɔde kɔbere mfrafraeɛ ayɛ no Nehustan.
5 Hezekiah put his trust in the Lord, the God of Israel. Among the kings of Judah there was no one like him, neither before him nor after him.
Hesekia de ne ho too Awurade, Israel Onyankopɔn so. Nʼakyi ne nʼanim no, na ɔhene biara nni hɔ a ɔte sɛ no wɔ Yuda asase so.
6 He stayed faithful to the Lord and did not give up following him. He kept the commandments that the Lord had given Moses.
Biribiara mu, ɔdii Awurade nokorɛ, na ɔde ntoboaseɛ dii ahyɛdeɛ a Awurade de maa Mose no nyinaa so.
7 The Lord was with him; he was successful in everything he did. He defied the king of Assyria and refused to submit to him.
Ne saa enti, na Awurade ka ne ho, na Hesekia kɔɔ so wɔ biribiara a ɔyɛeɛ mu. Ɔyɛɛ dɔm tiaa Asiriahene, na wantua apeatoɔ amma no.
8 He defeated the Philistines all the way to Gaza and the surrounding area, from watchtower to fortified town.
Afei, ɔkɔdii Filistifoɔ so nkonim, de kɔsii Gasa ne nʼahyeɛ so, firi ne nkuraaseɛ, de kɔsii wɔn kuropɔn a wɔato ɔfasuo atwa ho no.
9 In the fourth year of Hezekiah's reign, equivalent to the seventh year of the reign of Hoshea, son of Elah, king of Israel, Shalmaneser, king of Assyria, attacked Samaria, besieging it.
Hesekia ahennie no mfeɛ ɛnan so a na ɔhene Hosea nso wɔ nʼahennie wɔ Israel mfeɛ nson mu no, Asiriahene Salmaneser kɔtuaa Israel, hyɛɛ aseɛ kaa Samaria kuropɔn hyɛeɛ.
10 The Assyrians conquered it after three years. This was during the sixth year of Hezekiah, equivalent to the ninth year of Hoshea, king of Israel.
Mfeɛ mmiɛnsa akyi a, na ɔhene Hesekia adi adeɛ mfeɛ nsia mu a, na ɛyɛ ɔhene Hosea nso adedie wɔ Israel mfeɛ nkron mu no, Samaria bɔeɛ.
11 The king of Assyria deported the Israelites to Assyria. He settled them in Halah, in Gozan on the Habor River, and in the towns of the Medes.
Saa ɛberɛ no, Asiriahene twaa Israelfoɔ no asuo, kɔɔ Asiria, de wɔn hyehyɛɛ aman so wɔ Halah wɔ Asubɔnten Habor a ɛwɔ Gosan nkonkɔnoa ne nkuro akɛseɛ a ɛwɔ Media mu.
12 This happened because they refused to listen to the Lord their God and broke his agreement—all that Moses, the Lord's servant, had commanded. They refused to listen and did not obey.
Ɛfiri sɛ, wɔantie Awurade, wɔn Onyankopɔn no. Wɔbuu nʼapam no so, mmara a Awurade nam Mose so hyehyɛ maa wɔn no.
13 Sennacherib, king of Assyria, attacked and conquered all the fortified towns of Judah in the fourteenth year of the reign of Hezekiah.
Ɔhene Hesekia adedie mfeɛ dunan so, Asiriahene Sanaherib bɛto hyɛɛ Yuda nkuro a na wɔabɔ ho ban no so, dii wɔn so nkonim.
14 So Hezekiah, king of Judah, sent a message to the king of Assyria who was at Lachish, saying, “I've made a terrible mistake! Please retreat and leave me alone, and I'll pay you whatever you want!” The king of Assyria demanded Hezekiah, king of Judah, pay three hundred talents of silver and thirty talents of gold.
Na Hesekia de saa nkra yi kɔmaa Asiriahene wɔ Lakis sɛ, “Mayɛ mfomsoɔ. Sɛ wobɛfiri ha akɔ nko ara deɛ a, apeatoɔ biara a wobɛgye me no, mɛtua.” Na Asiriahene bisaa mpatadeɛ a ɛboro dwetɛ tɔno 11 ne sikakɔkɔɔ nso bɛyɛ tɔno baako.
15 Hezekiah paid him using all the silver from the Lord's Temple and the treasuries of the royal palace.
Enti, ɔhene Hesekia de dwetɛ a wɔakora no Awurade Asɔredan no mu ne deɛ ɛwɔ ahemfie adekoraeɛ hɔ nyinaa maeɛ.
16 He even stripped the gold he had used to overlay the doors and doorposts of the Lord's Temple and gave everything to the king of Assyria.
Mpo, Hesekia waawae sikakɔkɔɔ a wɔde aduradura Awurade asɔredan no apono ho, de ne nyinaa maa Asiriahene.
17 Even so, the king of Assyria sent his commander in chief, his head officer, and his army general, along with a large army, from Lachish to King Hezekiah at Jerusalem. They approached Jerusalem and made camp beside the aqueduct of the upper pool, on the road to where laundry is washed.
Yeinom nyinaa akyi, Asiriahene somaa ne sahene, nʼasraadɔmhene ne nʼananmusini firii Lakis ne akodɔm a wɔn mu yɛ duru, kɔɔ Hesekia so wɔ Yerusalem. Asiriafoɔ no gyinaa nsukwan bi a ɛma atifi ɔtadeɛ nsuo a ɛbɛn ɛkwan a ɛde kɔ baabi a wɔpa ntoma ani no ho.
18 They called for the king. Eliakim, son of Hilkiah, the palace manager, Shebnah the scribe, and Joah, son of Asaph, the record-keeper, went out to speak with them.
Wɔfrɛɛ Hesekia, nanso ɔsomaa ne mpanimfoɔ yi sɛ wɔnkɔhyia wɔn: Hilkia babarima Eliakim a ɔhwɛ ahemfie hɔ so, ɔtwerɛfoɔ Sebna ne Asaf babarima Yoa a ɔyɛ ahemfie abakɔsɛm twerɛfoɔ.
19 The Assyrian army general said to them, “Tell Hezekiah this is what the great king, the king of Assyria, says: What are you trusting in that gives you such confidence?
Na Asiriahene no ara ananmusini no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monka nkyerɛ Hesekia sɛ, “‘Asɛm a otumfoɔ Asiriahene ka nie: Ɛdeɛn na wode wo ho to so a ɛma wogye wo ho di saa?
20 You say you have a strategy and are ready for war, but these are empty words. Who are you relying on, now that you have rebelled against me?
Wogye di sɛ wobɛtumi de anosɛm hunu asi akodie mu nyansa ne nʼahoɔden anan? Wʼakyitaafoɔ bɛn na wɔbɛtaa wʼakyi, ama woatumi ako atia Asiria?
21 Now look! You're trusting in Egypt, a walking stick that's like a broken reed that will cut the hand of anyone leaning on it. That's what Pharaoh, king of Egypt, is like to everyone who trusts in him.
Misraim anaa? Sɛ wotwere Misraim a, wobɛhunu sɛ, ɛte sɛ abaa a wo mu duru bɛbu no, na awɔ wo ahwire wo nsam. Misraim Farao mpo mu nni ahotosoɔ korakora.
22 If you tell me, ‘We're trusting in the Lord our God,’ well didn't Hezekiah remove his high places and his altars, telling Judah and Jerusalem: ‘You have to worship at this altar in Jerusalem’?
Ebia, wobɛka sɛ, “Yɛde yɛn ho to Awurade, yɛn Onyankopɔn so!” Nanso, ɛnyɛ ɔno na ɔhene Hesekia didii nʼatɛm no? Hesekia ammubu abosonnan ne afɔrebukyia nyinaa, anhyɛ Yudafoɔ sɛ wɔnsom wɔ afɔrebukyia a ɛwɔ Yerusalem ha nko ara no so?
23 Why don't you accept a challenge from my master, the king of Assyria? He says, I'll give you two thousand horses, if you can find enough riders for them!
“‘Mɛka asɛm bi akyerɛ wo! Me wura Asiriahene ne wo bɛyɛ nhyehyɛeɛ bi. Sɛ wobɛnya apɔnkɔsotefoɔ mpenu, afiri wʼasraadɔm mu a, ɔbɛma wɔn apɔnkɔ mpenu ama wɔatenatena wɔn so.
24 How could you defeat even a single officer in charge of the weakest of my master's men when you're trusting in Egypt for chariots and horsemen?
Na wʼasraadɔm ketewa sɛɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na woaso daeɛ sɛ wobɛtumi ne me wura akodɔm no mu fa bi a wɔyɛ mmerɛ mpo adi asie. Menim sɛ wode wo ho ato Misraim nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ mmoa so.
25 More than that—would I have come to attack this pace without the Lord's encouragement? It was the Lord himself who told me, ‘Go and attack this land and destroy it.’”
Deɛ ɛka ho ne sɛ, wogye di sɛ yɛadi mo asase yi so a Awurade akwankyerɛ nni mu? Awurade ankasa na ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, Kɔ na kɔsɛe no!’”
26 Eliakim, son of Hilkiah, together with Shebnah and Joah, said to the army general, “Please speak to us, your servants, in Aramaic, for we understand it. Don't speak to us in Hebrew while the people on the wall are listening.”
Afei, Hilkia babarima Eliakim ne Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ ɔhene no ananmusini no sɛ, “Kasa wɔ Arameike mu kyerɛ yɛn, na saa kasa no na yɛte aseɛ yie. Nka Hebri nkyerɛ yɛn, ɛfiri sɛ nnipa a wɔwɔ ɔfasuo no so no bɛte.”
27 But the army general replied, “Did my master only send me to say these things to your master and to you, and not to the people sitting on the wall? They too, just like you, are going to have to eat their own excrement and drink their own urine!”
Na ɔsahene no buaa sɛ, “Me wura pɛ sɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem te saa asɛm yi, na ɛnyɛ mo nko. Ɔpɛ sɛ wɔte sɛ, sɛ moamma mo nsa so a, wɔbɛtua kuropɔn yi. Ɛkɔm ne sukɔm werɛmfoɔ bɛde nkurɔfoɔ no ara kɔsi sɛ, wɔbɛdi wɔn ara agyanan, anom wɔn dwonsɔ.”
28 Then the army general shouted out in Hebrew, “Listen to this from the great king, the king of Assyria!
Afei, ɔsɔre gyinaeɛ, maa ne nne so kasaa wɔ Hebri mu, kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ ɔfasuo no so sɛ, “Montie nkra a ɛfiri Asiria ɔhene kɛseɛ no nkyɛn!
29 This is what the king says: Don't let Hezekiah trick you! He can't save you from me!
Sɛdeɛ ɔhene seɛ nie: Mommma ɔhene Hesekia nnaadaa mo. Ɔrentumi nnye mo mfiri me tumi ase.
30 Don't believe Hezekiah when he tells you to trust in the Lord, saying, ‘I'm certain the Lord will save us. This city will never fall into the hands of the king of Assyria.’
Mommma ɔnnaadaa mo sɛ, momfa mo ho nto Awurade so, nnka sɛ, ‘Awurade bɛgye yɛn! Wɔremfa saa kuropɔn yi mma Asiriahene da.’
31 Don't listen to Hezekiah. This is what the king says: Make a peace treaty with me and surrender to me. That way everyone will eat from their own vine and their own fig tree, and drink water from their own well!
“Monntie Hesekia. Yeinom ne nhyehyɛeɛ a Asiriahene reyɛ. Mo ne me nni no asomdwoeɛ so. Mommue apono no, na mompue mmra. Na mɛma mo mu biara ɛkwan, na moatoa so adidi afiri mo bobe ne borɔdɔma mfikyifuo mu, anom nsuo afiri mo ara mo abura mu.
32 I will come and take you to a land that's like your own, a land of grain and new wine, a land of bread and vineyards, a land of olive trees and honey. Then you will live and not die. But don't listen to Hezekiah, for he's tricking you when he says, ‘The Lord will deliver us.’
Na mɛyɛ nhyehyɛeɛ de mo akɔ asase foforɔ bi a ɛte sɛ yei so. Ɛyɛ ɔman a atokoɔ, nsã, burodo, bobe nturo, ngo nnua ne ɛwoɔ abu so hɔ. Ɛyɛ asase a nneɛma pa abu so hɔ. Mompere nkwa, na monyi owuo akwa! “Mommma Hesekia nnaadaa mo nka sɛ, ‘Awurade bɛgye yɛn!’
33 Have any of the gods of any nation ever saved their land from the power of the king of Assyria?
Anyame a wɔwɔ aman so no atumi agye wɔn nkurɔfoɔ afiri Asiriahene nsam da?
34 Where were the gods of Hamath and Arpad? Where were the gods of Sepharvaim, Hena, and Ivvah? Were they able to save Samaria from me?
Asɛm bɛn na ɛtoo Hamat ne Arpad anyame no? Na Sefarwaim, Hena ne Iwa anyame nso, wɔwɔ he? Wɔtumi gyee Samaria firii me tumi ase anaa?
35 Which one of all the gods of these countries has saved their land from me? How then could the Lord save Jerusalem from me?”
Ɔman bɛn so anyame na watumi agye ne nkurɔfoɔ afiri me tumi ase? Mommɔ baako pɛ din. Na afei, ɛdeɛn na ɛma mo dwene sɛ Awurade bɛtumi agye Yerusalem?”
36 But the people remained silent and didn't say anything, for Hezekiah had given the order, “Don't answer him.”
Na nnipa no yɛɛ komm a wɔamma mmuaeɛ biara, ɛfiri sɛ, na Hesekia aka akyerɛ wɔn sɛ wɔnnkasa.
37 Then Eliakim, son of Hilkiah, the palace manager, Shebna the scribe, and Joah, son of Asaph, the record-keeper, went to Hezekiah with their clothes torn, and they told him what the Assyrian army general had said.
Afei, Hilkia babarima Eliakim, ahemfie sohwɛfoɔ ne ɔtwerɛfoɔ Sebna ne Asaf babarima Yoa, ahemfie abakɔsɛm twerɛfoɔ, sane kɔɔ Hesekia nkyɛn. Wɔsunsuanee wɔn ntadeɛ mu, na wɔkɔhunuu ɔhene no, kaa asɛm a Asiria ɔnanmusini kaeɛ no kyerɛɛ no.