< 1 Samuel 31 >

1 Meanwhile the Philistines had attacked Israel, and the Israelite army ran away from them, and many were killed on Mount Gilboa.
Afei, Filistifoɔ no ko tiaa Israel. Israelfoɔ no dwanee wɔ wɔn anim, na wɔkunkumm pii wɔ Gilboa bepɔ so.
2 The Philistines chased down Saul and his sons, killing Saul's sons Jonathan, Abinadab, and Malchishua.
Filistifoɔ no kɔɔ Saulo ne ne mmammarima so, kunkumm wɔn mu baasa a ɛyɛ Yonatan, Abinadab ne Malki-Sua.
3 The fighting became very intense around Saul, and the arrows of the Philistine archers found their target, wounding Saul very badly.
Ɔko no mu yɛɛ den wɔ baabi a na Saulo wɔ hɔ. Filistifoɔ agyantofoɔ no bɛn no, na wɔpiraa no kɛse pa ara.
4 Saul said to his armor-bearer, “Take your sword and kill me, or these heathen men will come and kill and torture me!” But the armor-bearer didn't want to do it because he was too afraid. So Saul took his own sword and fell on it.
Saulo firi yea mu ka kyerɛɛ nʼakodeɛkurafoɔ no sɛ, “Twe wo akofena no, na fa wɔ me, na wɔn a wɔntwaa twetia no amfa wɔn akofena ammɛwɔ me, angu mʼanim ase.” Na nʼakodeɛkurafoɔ no suroo sɛ ɔbɛyɛ saa. Enti, Saulo twee ɔno ankasa akofena sinaa ne ho wɔ so.
5 When his armor-bearer saw that Saul was dead, he also fell on his own sword and died with him.
Ɛberɛ a nʼakodeɛkurafoɔ no hunuu sɛ wawuo no, ɔno nso sinaa ne ho wɔ nʼankasa akofena no so, na ɔwu daa ne ho.
6 Saul, his three sons, his armor-bearer, and all the men with him, died the same day.
Enti, Saulo ne ne mma mmarima baasa, nʼakodeɛkurafoɔ ne nʼakodɔm nyinaa totɔɔ saa ɛda no.
7 When the Israelites who lived along the valley and those on the other side of the Jordan realized that the Israelite army had run away, and that Saul and his sons had died, they abandoned their cities and they also ran away. So the Philistines came and took them over.
Ɛberɛ a Israelfoɔ a wɔwɔ Yesreel bɔnhwa no fa baabi ne Yordan agya no hunuu sɛ Israel akodɔm no adi nkoguo, na Saulo nso ne ne mmammarima no nso atotɔ no, wɔgyaa wɔn nkuro hɔ dwaneeɛ. Na Filistifoɔ no bɛtenaa hɔ.
8 The next day, when the Philistines went to strip the dead, they found Saul and his three sons lying on Mount Gilboa.
Adeɛ kyeeɛ a Filistifoɔ kɔyiyii atɔfoɔ no ho no, wɔhunuu Saulo ne ne mmammarima baasa no amu wɔ Gilboa bepɔ so.
9 They cut off Saul's head, stripped him of his armor, and sent messengers throughout the country of the Philistines to announce the news in the temples of their idols and to their people.
Enti, wɔtwaa Saulo ti, yiyii nʼakodeɛ nyinaa. Afei, wɔbɔɔ Saulo wuo no dawuro wɔ wɔn abosomfie, ne ɔman no mu nyinaa.
10 They placed his armor in the temple of the Ashtoreths, and nailed his body to the town wall of Beth-shan.
Wɔde nʼakodeɛ no kɔguu Astoret asɔreeɛ so, na wɔkyekyeree nʼamu no fam kuropɔn Bet-San ɔfasuo ho.
11 However, when the people of Jabesh-gilead heard what the Philistines had done to Saul,
Na Yabes Gileadfoɔ tee deɛ Filistifoɔ ayɛ Saulo no,
12 all their strong warriors set out, traveled all night, and took down the bodies of Saul and his sons from the wall of Beth-shan. When they got back to Jabesh, they burned the bodies there.
wɔn akofoɔ twaa ɛkwan anadwo mu no nyinaa kɔɔ Bet-San kɔfaa Saulo ne ne mmammarima baasa no amu firii ɔfasuo no ho. Wɔde kɔɔ Yabes bɛhyee wɔn.
13 Then they took their bones and buried them under the tamarisk tree in Jabesh, and fasted for seven days.
Afei, wɔfaa wɔn nnompe kɔkoraa no odum dua no ase wɔ Yabes, na wɔdii mmuada nnanson.

< 1 Samuel 31 >