< 1 Samuel 16 >
1 The Lord asked Samuel, “How long are you going to continue to mourn over Saul because I have rejected him as king of Israel? Fill your flask with olive oil and go. I'm sending you to Jesse of Bethlehem, for I have chosen a king for myself from among his sons.”
Awurade bisaa Samuel sɛ, “Woadi Saulo ho awerɛhoɔ sɛdeɛ ɛsɛ. Mapo no sɛ Israel ɔhene. Fa ngo gu wo toa mu, na tutu so kɔ Betlehem. Hwehwɛ obi a wɔfrɛ no Yisai na mayi ne mmammarima no mu baako sɛ ɔnyɛ me ɔhene foforɔ.”
2 “How can I go and do that?” Samuel asked. “Saul will hear about it and kill me!” The Lord answered, “Take a young cow with you and say, ‘I've come to sacrifice to the Lord.’
Samuel bisaa sɛ, “Mɛyɛ dɛn ayɛ yei? Sɛ Saulo te a ɔbɛkum me.” Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa nantwie ba ka wo ho, na ka sɛ, maba sɛ merebɛbɔ afɔdeɛ ama Awurade.
3 Invite Jesse to the sacrifice, and I will show you what you have to do. Anoint for me the one I tell you to.”
To nsa frɛ Yisai na ɔmmra afɔrebɔ no, na mɛkyerɛ wo ne mmammarima no mu deɛ wobɛsra no ngo ama me.”
4 Samuel did what the Lord had told him to and went to Bethlehem. When the town elders met him, they were afraid and asked him, “Do you come in peace?”
Samuel yɛɛ deɛ Awurade kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Ɛberɛ a ɔduruu Betlehem no, ɛhɔ mpanimfoɔ no bɔɔ hu. Wɔbisaa no sɛ, “Wobaa no asomdwoeɛ mu anaa?”
5 “Yes, I come in peace,” he replied. “I have come to sacrifice to the Lord. Purify yourselves and come with me to the sacrifice.” He purified Jesse and his sons and invited them to the sacrifice.
Samuel buaa sɛ, “Aane, asomdwoeɛ mu. Merebɛbɔ afɔdeɛ ama Awurade. Monnwira mo ho, na mommɛka me ho na yɛmmɔ.” Enti, Samuel dwiraa Yisai ne ne mmammarima no na ɔtoo nsa frɛɛ wɔn afɔrebɔ no ase.
6 When they arrived and Samuel saw Eliab, he said to himself, “This has got to be the Lord's anointed!”
Wɔduruiɛ no, Samuel hunuu Eliab na ɔdwenee sɛ, “Ampa, deɛ Awurade asra noɔ no ni.”
7 But the Lord said to Samuel, “Don't look at his outward appearance or how tall he is because I have rejected him, for the Lord does not look as human beings do. Human beings only see with their eyes what's on the outside, but the Lord looks at the way people think deep inside.”
Nanso, Awurade ka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Nhwɛ nʼahoɔfɛ ne ne tenten, ɛfiri sɛ, mapo no. Awurade nhwɛ nneɛma sɛdeɛ nnipa hwɛ no. Onipa hwɛ deɛ aniwa hunu, na Awurade deɛ, ɔhwɛ akoma mu.”
8 Then Jesse called Abinadab and had him come before Samuel, who said, “The Lord hasn't chosen this one either.”
Na Yisai frɛɛ Abinadab maa ɔtwaam Samuel anim. Nanso, Samuel kaa sɛ, “Yei nyɛ deɛ Awurade ayi no.”
9 Then Jesse had Shammah come forward. But Samuel said, “The Lord hasn't chosen this one either.”
Yisai maa Sama twaam, nanso Samuel kaa sɛ, “Saa ara na Awurade nyii yei.”
10 Jesse had seven of his sons come before Samuel, but Samuel told him, “The Lord has not chosen any of these.”
Yisai maa ne mmammarima baason bɛfaa Samuel anim, na Samuel ka kyerɛɛ no sɛ, “Awurade nyii wɔn mu biara.”
11 So he asked Jesse, “Don't you have any more sons?” “Well, there's still the youngest,” Jesse replied, “but he is out looking after the sheep.” “Send for him and bring him here because we will not sit down and eat until he gets here,” Samuel told Jesse.
Enti, ɔbisaa Yisai sɛ, “Mmammarima a wowɔ nyinaa ni anaa?” Yisai buaa sɛ, “Akumaa pa ara wɔ hɔ, nanso ɔrehwɛ nnwan.” Samuel kaa sɛ, “Soma na wɔnkɔfa no mmra seesei. Sɛ ɔmmaeɛ a, yɛrentena ase nnidi.”
12 So Jesse sent for him and brought him in. He had a red complexion with beautiful eyes, and looked handsome. The Lord said, “Go and anoint him, for he's the one.”
Enti, Yisai soma ma wɔkɔfaa no baeɛ. Na ɔyɛ bɔkɔɔ a ahoɔfɛ adware no na nʼani yɛ fɛ. Awurade kaa sɛ, “Sɔre na sra no ngo. Ɔno nie.”
13 Samuel took the flask of olive oil and anointed him in the presence of his brothers, and the Spirit of the Lord came on David in power from that day on. Then Samuel left and returned to Ramah.
Enti, Samuel faa toa a ngo wɔ mu no sraa no wɔ ne nuanom anim. Na, ɛfiri saa ɛda no, Awurade honhom baa Dawid so wɔ tumi mu. Samuel kɔɔ Rama.
14 The Spirit of the Lord had left Saul, and an evil spirit from the Lord tormented him.
Saa ɛberɛ yi na Awurade honhom afiri Saulo so. Na Awurade maa ɔhaw honhom bɛhyɛɛ no ma. Ɛmaa ɔtenaa ase ehu ne suro mu.
15 Saul's servants told him, “It's definitely an evil spirit from God that's tormenting you.
Ɛbaa saa no, Saulo asomfoɔ no bi kyerɛɛ adwene bi sɛ, “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ honhommɔne bi na ɛreha wo.
16 Give us your servants here the order to find someone who is good at playing the harp so that when the evil spirit from God comes on you, he can play and you'll feel much better.”
Sɛ saa a, ɛnneɛ, momma yɛmpɛ sankubɔfoɔ papa bi, na sɛ honhom no ba bɛha wo a, wabɔ nnwom ama wo. Sankuo so nnwom bɛdwodwo wo. Na ɛrenkyɛre, wo ho bɛtɔ wo bio.”
17 Saul gave the order to his servants, “Find me someone who is good at playing the harp and bring him to me.”
Saulo kaa sɛ, “Ɛyɛ asɛm papa. Monhwehwɛ sankubɔni papa bi na momfa no mmra ha.”
18 One of the servants replied, “I know a son of Jesse of Bethlehem who is good at playing the harp. He is a brave man, a good fighter, well-spoken and handsome, and the Lord is with him.”
Asomfoɔ no mu baako ka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Yisai a ɔfiri Betlehem babarima baako nim sankuo bɔ yie. Ɛnyɛ ɛno nko. Ɔyɛ ɔkokoɔdurufoɔ hoɔdenfoɔ, na ɔyɛ ɔbadwemma nso. Ɔyɛ aberanteɛ a ne ho yɛ fɛ, na Awurade ka ne ho.”
19 Saul sent messengers to Jesse, telling him, “Send me your son David who takes care of the sheep.”
Enti, Saulo tuu abɔfoɔ kɔɔ Yisai hɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Fa wo babarima Dawid a ɔyɛ odwanhwɛfoɔ no brɛ me.”
20 So Jesse loaded a donkey with bread, a skin of wine, and a young goat and sent them with his son David to Saul.
Yisai penee so de Dawid kɔmaa Saulo a abirekyie ba ne afunumu a wɔahyehyɛ aduane ne nsã wɔ ne so ka ho.
21 David came to Saul and began working for him. Saul thought a great deal of him, and David became his armor-bearer.
Enti, Dawid kɔɔ Saulo nkyɛn kɔsom no. Na Saulo pɛ Dawid asɛm yie, enti ɔbɛyɛɛ Saulo akodeɛkurafoɔ no mu baako.
22 Saul sent a message to Jesse, saying, “Please allow David to continue working for me because I am pleased with him.”
Na Saulo too Yisai nkra sɛ, “Mesrɛ wo, ma Dawid mmɛka mʼadwumayɛfoɔ ho, ɛfiri sɛ, mepɛ nʼasɛm yie.”
23 So whenever the spirit from God came on Saul, David would take his harp and play, and Saul would gain relief and feel better, and the evil spirit would leave him.
Na ɛberɛ biara a honhommɔne a ɛfiri Onyankopɔn bɛba Saulo so abɛha no no, Dawid bɔ sankuo no. Ɛba saa a, Saulo ho tɔ no, na honhommɔne no nso kɔ.