< 1 Peter 2 >

1 So give up all the evil things that you do: all your dishonesty, hypocrisy, and jealousy, all the ways you speak badly about others.
Montwe mo ho mfi bɔne nyinaa, atoro anaa nyaatwom anaa anibere anaa nseku ho.
2 You should become like newborn babies who only want pure spiritual milk, so you can grow in salvation
Monyɛ sɛ nkokoaa a bere biara osukɔm de mo, sɛ mubenya honhom mu nufusu kronkron anom, na sɛ monom a moanyin na wɔagye mo nkwa.
3 now you've tasted how good the Lord really is.
Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Moaka Awurade ayamye no ahwɛ.”
4 As you come to him—the living stone that people rejected as useless, but is chosen by God and precious to him—
Mommra Awurade a ɔyɛ ɔbo a nkwa wɔ mu no nkyɛn. Ɔno na nnipa poo no, na Onyankopɔn yii no sɛ nʼade a ɛsom bo.
5 you also become like living stones, being built into a spiritual house. You are a holy priesthood that offers spiritual sacrifices that God welcomes through Jesus Christ.
Mo nso mote sɛ abo a nkwa wɔ mu a wɔde mo resi ɔdan a honhom ahyɛ no ma. Ɛhɔ na mobɛsom sɛ asɔfo Kronkron a monam Yesu Kristo so bɛbɔ honhom mu afɔre a edi mu ama Onyankopɔn.
6 As Scripture says, “See! I'm setting in Zion its main cornerstone, specially-chosen and valuable. Whoever trusts in him will not be disappointed.”
Na Kyerɛwsɛm no ka se, “Mayi ɔbo a ɛho hia a mede bɛyɛ Sion tweatibo a obiara a obegye no adi no, wɔrenni no nhuammɔ.”
7 He is very valuable to you who do trust. But for those who don't, “The stone the builders rejected that became the main cornerstone”
Saa ɔbo yi so wɔ mfaso yiye ma mo a mugye di. Na wɔn a wonnye nni no, “Ɔbo a adansifo apo no, ɛno ara na abɛyɛ tweatibo.”
8 is “The stone that trips you up and the rock that makes you fall.” People stumble over this message because they refuse to accept it—which for them is entirely predictable.
Wɔka bio wɔ Kyerɛwsɛm no mu se, “Saa ɔbo yi na ɛbɛma nnipa ahintiw; ɔbotan a ɛbɛma wɔahwe ase.” Wohintiwii, efisɛ na wonnye asɛm no nni. Saa na Onyankopɔn hyɛe.
9 In complete contrast, you are a specially-chosen family, a royal priesthood, a holy nation, a people belonging to God. Consequently you can reveal the wonderful things he's done, calling you out of darkness into his marvelous light.
Na mo de, moyɛ nnipa a wɔapaw, asɔfodi mu adehye, ɔman kronkron, Onyankopɔn ankasa nkurɔfo a wɔayi mo sɛ monka nʼanwonwadwuma no ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ mo fii sum mu baa nʼankasa hann nwonwaso no mu.
10 In the past you were nobodies, but now you are God's people. In the past you hadn't received mercy, but now you have received mercy.
Nna bi a atwa mu no, na monyɛ Onyankopɔn nkurɔfo, nanso afei moyɛ ne nkurɔfo; nna bi a atwa mu no, na munnim Onyankopɔn ahummɔbɔ no, nanso mprempren de, moanya nʼahummɔbɔ no.
11 My friends, I'm pleading with you as foreigners and strangers in this world not to give in to physical desires that are in conflict with what is spiritual.
Mʼadɔfo, mekasa kyerɛ mo sɛ ahɔho ne amamfrafo a mowɔ wiase. Montwe mo ho mfi ɔhonam akɔnnɔ a daa ɛne ɔkra no di asi no ho.
12 Be sure to act appropriately when you're with non-Christians, so even if they accuse you of doing wrong, they will see the good things you do and glorify God when he comes.
Mommɔ ɔbra pa wɔ amanaman a mofra wɔn mu no mu, na sɛ wɔka mo ho nsɛm sɛ moyɛ nnebɔneyɛfo a, wɔahu mo papa a moayɛ no nso, anam so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam da a ɔbɛba no.
13 Obey human authority for the Lord's sake, whether it is the king as the highest authority,
Mommrɛ mo ho ase wɔ Awurade din mu mma tumi a efi wiase nhyehyɛe nyinaa: sɛ ɛyɛ Ɔhempɔn a ɔwɔ tumi a ebunkam so,
14 or governors that God appoints to punish those who do evil and to commend those who do good.
anaa amradonom a ɔsoma wɔn se wɔnkɔtwe wɔn a wɔyɛ bɔne no aso na wɔmmɔ atreneefo aba so.
15 By doing what is good and right God wants you to silence the ignorant accusations of foolish people.
Onyankopɔn ahyɛde ne sɛ ɔpɛ sɛ monam mo nneyɛe pa so ka nnipa a wɔkasa kwa no kasa no hyɛ.
16 Yes, you are free people! So don't use your freedom as a cover-up for evil, but live as God's servants.
Montena ase sɛ nnipa a mode mo ho. Munnsusuw sɛ mo de mo ho nti mubetumi ayɛ bɔne biara. Mmom, montena ase sɛ Onyankopɔn asomfo.
17 Respect everyone. Show your love to the community of believers. Have reverence for God. Respect the king.
Momfa nidi mma nnipa nyinaa. Monnɔ anuanom agyidifo. Munsuro Onyankopɔn, na mummu Ɔhempɔn.
18 If you are a servant then submit to your master—not just those who are good and kind, but those who are harsh masters as well.
Afi mu asomfo nso, mommrɛ mo ho ase mma mo wuranom, na munnni wɔn a wɔn yam ye na wɔn tirim yɛ mmrɛw no nko ni, na wɔn a wɔn tirim yɛ den nso, munni wɔn ni.
19 For this is what grace is: to endure life's pain and unfair suffering, keeping your focus on God.
Sɛ motɔ mo bo ase tena saa ɔyaw a ɛmfata yi mu a, Onyankopɔn behyira mo, efisɛ munim ne pɛ.
20 However, there's no credit when you're punished for doing something wrong. But if you suffer for doing what is good and right, and you put up with it, then God's grace is with you.
Na sɛ moyɛ bɔne na wɔhwe mo na munya ho boasetɔ a, morennya ho mfaso biara. Na sɛ moyɛ papa na wɔhwe mo na munya ho boasetɔ a, Onyankopɔn behyira mo.
21 In fact this is what you were called to do, because Christ suffered for you and gave you an example, so you should follow in his footsteps.
Eyi nti na Onyankopɔn frɛɛ mo, efisɛ Kristo no ankasa huu amane maa mo, de saa nhwɛso no gyaw mo, sɛnea mubedi nʼanammɔn akyi.
22 He never sinned, he never lied;
“Kristo anyɛ bɔne. Obiara ante atosɛm biara amfi nʼano.”
23 and when he was badly treated, he didn't retaliate. When he suffered, he didn't threaten to take revenge. He simply placed himself in the hands of the one who always judges rightly.
Wɔbɔɔ no adapaa no, wammɔ wɔn bi antua ka. Ohuu amane no, wampoopoo nʼani na ɔde nʼanidaso nyinaa hyɛɛ Onyankopɔn a ɔyɛ Otemmufo pa no mu.
24 He took the consequences of our sins on himself in his body on the cross, so that we could die to sin and live rightly. “By his wounds you are healed.”
“Kristo no ankasa soaa yɛn bɔne” wɔ ne honam mu kɔɔ asennua no so sɛnea yebewu ama bɔne na yɛatena ase wɔ trenee mu. “Nʼakuru mu na moanya ayaresa.
25 At one time you were like sheep who had lost their way, but now you've returned to the Shepherd—the one who watches over you.
Na mote sɛ nguan a wɔayera,” nanso afei de, wɔde mo asan aba se mummedi Oguanhwɛfo no ne mo Krahwɛfo no akyi.

< 1 Peter 2 >