< 1 Kings 4 >

1 King Solomon ruled over all of Israel.
Enti, Salomo dii Israel nyinaa so ɔhene.
2 These were his officials: Azariah, son of Zadok, was the priest;
Na yeinom ne ne mpanimfoɔ: Sadok babarima Asaria na na ɔyɛ ɔsɔfoɔ.
3 Elihoreph and Ahijah, sons of Shisha, were the king's secretaries. Jehoshaphat, son of Ahilud, kept the royal records.
Sisa mmammarima Elihoref ne Ahiya na na wɔyɛ asɛnniiɛ atwerɛfoɔ. Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehyeɛ abakɔsɛm twerɛfoɔ.
4 Benaiah son of Jehoiada was the army commander. Zadok and Abiathar were priests.
Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ akodɔm sahene. Sadok ne Abiatar na na wɔyɛ asɔfoɔ.
5 Azariah, son of Nathan, was in charge of the governors. Zabud, son of Nathan, was a priest and the king's counselor.
Natan babarima Asaria na na ɔyɛ amansini amradofoɔ titenani. Natan babarima Sabud a na ɔyɛ ɔsɔfoɔ no, na na ɔyɛ ɔhene fotufoɔ a ɔde ne ho to ne so.
6 Ahishar was the palace manager. Adoniram, son of Abda, was in charge of those forced to work for the king.
Ahisar na na ɔyɛ ahemfie sohwɛfoɔ. Abda babarima Adoniram na na ɔhwɛ adwumayɛfoɔ so.
7 Solomon had twelve area governors whose responsibilities covered the whole of Israel, providing food for the king and his household. Each one in turn arranged supplies for one month of the year.
Na Salomo wɔ amansini amradofoɔ dumienu wɔ Israel nyinaa mu. Na wɔn adwuma ne sɛ, wɔgye nnuane firi ɔmanfoɔ nkyɛn de kɔma ahemfiefoɔ. Wɔn mu biara hwɛ, di saa dwuma yi ɔbosome baako wɔ afe biara mu.
8 Their names were: Ben-hur, in the hill country of Ephraim;
Saa amradofoɔ dumienu no edin na ɛdidi soɔ yi: Na Ben-Hur wɔ Efraim bepɔ asase so.
9 Ben-deker in Makaz, Shaalbim, Beth-shemesh and Elon-beth-hanan;
Na Ben-Deker hwɛ Makas, Saalbim, Bet-Semes ne Elon-Bet-Hanan so.
10 Ben-hesed in Arubboth (Socoh and all the land of Hepher was his);
Na Ben-Hesed hwɛ Arubot a Soko ne nsase a ɛwɔ Hefer nyinaa ka ho no so.
11 Ben-abinadab, in the whole of Naphath-dor (Taphath, the daughter of Solomon, was his wife);
Na Ben-Abinadab wɔ Nafat-Dor. (Ɔwaree Salomo babaa Tafat).
12 Baana, son of Ahilud, in Taanach and Megiddo, the whole of Beth-shan near Zarethan below Jezreel, and from Beth-shan to Abel-meholah and across to Jokmeam;
Na Ahilud babarima Baana hwɛ Taanak ne Megido ne Bet-Sean a ɛbɛn Saretan a ɛwɔ Yesreel anafoɔ ne nkuro a ɛfiri Bet-Sean, de kɔsi Abel-Mehola, tra kɔsi Yokmeam akyi no so.
13 Ben-geber, in Ramoth-gilead (the towns of Jair, son of Manasseh, in Gilead belonged to him, as well as the region of Argob in Bashan, with sixty great cities having walls and bronze bars);
Na Ben-Geber wɔ Ramot-Gilead a Yair nkuro (a wɔde too Manase babarima Yair) a ɛwɔ Gilead ka ho, wɔ Argob mantam a ɛwɔ Basan a nkuropɔn aduosia a wɔde kɔbere apono asisi ano ka ho.
14 Ahinadab, son of Iddo, in Mahanaim;
Na Ido babarima Abinadab wɔ Mahanaim.
15 Ahimaaz, in Naphtali (he had married Basemath the daughter of Solomon);
Na Ahimaas wɔ Naftali (Ɔno nso waree Salomo babaa Basmat.)
16 Baana, son of Hushai, in Asher and in Aloth;
Na Husai babarima Baana wɔ Aser ne Alot.
17 Jehoshaphat, son of Paruah, in Issachar;
Na Parua babarima Yehosafat wɔ Isakar.
18 Shimei, son of Ela, in Benjamin;
Na Ela babarima Simei wɔ Benyamin.
19 Geber son of Uri in the land of Gilead, (the former country of Sihon, king of the Amorites, and of Og, king of Bashan. There was also a governor who was over the land of Judah).
Na Uri babarima Geber wɔ Gilead asase so a Amorihene Sihon ne Basanhene Og amantam ka ho. Na amrado baako pɛ na ɔhwɛ Yuda asase so.
20 Judah and Israel had become as numerous as the sand on the seashore. They ate, they drank, they were happy.
Na nnipa a wɔwɔ Yuda ne Israel no dodoɔ te sɛ mpoano anwea. Deɛ wɔnya di ne deɛ wɔnya nom no, na wɔn ani sɔ.
21 Solomon ruled over all the kingdoms from the Euphrates River to the land of the Philistines, right up to the border of Egypt. They presented tribute to Solomon and served him during his lifetime.
Salomo dii ahemman nyinaa so, firi Asubɔnten Eufrate kɔsi Filistifoɔ asase so, de kɔsi Misraim hyeɛ so. Na nnipa a wadi wɔn so wɔ saa nsase no so no de apeatoɔ brɛ Salomo, na wɔkɔɔ so somm no ne nkwa nna nyinaa.
22 The food required every day for Solomon's court was thirty cors of the best flour and sixty cors of meal;
Nnuane a na wɔhia daa wɔ Salomo ahemfie no yɛ asikyiresiam pa susukora ɔha ne aduonum ne atokosiam susukora ahasa,
23 ten fattened cattle, twenty range cattle, one hundred sheep, as well as deer, gazelles, roe deer, and fattened poultry.
anantwie a wɔadodɔre a wɔde wɔn firi buo mu edu, anantwie a wɔde wura ayɛn wɔn aduonu, nnwan anaa mmirekyie ɔha, atwe, nnowa, anwansane ne nkokɔ a wɔadɔre.
24 For Solomon ruled over the whole region west of the Euphrates, from Tiphsah to Gaza—over all the kingdoms west of the Euphrates. And he had peace on all sides around him. He had peace on every border.
Na Salomo amantoɔ no yɛ ahennie ahodoɔ a ɛwɔ Asubɔnten Eufrate atɔeɛ fam nyinaa de firi Tifsa kɔsi Gasa. Na asomdwoeɛ wɔ asase no so mmaa nyinaa.
25 During Solomon's lifetime, everyone in Judah and Israel lived in safety, from Dan to Beersheba. Each one had their own vine and fig tree.
Salomo nkwa nna mu nyinaa, Yuda ne Israel nyaa banbɔ tenaa ase asomdwoeɛ mu. Na ɛfiri Dan kɔsi Beer-Seba no, na abusua biara wɔ ne fie ne ne bobe ne borɔdɔma mfikyifuo.
26 Solomon had 40,000 stalls for his chariot horses, and 12,000 charioteers.
Na Salomo wɔ apɔnkɔdan mpem ɛnan ma ne nteaseɛnam apɔnkɔ ne apɔnkɔ mpem dumienu.
27 Every month the area governors provided in turn food for King Solomon and all who ate at his table. They made sure that nothing was missing.
Amansini mu amradofoɔ na na wɔma ɔhene Salomo ne nʼasɛnniiɛ nnuane pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn bosome bosome nnuanema no mu.
28 They also delivered barley and straw where they were needed for the chariot horses and cart-horses.
Na wɔde atokoɔ ne ɛserɛ a ɛho hia brɛ adehyeɛ apɔnkɔ no wɔ wɔn daberɛ.
29 God gave to Solomon wisdom, very great discernment, and understanding as extensive as the sand on the seashore.
Onyankopɔn maa Salomo nyansa, nteaseɛ ne nhunumu a emu nni hwehwɛbea.
30 Solomon's wisdom was greater than that of all the Eastern wise men, greater than all of Egypt's wisdom.
Nokorɛm, ne nyansa no boro anyansafoɔ a wɔwɔ apueeɛ ne anyansafoɔ a wɔwɔ Misraim nyinaa nyansa so.
31 He was wiser than anyone, wiser than Ethan the Ezrahite, wiser than Heman, Calcol, and Darda, sons of Mahol. His reputation spread through the nations around.
Na ɔnim nyansa sene obiara a Esrahini Etan ne Heman ne Kalkol ne Darda a wɔyɛ Mahel mmammarima no ka ho. Na ne din hyetaa wɔ aman a atwa ne ho ahyia no so.
32 Solomon composed three thousand proverbs and one thousand and five songs.
Ɔbuu mmɛ mpem mmiɛnsa, ɛnna ɔtwerɛɛ nnwom apem ne enum.
33 He was able to discuss knowledge of trees, from the cedar in Lebanon to the hyssop that grows in the wall. He taught about animals, birds, reptiles, and fish.
Na ɔtumi ka afifideɛ biara ho nsɛm, ɛfiri Lebanon ntweneduro so de kɔsi hisope a ɛfifiri ɔfasuo mpaapaeɛ mu so. Na ɔtumi ka mmoa, nnomaa, mmoa a wɔwea fam ne nsuomnam ho nsɛm nso.
34 People from all nations came to hear Solomon's wisdom. They were sent by all the kings of the earth, who had heard about his wisdom.
Enti, na ahemfo a wɔwɔ aman afoforɔ so tu wɔn ananmusifoɔ ba Salomo nkyɛn bɛtie ne nyansasɛm no bi.

< 1 Kings 4 >