< 1 Kings 3 >

1 Solomon made a marriage alliance with Pharaoh of Egypt. He married Pharaoh's daughter and brought her to live in the City of David until he finished building his palace, the Lord's Temple, and the walls surrounding Jerusalem.
Salomo ne Misraimhene Farao yɛɛ apam, nam so waree ne babea. Ɔde no bɛtenaa Dawid kurom, kosii sɛ osii nʼahemfi sii Awurade Asɔredan, na ɔtoo Yerusalem ho fasu nso wiei.
2 In those days, however, the people still sacrificed on the high places because a Temple to honor the Lord hadn't yet been built.
Saa bere no mu, na Israelfo bɔ afɔre wɔ sorɔnsorɔmmea, efisɛ na wonsii asɔredan, mfaa Awurade din ntoo so ɛ.
3 Solomon showed he loved the Lord by following the instructions of his father David, except that he sacrificed and burned offerings on the high places.
Salomo kyerɛɛ ne dɔ a ɔwɔ ma Awurade, efisɛ na ɔnam nʼagya Dawid nkyerɛkyerɛ anammɔn so pɛpɛɛpɛ. Mmom na ɔbɔ afɔre wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ, hyew aduhuam wɔ hɔ nso.
4 The king went to Gibeon to sacrifice there, for it was the leading high place. Solomon presented one thousand burnt offerings on the altar there.
Gibeon na na afɔremuka no mu atitiriw wɔ, ɛhɔ na Salomo kɔbɔɔ ɔhyew afɔre apem wɔ afɔremuka so.
5 The Lord appeared to Solomon in a dream at Gibeon. God said to him, “Ask what you want me to give you.”
Anadwo no, Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ Salomo wɔ dae mu. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Dɛn na wopɛ? Bisa na mede bɛma wo.”
6 Solomon replied, “You showed your servant David, my father, great trustworthy love because he lived his life before you with faithfulness, doing what was right and committed to principle. You have continued to show this great trustworthy love by giving him a son to sit on his throne to this day.
Salomo kae se, “Woada adɔe kɛse pa ara adi akyerɛ mʼagya Dawid, efisɛ na odi wo nokware, yɛ ɔtreneeni a ne koma mu nso da hɔ. Woatoa so ayɛ no saa adɔe kɛse yi ara, na nnɛ yi ara, woama no ɔbabarima sɛ ɔntena nʼahengua nso so.
7 Now, Lord God, you have made me king in place of my father David. But I am like an inexperienced young boy who doesn't know what to do.
“Afei, Awurade, me Nyankopɔn, woasi wʼakoa ɔhene, sɛ minsi mʼagya Dawid anan mu, nanso meyɛ abofra ketewaa bi a minnim sɛnea mesi ayɛ mʼadwuma.
8 I, your servant, am here in among your chosen people, a great people that are so many they cannot be counted.
Ɛha na wʼakoa abedu wɔ nnipa a woapaw wɔn no mu; nnipa a wɔn dodow nti, obi ntumi nkan wɔn.
9 So please give me a mind that's receptive so I can rule your people well, understanding the difference between right and wrong, for who can rule this difficult people of yours?”
Ɛno nti, ma wʼakoa nhumu koma a obetumi de adi wo nkurɔfo so, na obetumi ahu papa ne bɔne ntam nsonoe. Na hena koraa na ɔno nko ara betumi adi saa ɔman a wodi mu, a wɔyɛ wo de yi so?”
10 The Lord considered that what Solomon asked for was good.
Awurade ani sɔɔ Salomo mmuae no, na nʼani gyee sɛ obisaa nyansa.
11 So God told him, “Because you asked for this, and you didn't ask for a long life, or wealth, or the death of your enemies, but instead you asked for understanding to know what is right,
Enti Awurade buae se, “Esiane sɛ woabisa nyansa a wode bedi me manfo so, na woammisa nkwa tenten anaa sika amma wo ho anaa woammisa sɛ wo tamfo bi nwu no nti,
12 I am giving you what you asked for. I am giving you a mind that is wise, with an understanding of what is right, more than anyone else before you or after you.
mede nea woabisa no bɛma wo. Mɛma wo nyansa ne ntease a obiara nnyaa bi da, na obiara nso renya bi da.
13 I am also giving you what you did not ask for, wealth and status—so much so that no king will compare to you for the whole of your life.
Na nea woammisa no nso, mede bɛka wo ho—sika ne anuonyam. Na ɔhene biara a ɔwɔ wiase nso rentumi mfa ne ho nto wo ho, wo nkwa nna nyinaa mu.
14 And if you follow my ways by keeping my laws and my commands, as your father David did, I will give you a long life.”
Na sɛ wudi mʼakyi, na wudi me mmara so sɛ wʼagya Dawid a, mɛma wo nkwa tenten.”
15 Then Solomon woke up and realized he'd had a dream. He went back to Jerusalem, and stood in front of the Ark of the Lord's Agreement and he presented burnt offerings and friendship offerings, and he held a feast for all his officials.
Na Salomo nyanee, na ohuu sɛ ɛyɛ dae. Ɔkɔɔ Yerusalem kogyinaa Awurade Apam Adaka no anim, na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre. Na ohyiaa ne mpanyimfo nyinaa, too wɔn pon.
16 Later two prostitutes came to the king and stood before him for judgment.
Akyiri no, mmea nguamanfo baanu bi baa ɔhene no nkyɛn, pɛɛ sɛ ɔka wɔn asɛm bi ma wɔn.
17 One of the women spoke up, saying, “If it please Your Majesty: I share a house with this woman. I had a baby while she was living in the house.
Wɔn mu baako fitii ase se, “Me wura, mesrɛ wo meka se, saa ɔbea yi ne me te fi koro mu. Mewoo ɔba bere a ɔne me te fie hɔ.
18 Three days after the birth of my baby, this woman also had a baby. We were together; there was no one else in the house, just the two of us.
Nnansa akyi no, ɔno nso woo ba. Na yɛn nko ara na yɛte fie hɔ a obiara nka yɛn baanu no ho.
19 During the night this woman's son died because she rolled over on him.
“Nanso anadwo no, ɔpere kɔdaa ne ba no so, kum no.
20 She got up in the middle of the night and took my son from beside me while I was sleeping. She lay him close beside her to cuddle him, and she lay her dead son close beside me.
Na ɔsɔree anadwo no faa me ba fii me nkyɛn bere a mada no. Ɔde ne ba a wawu no too me basa so, na ɔfaa me de no kɔtoo ne nkyɛn, ma ɔdae.
21 When I got up in the morning to nurse my son I saw that he was dead. When I looked closely at him in the light I realized it wasn't my son.”
Ade kyee a mepɛɛ sɛ mema me ba no nufu no, na wawu. Nanso anim tetew kakra a mehwɛɛ abofra no yiye no, mihuu sɛ ɛnyɛ me ba no koraa.”
22 The other woman argued, “No! My son is the one that's alive. Your son is the one that's dead.” The first woman objected, “No! Your son is the one that's dead. My son is the one that's alive.” They went on quarrelling in front of the king.
Ɛhɔ ara na ɔbea baako no gyee hwanyan kae se, “Abofra a wawu no yɛ wo ba no, ɛnna nea onwui no nso yɛ me de no.” Ɛnna ɔbea a odi kan no nso se, “Dabi da, nea wawu no yɛ wo ba no, na nea onwui no nso yɛ me de no.” Enti wɔtwee asɛm no saa ara wɔ ɔhene no anim.
23 The king intervened, saying, “So this woman says ‘My son is the one that's alive. Your son is the one that's dead,’ while the other woman says, ‘No! Your son is the one that's dead. My son is the one that's alive.’”
Ɔhene no kae se, “Momma yɛmpɛ asɛm no mu nokware yiye. Mo baanu nyinaa, obiara se abofra a onwui no yɛ ne dea, na abofra a wawu no de, ɔnyɛ obiara dea.
24 “Bring me a sword,” the king ordered. So they brought him a sword.
“Sɛ saa na ɛte de a, mommrɛ me afoa.” Enti wɔde afoa brɛɛ ɔhene no.
25 “Cut the child that's alive in two, and give half to one woman and half to another,” he commanded.
Afei, ɔkae se, “Mompae abofra a onwui no mu abien, na momfa fa mma mmea no mu biara.”
26 But the woman whose son was alive had so much love for him as a mother that she cried out to the king, “Please, Your Majesty, give her the boy! Don't kill him!” But the other woman said, “He won't be mine or yours—cut him in two!”
Na ɔbea a nokware, ɔyɛ abofra a ɔte ase no na a ɔpɛ ne ba yi asɛm yiye no teɛteɛɛ mu se, “Ao! Dabi me wura! Fa abofra no ma no. Mesrɛ wo nkum no!” Nanso ɔbea baako no kae se, “Eye, ɛbɛbɔ yɛn baanu nyinaa. Kyɛ ne mu ma yɛn!”
27 The king gave his verdict. “Give the child that's alive to the first woman,” he ordered. “On no account kill him, for she is his real mother.”
Ɛhɔ na ɔhene no kae se, “Munnkum no, na mmom, momfa abofra no mma ɔbea a ɔpɛ sɛ abofra no tena ase no, na ɔno ne ne na no.”
28 When everyone in Israel heard about the verdict the king had delivered, they had great respect for the king, because they recognized the wisdom God had given him to judge rightly.
Ɔhene yi atemmu no trɛw faa Israel mmaa nyinaa, na ɔmanfo no ho dwiriw wɔn wɔ nyansa a Onyankopɔn de ama no, a ɛma no bu atɛntrenee no ho.

< 1 Kings 3 >