< 1 Kings 16 >

1 Then this message from the Lord came to the prophet Jehu, son of Hanani, condemning Baasha.
Na Awurade asɛm baa Hanani babarima Yehu so tiaa Baasa sɛ,
2 “Even though I lifted you out of the dust to make you ruler over my people Israel, you have followed the way of Jeroboam and have made my people Israel sin, making me angry by their sins.
“Mepagyaw wo fii mfutuma mu, de wo tuaa me nkurɔfo Israel ano. Nanso wofaa Yeroboam kwan bɔne no so, maa me nkurɔfo Israel yɛɛ bɔne, maa wɔn bɔne a wɔyɛɛ no hyɛɛ me abufuw.
3 Now I'm going to destroy Baasha and his family. Baasha, I will make your family like that of Jeroboam, son of Nebat.
Enti merebɛsɛe Baasa ne ne fi, na mɛyɛ wo fi te sɛ Nebat babarima Yeroboam de.
4 Those of Baasha's family who die in the town will be eaten by dogs, and those who die in the countryside will be eaten by birds.”
Wɔn a wobewuwu wɔ kurow no mu a wɔyɛ Yeroboam dea no de, akraman bɛwe wɔn nam. Na wim nnomaa na wɔbɛsosɔw wɔn a wobewuwu wɔ wuram no.”
5 The rest of the events of Baasha's reign, everything that he did and what he accomplished, are recorded in the Book of Chronicles of the Kings of Israel.
Na Baasa adedi ne ɛho nsɛm nkae, nea ɔyɛe ne ne nkɔso no, wɔakyerɛw agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu.
6 Baasha died and was buried in Tirzah. His son Elah succeeded him as king.
Baasa wui no, wosiee no wɔ Tirsa. Na ne babarima Ela dii nʼade sɛ ɔhene.
7 The message from the Lord condemning Baasha and his family came to the prophet Jehu, son of Hanani. It came because Baasha had done what was evil in the Lord's sight, in the same way as the family of Jeroboam had done, and also because Baasha had killed Jeroboam's family. The Lord was angry because of Baasha's sins.
Na Awurade asɛm nam Hanani babarima odiyifo Yehu so baa Baasa ne ne fifo so, esiane bɔne dodow a na wayɛ wɔ Awurade ani so no nti. Saa nneyɛe no hyɛɛ Awurade abufuw. Na ɔyɛɛ sɛnea ɔyɛɛ Yeroboam fi no ara pɛ, efisɛ Baasa nso sɛee Yeroboam fi.
8 Elah, son of Baasha, became king of Israel in the twenty-sixth year of the reign of King Asa of Judah. He reigned in Tirzah for two years.
Baasa babarima Ela fitii ase dii Israel so wɔ Tirsa a saa bere no, na ɔhene Asa adi ade wɔ Yuda mfe aduonu asia. Odii hene wɔ Israel mfe abien.
9 One of Elah's officials called Zimri who was in charge of half his chariots plotted a rebellion against him. One time Elah was in Tirzah, getting himself drunk at the home of Arza, the palace manager at Tirzah.
Na Simri, a na ɔyɛ ɔsafohene wɔ adehye nteaseɛnam no mu fa so, bɔɔ ne tirim pɔw sɛ obekum Ela. Da bi, Ela bow nsa wɔ Arsa a na ɔyɛ ahemfi sohwɛfo no fi wɔ Tirsa.
10 Zimri went up to him, attacked him, and killed him. This was in the twenty-seventh year of the reign of Asa, king of Judah. Then he took over from him as king.
Simri kɔɔ hɔ de ade kɔbɔɔ no ma ɔhwee fam wui. Saa asɛm yi sii wɔ ɔhene Asa adedi wɔ Yuda no afe a ɛto so aduonu ason mu. Enti Simri bɛyɛɛ ɔhene a odi so.
11 As soon as he became king and was installed on his throne, he killed all of Baasha's family. He did not leave a single male alive, whether of his relatives or of his friends.
Ɛhɔ ara, Simri kunkum Baasa adehye abusua no mu nnipa nyinaa a wannyaw ɔbarima baako koraa; na wanhwɛ sɛ ɔyɛ obusuani anaa adamfo mpo.
12 So Zimri destroyed the entire household of Baasha, as the Lord had said in his condemnation of Baasha through Jehu the prophet.
Simri sɛee Baasa ahenni nnidiso no, sɛnea na Awurade afa odiyifo Yehu so ahyɛ no.
13 This was because of all the sins Baasha and his son Elah had committed and had made Israel to commit. Their worship of their useless idols had angered the Lord, the God of Israel.
Eyinom sii esiane Baasa ne ne babarima Ela bɔne ne wɔn bɔne dodow a wodii Israel anim ma wɔyɛɛ no nti. Wɔde wɔn abosom huhuw hyɛɛ Onyankopɔn abufuw.
14 The rest of what happened in Elah's reign and everything that he did are recorded in the Book of Chronicles of the Kings of Israel.
Ela ahenni ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
15 Zimri became king of Israel in the twenty-seventh year of the reign of King Asa of Judah. He reigned in Tirzah seven days. At that time the Israelite army was attacking the Philistine town of Gibbethon.
Simri tenaa Tirsa dii ade wɔ Israel, bere a na ɔhene Asa adi ade wɔ Yuda mfe aduonu ason mu, nanso odii ade nnanson pɛ. Bere a Israel asraafo a na wɔrekɔtow ahyɛ Filistifo kurow Gibeton so no
16 When the troops who were camped there learned that Zimri had plotted rebellion against the king and had murdered him, they made Omri, the army commander, king of Israel that same day in the army camp.
tee sɛ Simri akum ɔhene no, woyii ɔsahene Omri de no dii ade sɛ wɔn hene foforo.
17 Omri and the whole Israelite army left Gibbethon and went and besieged Tirzah.
Enti Omri dii Israel asraafo anim, fi Gibeton kotuaa Tirsa a ɛyɛ Israel ahenkurow no.
18 When Zimri saw that the city had been taken he went into the fortress of the royal palace and set it on fire around him, and he died, because of the sins he had committed.
Bere a Simri huu sɛ wɔafa kurow no, ɔkɔɔ ɔhene atenae hɔ wɔ ne fi, na ɔhyew hɔ ne ne ho frae, maa owui wɔ ogyatannaa no mu.
19 He did evil in the Lord's sight and followed the way of Jeroboam and his sin which he had made Israel commit.
Na ɔno nso ayɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Odii Yeroboam anammɔn akyi, toaa bɔne a Yeroboam dii Israel anim yɛe no so.
20 The rest of what happened in Zimri's reign and his rebellion are recorded in the Book of Chronicles of the Kings of Israel.
Simri adedi ho nsɛm nkae ne ne pɔw bɔne a ɔbɔe no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
21 After this the people of Israel were divided. Half supported Tibni, son of Ginath, as king, while the other half supported Omri.
Na afei, na Israelfo no mu akyɛ abien. Na nnipa no mu fa pɛ sɛ wɔma Ginat babarima Tibni di wɔn so hene, na ɔfa a aka no nso gyinaa Omri akyi.
22 However, those on Omri's side defeated Tibni's supporters. Tibni was killed and Omri became king.
Nanso Omri akyidifo no bu faa Ginat babarima Tibni akyidifo no so. Enti wokum Tibni, maa Omri dii ɔhene.
23 Omri became king of Israel in the thirty-first year of the reign of King Asa of Judah. He reigned for a total of twelve years, (six of them were in Tirzah).
Omri fi ase dii hene wɔ Israel, bere a ɔhene Asa adi ade wɔ Yuda mfe aduasa baako mu. Ne nyinaa mu, odii ade mfe dumien a ɔde emu asia tenaa Tirsa.
24 He purchased the hill of Samaria from Shemer for two talents of silver. He fortified the hill, and named the city that he built Samaria, after Shemer, the previous owner of the hill.
Na Omri tɔɔ bepɔw bi a mprempren wɔfrɛ no Samaria fii ne wura Semer nkyɛn, dwetɛ kilogram aduosia awotwe. Ɔkyekyeree kurow wɔ so, na ɔtoo kurow no din Samaria, de hyɛɛ Semer anuonyam.
25 Omri did what was evil in the Lord's sight—in fact he did more evil than those who lived before him.
Nanso Omri yɛɛ bɔne Awurade ani so, na mpo, ne bɔne no so sen ahemfo a wodi nʼanim no de.
26 For he followed all the ways of Jeroboam, son of Nebat, and in his sins which he made Israel commit, worshiping their useless idols which angered the Lord, the God of Israel.
Odii Yeroboam anammɔn akyi, kɔɔ so som abosom, sɛnea Yeroboam dii Israel anim ma wɔyɛɛ no. Ɔde eyi hyɛɛ Awurade, Israel Nyankopɔn, abufuw.
27 The rest of what happened in Omri's reign, what he did, and his achievements are recorded in the Book of Chronicles of the Kings of Israel.
Omri adedi ho nsɛm nkae no ne nea ne tumi ano kosi ne ne dwuma a odii no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana?
28 Omri died and was buried in Samaria. His son Ahab succeeded him as king.
Omri wui no, wosiee no wɔ Samaria. Na ne babarima Ahab na odii nʼade sɛ ɔhene.
29 Ahab, son of Omri, became king of Israel in the thirty-eighth year of the reign of King Asa of Judah. He reigned in Samaria for twenty-two years.
Omri ba Ahab fii ase dii Israel so hene bere a na ɔhene Asa adi ade wɔ Yuda mfe aduasa awotwe mu. Odii ade wɔ Samaria mfe aduonu abien.
30 Ahab, son of Omri, did evil in the Lord's sight, more than those who lived before him.
Nanso Ahab yɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so. Mpo, na ne bɔne no so sen ahemfo a wodi nʼanim no nyinaa mu biara de.
31 He didn't see anything to worry about in following the sins of Jeroboam, son of Nebat, and he even married Jezebel, daughter of Ethbaal, king of the Sidonians, and started to serve and worship Baal.
Na ɔyɛɛ nea Yeroboam yɛɛ wɔ bɔneyɛ mu no bi. Wamma no anso hɔ ara. Ɔwaree Isebel a na ɔyɛ Sidonfohene Etbaal babea, na ofii ase som Baal, sɔree no.
32 Ahab made an altar for Baal in the temple of Baal that he had built in Samaria.
Nea edi kan no, osii abosomfi ne afɔremuka maa Baal wɔ Samaria.
33 Then he put up an Asherah pole. In this way Ahab did more to anger the Lord, the God of Israel, than all the kings of Israel before him.
Afei, osii Asera dua. Ɔkɔɔ so yɛɛ pii de hyɛɛ Awurade, Israel Nyankopɔn abufuw sen ahemfo a wɔadi nʼanim wɔ Israel no nyinaa.
34 During Ahab's reign Hiel of Bethel rebuilt Jericho. He sacrificed Abiram his firstborn son when he laid its foundation, and sacrificed Segub his youngest son when he constructed its gates. This fulfilled the message the Lord had given through Joshua, son of Nun.
Ahab ahenni so na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Hiel a ofi Bet-El san kyekyeree Yeriko. Ɔtoo fapem no, nʼabakan Abiram wui. Na otintim abɔntenpon de wiee no nso, ne kaakyiri Segub nso wui. Eyi nyinaa sisii, sɛnea asɛm a efi Awurade nkyɛn fa Yeriko ho a Nun babarima Yosua kae no te.

< 1 Kings 16 >