< 1 Chronicles 17 >

1 Once David had settled into his palace, he spoke to the prophet Nahum. “Look,” he said, “I'm living in a cedar palace while the Ark of the Lord's Agreement is kept in a tent!”
Afei, ɛberɛ a Dawid nyaa atenaseɛ wɔ nʼahemfie hɔ no, ɔka kyerɛɛ odiyifoɔ Natan sɛ, “Me deɛ manya ahemfie a wɔde ntweneduro asi no fɛfɛ mu atena, nanso Awurade Apam Adaka no deɛ, ɛhyɛ ntomadan mu.”
2 “Do what you think you should, for the God is with you,” Nathan replied.
Natan buaa sɛ, “Deɛ ɛwɔ wʼadwene mu a wopɛ sɛ woyɛ no, kɔ so na Onyankopɔn ka wo ho.”
3 But that night God told Nathan,
Saa anadwo no ara, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Natan sɛ,
4 “Go and talk to my servant David. Tell him, this is what the Lord says, You are not to build a house for me to live in.
“Kɔka kyerɛ me ɔsomfoɔ Dawid sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: ɛnyɛ wo na ɛsɛ sɛ wosi asɔredan ma me tena mu.
5 I have not lived in a house from the time I led Israel out of Egypt until now. I have lived in tents, moving from place to place.
Ɛfiri ɛberɛ a mede Israelfoɔ firii Misraim bɛsi ɛnnɛ, mentenaa asɔredan mu da. Daa, mete ntomadan mu na wɔde di atutena.
6 But in all those travels with all of Israel did I ever ask any Israelite leader I'd ordered to take care of my people, ‘Why haven't you built a cedar house for me?’
Na mannwiinwii ankyerɛ Israel ntuanofoɔ no a wɔyɛ me nkurɔfoɔ nnwanhwɛfoɔ no da. Memmisaa wɔn da sɛ: “Adɛn enti na momfaa ntweneduro nsii efie mmaa me da?”’
7 So then, go and tell my servant David this is what the Lord Almighty says. It was me who took you from the fields, from looking after sheep, to become a leader of my people Israel.
“Afei, kɔka kyerɛ me ɔsomfoɔ Dawid sɛ, ‘Sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: Meyii wo sɛ di me nkurɔfoɔ Israelfoɔ anim wɔ ɛberɛ a na woyɛ abarimaa dwanhwɛfoɔ a worehwɛ wo nnwan wɔ adidibea.
8 I have been with you wherever you've gone. I have struck down all your enemies right in front of you, and I will make your reputation as great as the most famous people on earth.
Baabiara a wokɔeɛ no, mekaa wo ho. Na masɛe wʼatamfoɔ nyinaa. Na mɛma wɔagye edin wɔ asase yi nyinaa so.
9 I will choose a place for my people Israel. I will settle them there and they won't be disturbed anymore. Evil people won't persecute them as they used to,
Mama me nkurɔfoɔ Israelfoɔ no baabi a wɔbɛtena afebɔɔ. Beaeɛ bi a ɛwɔ banbɔ a obiara renha wɔn. Ɛhɔ bɛyɛ wɔn ankasa asase a aman amumuyɛfoɔ renhyɛ wɔn so, sɛdeɛ wɔyɛɛ wɔ ɛberɛ bi a atwam no,
10 from the time I placed judges in charge of my people. I will defeat all of your enemies. Also I want to make it clear that I the Lord will build a house for you.
firi ɛberɛ a meyii atemmufoɔ sɛ wɔnni me nkurɔfoɔ so no. Na mɛka wʼatamfoɔ nyinaa ahyɛ. “‘Na merepae mu aka sɛ, Awurade bɛsi efie ama wo, ahennie nnidisoɔ.
11 For when you come to the end of your life and join your ancestors in death, I will bring to power one of your descendants, one of your sons, and make sure his kingdom is successful.
Na sɛ wowu a, mɛma wo mmammarima no mu baako so, na mama nʼahennie ayɛ den.
12 He will be the one to build me a house, and I will make sure his kingdom lasts forever.
Ɔno ne obi a ɔbɛsi efie a ɛyɛ asɔredan no ama me. Na mɛtim nʼahennwa ase afebɔɔ.
13 I will be a father to him, and he will be a son to me. I will never take away my kindness and love from him, as I did in the case of the one who ruled before you.
Mɛyɛ nʼagya na ɔbɛyɛ me ba. Merenyi me dɔ a ɛnsa da no mfiri ne so, sɛdeɛ meyi firii Saulo a wodii nʼadeɛ so no.
14 I will put him in charge of my house and my kingdom forever, and his dynasty will last forever.”
Mɛma nʼase atim wɔ mʼahennie nnidisoɔ ne mʼaheman mu ɛberɛ nyinaa mu, na nʼahennwa no bɛtena hɔ daa.’”
15 This is what Nathan explained to David—everything he was told in this divine revelation.
Enti, Natan sane kɔɔ Dawid nkyɛn kɔkaa saa adiyisɛm yi nyinaa kyerɛɛ no.
16 Then King David went and sat down in the presence of the Lord. He prayed, “Who am I, Lord God, and what is significant about my family, that you have brought me to this place?
Afei, ɔhene Dawid kɔtenaa Awurade anim bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Me ne hwan, Ao Awurade Onyankopɔn, na mʼabusua yɛ abusua bɛn a enti wode me abɛduru saa tebea yi mu?
17 God, you talk as if this was a small thing in your eyes, and you also have spoken about the future of my house, my family dynasty. You also see me as someone very important, Lord God.
Na seesei, Awurade, yei nyinaa akyi no, woka sɛ wobɛma me ahennie nnidisoɔ afebɔɔ. Wokasa me ho te sɛ obi a meyɛ ɔkɛseɛ pa ara, Ao Awurade Onyankopɔn!
18 What more can I, David, say to you for honoring me in this way? You know your servant all too well!
“Ɛdeɛn na menka bio mfa ɛkwan a woafa so ahyɛ me animuonyam yi ho? Wonim sɛdeɛ wʼakoa teɛ ankasa.
19 Lord, you're doing all this for me, your servant, and because it's what you want—doing all these amazing things and letting people know about them.
Ao Awurade, me enti ne wo pɛ mu enti, woayɛ saa nneɛma akɛseɛ yi nyinaa, na woada no adi.
20 Lord, there really is no-one like you; there is no other God, only you. We have never heard about anyone else.
“Ao Awurade, obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo. Onyame foforɔ bi nni hɔ! Yɛntee da mpo sɛ onyame foforɔ bi wɔ hɔ te sɛ wo!
21 Who else is as fortunate as your people Israel? Who else on earth did God go and redeem to make his own people? You gained a wonderful reputation for yourself by all the tremendous, amazing things you did in driving out other nations before your people as you redeemed them from Egypt.
Ɔman foforɔ bɛn na ɛwɔ asase so a, ɛte sɛ Israel? Ɔman foforɔ bɛn, Ao Onyankopɔn, na woayi no afiri nkoasom mu de wɔn abɛyɛ wʼankasa wo nkurɔfoɔ? Ɛberɛ a wogyee wo nkurɔfoɔ firii Misraim no, wode gyee edin. Wonam nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ ahodwirie so pamoo aman a wɔayɛ akwansideɛ ama wɔn.
22 You made your people Israel your own forever, and you, Lord, have become their God.
Woyii Israel sɛ wɔmmɛyɛ wo nkurɔfoɔ afebɔɔ, na wo, Ao Awurade, woabɛyɛ wɔn Onyankopɔn.
23 So now, Lord, please ensure that what you have said about me and my house happens, and lasts forever. Please do as you have promised,
“Ao Awurade, afei di ɛbɔ a wohyɛ faa wʼakoa ne ne mʼabusuafoɔ ho no so. Ma ɛnyɛ bɔhyɛ a ɛbɛtena hɔ daa.
24 and may your true nature be recognized and honored forever, with people declaring, ‘The Lord Almighty, the God of Israel, is Israel's God!’ May the house of your servant David continue to be there in your presence.
Wo din ase ntim, na wɔnhyɛ no animuonyam afebɔɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ewiase nyinaa bɛka sɛ, ‘Awurade Otumfoɔ yɛ Onyankopɔn wɔ Israel!’ Na ma wo ɔsomfoɔ Dawid ahennie nnidisoɔ no ase ntim wɔ wʼanim.
25 You, my God, have explained to me, your servant, that you will build me a house. That's why your servant has had the courage to pray to you.
“Ao me Onyankopɔn, masi me bo abɔ saa mpaeɛ yi, ɛfiri sɛ, woada no adi sɛ wobɛsi fie ama me, mʼahennie nnidisoɔ a ɛbɛtena hɔ daa.
26 For you, Lord, are God! You are the one who has promised all these good things to your servant.
Ɛfiri sɛ, woyɛ Onyankopɔn, Ao Awurade. Na me, wo ɔsomfoɔ, woahyɛ me nneɛma pa yi ho bɔ.
27 So now, please bless your servant's house that it may continue in your presence forever. For when you bless, Lord, it is blessed forever.”
Na afei, asɔ wʼani sɛ wobɛhyira me ne mʼabusuafoɔ, sɛdeɛ yɛn ahennie nnidisoɔ bɛkɔ so afebɔɔ wɔ wʼanim. Na sɛ wohyira a, Ao Awurade, ɛyɛ nhyira a ɛtena hɔ daa nyinaa!”

< 1 Chronicles 17 >