< 1 Chronicles 13 >
1 David had discussions with all his leaders, including the army commanders of thousands and hundreds.
Dawid ne ne mpanimfoɔ a nʼasraafoɔ asahene ne mmapɔmma nyinaa ka ho, tuu agyina.
2 Then he addressed the whole assembly of Israel, saying, “If you agree, and if God approves, let us send an invitation to every Israelite in the land, including the priests and Levites in their towns and pastures, to come and join us.
Na ɔkasa kyerɛɛ Israelfoɔ a wɔahyia hɔ no nyinaa sɛ, “Sɛ mopene so na sɛ ɛyɛ Awurade yɛn Onyankopɔn pɛ a, momma yɛnto nkra nkɔma Israelfoɔ a wɔwɔ ɔman no afanan nyinaa a asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔwɔ nkuro so ne adidibea ka ho. Momma yɛnto nsa mfrɛ wɔn, na wɔmmɛka yɛn ho.
3 Let us bring the Ark of our God back to us, because we forgot about it during the time of Saul.”
Ɛberɛ aduru sɛ yɛsane de yɛn Onyankopɔn Apam Adaka no ba, ɛfiri sɛ, Saulo ahennie ɛberɛ so no, yɛampɛ anhwɛ.”
4 The whole assembly was pleased with the proposal, agreeing that this would be a good thing to do.
Badwa no penee saa asɛm yi so ɛfiri sɛ, wɔhunuu sɛ, wɔyɛ saa a, ɛyɛ.
5 So David summoned all of Israel, from the Shihor River of Egypt up to Lebo-hamath, to help bring the Ark from Kiriath-jearim.
Enti, Dawid frɛɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa, ɛfiri ɔman no tire kɔsi tire, sɛ wɔmmɛka ne ho na wɔmfa Onyankopɔn Apam Adaka no mfiri Kiriat-Yearim mmra.
6 So David and all of Israel went to Baalah (otherwise called Kiriath-jearim) in Judah to bring back the Ark of God the Lord, whose throne is between the cherubim and who is called by the Name.
Afei, Dawid ne Israelfoɔ no nyinaa kɔɔ Baala a na wɔfrɛ no Kiriat-Yearim a ɛwɔ Yuda no sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn Apam Adaka a wɔde ahyɛ Kerubim ntam na Awurade din da so no aba.
7 They loaded the Ark of God onto a brand new cart and brought it from Adinadab's house, with Uzzah and Ahio directing it.
Wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no sii teaseɛnam foforɔ so de firii Abinadab fie a Usa ne Ahio rekyerɛ ɛkwan.
8 David and all of Israel were celebrating before the Lord as loudly as possible, singing sings and playing music on lyres, harps, tambourines, cymbals, and trumpets.
Dawid ne Israelfoɔ nyinaa firii wɔn ahoɔden mu too nnwom, bɔɔ mmɛn ahodoɔ a ebi yɛ asankuo, mmɛnta, mpintin, nnawuro ne ntotorobɛnto dii ahurisie wɔ Onyankopɔn anim.
9 But when they came to the threshing floor of Chidon, the oxen stumbled and Uzzah stretched out his hand to stop the Ark falling.
Nanso wɔduruu Nakon ayuporobea no, anantwie no anan totoeɛ maa Usa tenee ne nsa sɛ ɔretene Apam Adaka no.
10 The Lord was angry with Uzzah for daring to touch the Ark like this so he struck him down, and Uzzah died there before the Lord.
Ɛhɔ na Awurade abufuo sɔre tiaa Usa maa ɔwuiɛ ɛfiri sɛ, ɔde ne nsa aka Apam Adaka no. Enti Usa wuu wɔ Onyankopɔn anim hɔ ara.
11 David became angry with the Lord for his violent outburst against Uzzah. He named the place Perez-uzzah, and it is still called that today.
Dawid bo fuiɛ, ɛfiri sɛ Awurade abufuo atia Usa. Ɔtoo beaeɛ hɔ edin Peres-Usa a wɔda so frɛ hɔ saa de bɛsi ɛnnɛ.
12 David became afraid of God that day. “How can I ever bring back the Ark of God home to me?” he asked.
Afei, na Dawid suro Onyankopɔn, na ɔbisaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na matumi de Onyankopɔn Apam Adaka yi aba abɛhwɛ so?”
13 So David did not move the Ark of God to be with him in the City of David. Instead, he had it taken to the home of Obed-edom the Gittite.
Enti, Dawid yɛɛ nʼadwene sɛ ɔnna mfa Apam Adaka no nkɔ Dawid kuro no mu. Mmom, ɔde kɔɔ Gatni, Obed-Edom fie wɔ Gat.
14 The Ark of God remained in Obed-edom's home for three months, and the Lord blessed Obed-edom's household and all that he had.
Onyankopɔn Apam Adaka no sii Obed-Edom abusuafoɔ nkyɛn abosome mmiɛnsa. Na Awurade hyiraa no ne ne fiefoɔ nyinaa.