< 1 Chronicles 13 >

1 David had discussions with all his leaders, including the army commanders of thousands and hundreds.
Dawid ne ne mpanyimfo a nʼasraafo so asahene ne mmapɔmma nyinaa ka ho, tuu agyina.
2 Then he addressed the whole assembly of Israel, saying, “If you agree, and if God approves, let us send an invitation to every Israelite in the land, including the priests and Levites in their towns and pastures, to come and join us.
Na ɔkasa kyerɛɛ Israelfo a wɔahyia hɔ no nyinaa se, “Sɛ mopene so na sɛ ɛyɛ Awurade yɛn Nyankopɔn pɛ a, momma yɛmfa nkra nkɔma Israelfo a wɔwɔ ɔman no afanan nyinaa a asɔfo ne Lewifo a wɔwɔ nkurow so ne adidibea ka ho. Momma yɛnto nsa mfrɛ wɔn, na wɔmmɛka yɛn ho.
3 Let us bring the Ark of our God back to us, because we forgot about it during the time of Saul.”
Bere adu sɛ yɛsan de yɛn Nyankopɔn Apam Adaka no ba, efisɛ Saulo ahenni bere so no, yɛampɛ anhwɛ.”
4 The whole assembly was pleased with the proposal, agreeing that this would be a good thing to do.
Bagua no penee saa asɛm yi so efisɛ wohuu sɛ, wɔyɛ saa a, eye.
5 So David summoned all of Israel, from the Shihor River of Egypt up to Lebo-hamath, to help bring the Ark from Kiriath-jearim.
Enti Dawid frɛɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa, efi ɔman no ti kosi ti, sɛ wɔmmɛka ne ho na wɔmfa Onyankopɔn Apam Adaka no mfi Kiriat-Yearim mmra.
6 So David and all of Israel went to Baalah (otherwise called Kiriath-jearim) in Judah to bring back the Ark of God the Lord, whose throne is between the cherubim and who is called by the Name.
Afei, Dawid ne Israelfo no nyinaa kɔɔ Baala a na wɔfrɛ no Kiriat-Yearim a ɛwɔ Yuda no sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn Apam Adaka a wɔde ahyɛ kerubim ntam na Awurade din da so no aba.
7 They loaded the Ark of God onto a brand new cart and brought it from Adinadab's house, with Uzzah and Ahio directing it.
Wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no sii teaseɛnam foforo so de fii Abinadab fi a Usa ne Ahio rekyerɛ kwan.
8 David and all of Israel were celebrating before the Lord as loudly as possible, singing sings and playing music on lyres, harps, tambourines, cymbals, and trumpets.
Dawid ne Israelfo nyinaa fii wɔn ahoɔden mu too nnwom, bɔɔ mmɛn ahorow a bi yɛ asanku, mmɛnta, akasae, nnawuru ne ntorobɛnto dii ahurusi, Onyankopɔn anim.
9 But when they came to the threshing floor of Chidon, the oxen stumbled and Uzzah stretched out his hand to stop the Ark falling.
Nanso woduu Nakon awiporowbea no, anantwi no anan toto maa Usa teɛɛ ne nsa sɛ ɔreteɛ Apam Adaka no.
10 The Lord was angry with Uzzah for daring to touch the Ark like this so he struck him down, and Uzzah died there before the Lord.
Ɛhɔ na Awurade abufuw sɔre tiaa Usa ma owui, efisɛ ɔde ne nsa aka Apam Adaka no. Enti Usa wuu wɔ Onyankopɔn anim hɔ ara.
11 David became angry with the Lord for his violent outburst against Uzzah. He named the place Perez-uzzah, and it is still called that today.
Dawid bo fuwii, efisɛ Awurade abufuw atia Usa. Ɔtoo beae hɔ din Peres-Usa a wɔda so frɛ hɔ saa de besi nnɛ.
12 David became afraid of God that day. “How can I ever bring back the Ark of God home to me?” he asked.
Afei, na Dawid suro Onyankopɔn, na obisae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na matumi de Onyankopɔn Apam Adaka yi aba abɛhwɛ so?”
13 So David did not move the Ark of God to be with him in the City of David. Instead, he had it taken to the home of Obed-edom the Gittite.
Enti Dawid yɛɛ nʼadwene sɛ ɔnna mmfa Apam Adaka no nkɔ Dawid kurow no mu. Mmom, ɔde kɔɔ Gatni, Obed-Edom fi wɔ Gat.
14 The Ark of God remained in Obed-edom's home for three months, and the Lord blessed Obed-edom's household and all that he had.
Onyankopɔn Apam Adaka no sii Obed-Edom abusuafo nkyɛn asram abiɛsa. Na Awurade hyiraa no ne ne fifo nyinaa.

< 1 Chronicles 13 >