< Titus 2 >

1 But speak thou the things that become sound doctrine:
Ɛsɛ sɛ woma nkyerɛkyerɛ pa a wɔagye ato mu.
2 That the aged men be sober, chaste, prudent, sound in faith, in love, in patience.
Ka kyerɛ nkwakoraa na wɔmma wɔn ani nna hɔ, wɔnyɛ anyansafo, na wɔnhyɛ wɔn ho so; wɔn gyidi mu nyɛ den, wonnya ɔdɔ na wontumi ntena ɔhaw mu.
3 The aged women, in like manner, in holy attire, not false accusers, not given to much wine, teaching well:
Saa ara nso na ka kyerɛ mmerewa na wɔmmɔ ɔbra a ɛyɛ kronkron. Wonnni nseku na wɔnnyɛ asadweam nso. Wɔnkyerɛ akyerɛ pa,
4 That they may teach the young women to be wise, to love their husbands, to love their children,
sɛnea ɛbɛyɛ a wɔnam so betumi ama mmabaa adɔ wɔn kununom ne wɔn mma,
5 To be discreet, chaste, sober, having a care of the house, gentle, obedient to their husbands, that the word of God be not blasphemed.
ama wɔatumi ahyɛ wɔn ho so, ayɛ kronkron na wɔayɛ awarefo pa a wotie wɔn kununom asɛm, na obi anka bɔne amfa Onyankopɔn asɛm no ho.
6 Young men, in like manner, exhort that they be sober.
Saa ara na hyɛ mmerante na wonnya ahohyɛso.
7 In all things shew thyself an example of good works, in doctrine, in integrity, in gravity,
Nneɛma nyinaa mu no, fa wo ho yɛ nhwɛso pa wɔ nnwuma payɛ mu. Di nokware na ma wʼani nku wo nkyerɛkyerɛ ho.
8 The sound word that can not be blamed: that he, who is on the contrary part, may be afraid, having no evil to say of us.
Ka nsɛm a ho tew na obi antumi antia mu na ama atamfo ani awu sɛ wonnya asɛm bɔne nka mfa yɛn ho.
9 Exhort servants to be obedient to their masters, in all things pleasing, not gainsaying:
Ɛsɛ sɛ asomfo tie wɔn wuranom, na ade nyinaa mu no, wɔsɔ wɔn wuranom ani. Ɛnsɛ sɛ woyiyi nsɛm ano
10 Not defrauding, but in all things shewing good fidelity, that they may adorn the doctrine of God our Saviour in all things:
anaa wɔbɔ wɔn korɔn. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ papa mmere nyinaa na wodi nokware na anam so ama biribiara a wɔyɛ no de anuonyamhyɛ aba nkyerɛkyerɛ a ɛfa Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no ho no.
11 For the grace of God our Saviour hath appeared to all men;
Onyankopɔn adom a ɛde nkwagye ba no ayi no ho adi akyerɛ nnipa nyinaa.
12 Instructing us, that, denying ungodliness and worldly desires, we should live soberly, and justly, and godly in this world, (aiōn g165)
Nʼadom no kyerɛ yɛn sɛ, yɛmpa asetena a ɛho ntew no ne wiase akɔnnɔ akyi na yɛntena ase ahohyɛso, kronkronyɛ ne Onyamesuro mu wɔ wiase ha. (aiōn g165)
13 Looking for the blessed hope and coming of the glory of the great God and our Saviour Jesus Christ,
Yɛwɔ anidaso wɔ bere a yɛretwɛn Onyankopɔn tumfo a ɔne Agyenkwa Yesu Kristo no ba a ɔbɛba bio wɔ anuonyam mu no.
14 Who gave himself for us, that he might redeem us from all iniquity, and might cleanse to himself a people acceptable, a pursuer of good works.
Ɔde ne ho maa yɛn de gyee yɛn fii bɔne mu, ɔyɛɛ yɛn nnipa a yɛpɛ papayɛ no kronkron de yɛn yɛɛ ne nko ara de.
15 These things speak, and exhort and rebuke with all authority. Let no man despise thee.
Kyerɛkyerɛ saa nneɛma yi na gyina wo tumi so hyɛ wʼatiefo nkuran, ka wɔn anim. Mma wɔn mu bi mmmu wo abomfiaa.

< Titus 2 >