< Revelation 18 >

1 And after these things, I saw another angel come down from heaven, having great power: and the earth was enlightened with his glory.
Yei akyi, mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ sɛ ɔfiri ɔsoro reba fam. Na ɔwɔ tumi kɛseɛ na nʼanimuonyam hyerɛn asase so nyinaa.
2 And he cried out with a strong voice, saying: Babylon the great is fallen, is fallen; and is become the habitation of devils, and the hold of every unclean spirit, and the hold of every unclean and hateful bird:
Ɔteaam dendeenden sɛ, “‘Wahwe ase! Babilonia kɛseɛ ahwe ase!’ Adane ahonhommɔne tenaberɛ ne ahonhom efi nyinaa atɛeɛ. Nnomaa a wɔyɛ efi a wɔkyiri wɔn nyinaa te ne mu.
3 Because all nations have drunk of the wine of the wrath of her fornication; and the kings of the earth have committed fornication with her; and the merchants of the earth have been made rich by the power of her delicacies.
Ɔde ne nsã a ɛyɛ nʼadwamammɔ a ano yɛ den no maa nnipa nyinaa nomeeɛ. Asase so ahene ne no bɔɔ adwaman, na asase so adwadifoɔ nam nʼahonya mmorosoɔ so nyaa wɔn ho.”
4 And I heard another voice from heaven, saying: Go out from her, my people; that you be not partakers of her sins, and that you receive not of her plagues.
Afei, metee nne foforɔ bi a ɛfiri ɔsoro ka sɛ, “Momfiri, me nkurɔfoɔ, na moamfa mo ho amfra bɔne a ɔyɛ no mu, na mo ne no ankyɛre nʼasotweɛ!
5 For her sins have reached unto heaven, and the Lord hath remembered her iniquities.
Ɛfiri sɛ, wɔahyehyɛ ne bɔne atoatoa abɛduru soro, na Onyankopɔn akae nʼawudie no.
6 Render to her as she also hath rendered to you; and double unto her double according to her works: in the cup wherein she hath mingled, mingle ye double unto her.
Sɛdeɛ ɔyɛɛ mo no, monyɛ no saa pɛpɛɛpɛ; deɛ ɔyɛɛ mo biara no, montua ne so ka mprenu. Nsa a ɔde maa mo no, monhyɛ no deɛ ano yɛ den mmɔho mmienu.
7 As much as she hath glorified herself, and lived in delicacies, so much torment and sorrow give ye to her; because she saith in her heart: I sit a queen, and am no widow; and sorrow I shall not see.
Momma nʼayayadeɛ ne nʼawerɛhoɔ nnɔɔso sɛ animuonyam ne ahonya a ɔpɛ maa ne ho no. Ɛfiri sɛ, daa ɔka sɛ, ‘Mete ha sɛ ɔhemmaa; menyɛ okunafoɔ, na me werɛ renho da!’
8 Therefore shall her plagues come in one day, death, and mourning, and famine, and she shall be burnt with the fire; because God is strong, who shall judge her.
Yei enti, nʼamanehunu a ɛyɛ yadeɛ awerɛhoɔ ne ɛkɔm bɛba ne so da bi. Na wɔde ogya ahye no, ɛfiri sɛ, Awurade Onyankopɔn a ɔbu no atɛn no yɛ kɛseɛ.
9 And the kings of the earth, who have committed fornication, and lived in delicacies with her, shall weep, and bewail themselves over her, when they shall see the smoke of her burning:
“Sɛ asase so ahene a wɔne no bɔɔ adwaman, dii dɛ no hunu hye a wɔrehye no no wisie a, wɔbɛsu atwa agyaadwoɔ.
10 Standing afar off for fear of her torments, saying: Alas! alas! that great city Babylon, that mighty city: for in one hour is thy judgment come.
Nʼamanehunu no hu a ɛyɛ enti, wɔbɛgyina akyiri asu sɛ, “‘Due! Due, Ao, kuropɔn kɛseɛ, Ao Babilonia, kuropɔn a ɛwɔ tumi! Dɔnhwere baako pɛ mu, wʼatemmuo aba.’
11 And the merchants of the earth shall weep, and mourn over her: for no man shall buy their merchandise any more.
“Adwadifoɔ a wɔwɔ asase so nso su no ɛfiri sɛ, obiara ntɔ wɔn nneɛma bio.
12 Merchandise of gold and silver, and precious stones; and of pearls, and fine linen, and purple, and silk, and scarlet, and all thyine wood, and all manner of vessels of ivory, and all manner of vessels of precious stone, and of brass, and of iron, and of marble,
Obiara ntɔ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, ne aboɔden aboɔ ne nhweneɛ pa, ne nwera pa ne ntoma afasebire ne serekye ne tam kɔkɔɔ, ne nnua a ɛyɛ hwam nyinaa ne asonse adwinneɛ nyinaa, ne adwinneɛ a wɔde nnua a ɛwɔ din ayɛ, ne ayowaa ne dadeɛ ne abohemaa,
13 And cinnamon, and odours, and ointment, and frankincense, and wine, and oil, and fine flour, and wheat, and beasts, and sheep, and horses, and chariots, and slaves, and souls of men.
ne pɛperɛ ne mmorɔngo, ne nnuhwam ne kurobo, ne hwamfufuo ne nsã ne ngo, ne asikyiresiam muhumuhu ne ayuo, ne nyɛmmoa ne nnwan ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne nkoa ne nnipa akra.
14 And the fruits of the desire of thy soul are departed from thee, and all fat and goodly things are perished from thee, and they shall find them no more at all.
“Adwadifoɔ no bɛka sɛ, ‘Nneɛma pa a wopere hwehwɛeɛ no nyinaa ayera, na wʼahonya ne wʼanimuonyam no kɔ, na wo nsa renka bio.’
15 The merchants of these things, who were made rich, shall stand afar off from her, for fear of her torments, weeping and mourning.
Adwadifoɔ a wɔnyaa wɔn ho wɔ kuro no mu no bɛgyina akyirikyiri ɛfiri sɛ, wɔsuro amanehunu a ɔrehunu no. Wɔbɛsu na wɔatwa agyaadwoɔ,
16 And saying: Alas! alas! that great city, which was clothed with fine linen, and purple, and scarlet, and was gilt with gold, and precious stones, and pearls.
na wɔaka sɛ: “‘Due! Due, Ao, kuropɔn kɛseɛ a ɔfira nwera pa ne ntoma afasebire ne tam kɔkɔɔ, na sika ne aboɔden aboɔ ne nhwene pa bobɔ mu.
17 For in one hour are so great riches come to nought; and every shipmaster, and all that sail into the lake, and mariners, and as many as work in the sea, stood afar off.
Dɔnhwere pɛ, na saa ahonya dodoɔ yi asɛe.’ “Ahyɛnkafoɔ panin ne ɛhyɛn no mu nnipa, ne ɛhyɛn no mu adwumayɛfoɔ, ne wɔn a wɔka ho a wɔnya wɔn anoduane firi ɛhyɛn adwumayɛ mu no nyinaa gyinaa akyirikyiri.
18 And cried, seeing the place of her burning, saying: What city is like to this great city?
Wɔsuiɛ wɔ ɛberɛ a wɔhunuu ogya a ɛrehyeɛ no wisie no, wɔteam ka sɛ ‘Kuropɔn biara a ne kɛseɛ te sɛi mmaa da.’”
19 And they cast dust upon their heads, and cried, weeping and mourning, saying: Alas! alas! that great city, wherein all were made rich, that had ships at sea, by reason of her prices: for in one hour she is made desolate.
Wɔtoo mfuturo guu wɔn atifi na wɔsu twaa agyaadwoɔ sɛ, “‘Due! Due Ao kuropɔn kɛseɛ, wo a wɔn a wɔwɔ ahyɛn wɔ wo mu no nam wʼahonya so yɛɛ adefoɔ. Na dɔnhwereɛ baako pɛ mu, wɔahwere biribiara!’
20 Rejoice over her, thou heaven, and ye holy apostles and prophets; for God hath judged your judgment on her.
“Ma wʼani nnye ne ho. Ao, ɔsoro! Ahotefoɔ ne asomafoɔ ne adiyifoɔ mo ani nnye! Ɛkwan a ɔde mo faa so enti, Onyankopɔn abu no atɛn.”
21 And a mighty angel took up a stone, as it were a great millstone, and cast it into the sea, saying: With such violence as this shall Babylon, that great city, be thrown down, and shall be found no more at all.
Afei, ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi faa ɛboɔ a ne kɛseɛ bɛyɛ sɛ owiyammoɔ to twenee ɛpo mu kaa sɛ, “Saa ahoɔden yi ara na wɔde bɛto Babilonia kɛseɛ no atwene, a wɔrenhunu no bio.
22 And the voice of harpers, and of musicians, and of them that play on the pipe, and on the trumpet, shall no more be heard at all in thee; and no craftsman of any art whatsoever shall be found any more at all in thee; and the sound of the mill shall be heard no more at all in thee;
Wɔrente sankubɔfoɔ ne nnwomtofoɔ, atɛntɛbɛnbɔfoɔ ne totorobɛntohyɛnfoɔ nka bio wɔ mo mu. Wɔrenhunu odwumfoɔ biara wɔ wo mu bio. Na wɔrente owiyamfoɔ biara nka wɔ wo mu bio.
23 And the light of the lamp shall shine no more at all in thee; and the voice of the bridegroom and the bride shall be heard no more at all in thee: for thy merchants were the great men of the earth, for all nations have been deceived by thy enchantments.
Kanea hann renhyerɛn wɔ wo mu bio. Wɔrente ayeforɔkunu ne ayeforɔyere nne wɔ wo mu bio. Wʼadwadifoɔ yɛ ewiase mu nnipa titire. Na wɔde wo ntafowayie adaadaa aman nyinaa.
24 And in her was found the blood of prophets and of saints, and of all that were slain upon the earth.
Wɔ ne mu na wɔhunuu adiyifoɔ ne ahotefoɔ ne wɔn a wɔkumm wɔn asase so nyinaa mogya.”

< Revelation 18 >