< Numbers 22 >
1 And they went forward and encamped in the plains of Moab, over against where Jericho is situate beyond the Jordan.
Afei, Israelfo no kɔɔ Moab tataw so kɔtenaa Asubɔnten Yordan apuei fam a ɛhɔ ne Yeriko di nhwɛanim no.
2 And Balac the son of Sephor, seeing all that Israel had done to the Amorrhite,
Sipor babarima Balak huu nea Israelfo ayɛ Amorifo no nyinaa,
3 And that the Moabites were in great fear of him, and were not able to sustain his assault,
na Moab huu Israelfo dodow a wɔwɔ hɔ no, ɔne ne nkurɔfo bɔɔ huboa.
4 He said to the elders of Madian: So will this people destroy all that dwell in our borders, as the ox is wont to eat the grass to the very roots. Now he was at that time king in Moab.
Moabfo no ka kyerɛɛ Midian mpanyimfo no se, “Saa dɔm yi bɛwe biribiara a ɛwɔ ha no, sɛnea nantwi we sare.” Enti Sipor ba Balak a na ɔyɛ Moabhene saa bere no
5 He sent therefore messengers to Balaam the son of Beer, a soothsayer, who dwelt by the river of the land of the children of Ammon, to call him, and to say: Behold a people is come out of Egypt, that hath covered the face of the earth, sitting over against me.
somaa nnipa ma wɔkɔɔ Beor babarima Balaam nkyɛn wɔ Petor a ɛbɛn Asubɔnten Eufrate ho. Balak kae se, “Nnipadɔm bi fi Misraim aba. Wɔkata asase ani nyinaa na wɔabɛtena abɛn me.
6 Come therefore, and curse this people, because it is mightier than I: if by any means I may beat them and drive them out of my land: for I know that he whom thou shalt bless is blessed, and he whom thou shalt curse is cursed.
Mɛsrɛ wo, bra na bɛdome wɔn ma me, efisɛ wɔyɛ den sen me. Ebia ɛbɛma matumi adi wɔn so nkonim na mapam wɔn afi asase no so. Efisɛ minim nhyira a ɛba wɔn a wuhyira wɔn no so, na minim mmusu a ɛba wɔn a wodome wɔn no so nso.”
7 And the ancients of Moab, and the elders of Madian, went with the price of divination in their hands. And when they were come to Balaam, and had told him all the words of Balac:
Moab ne Midian mpanyimfo no fii hɔ a na wokita sika a wɔde rekotua Balaam ka ama wadome Israelfo no. Enti wɔkɔɔ Balaam nkyɛn kɔkaa nea ehia Balak no kyerɛɛ no.
8 He answered: Tarry here this night, and I will answer whatsoever the Lord shall say to me. And while they stayed with Balaam, God came and said to him:
Balaam kae se, “Monna mma ade nkye mo. Ade kye a, nea Awurade bɛkyerɛ me sɛ menyɛ no, mɛka akyerɛ mo.” Enti Moab mpanyimfo no dae.
9 What mean these men that are with thee?
Anadwo no, Onyankopɔn baa Balaam nkyɛn bebisaa no se, “Saa nnipa yi yɛ hefo?”
10 He answered: Balac the son of Sephor king of the Moabites hath sent to me,
Obuae se, “Wɔde nkra afi Moabhene Balak nkyɛn abrɛ me se:
11 Saying: Behold a people that is come out of Egypt, hath covered the face of the land: come and curse them, if by any means I may fight with them and drive them away.
Nnipadɔm bi fi Misraim aba ne hye so. Enti bra na bɛdome wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ne wɔn ako apam wɔn.”
12 And God said to Balaam: Thou shalt not go with them, nor shalt thou curse the people: because it is blessed.
Onyankopɔn ka kyerɛɛ Balaam se, “Nkɔ. Ɛnsɛ sɛ wodome wɔn, efisɛ mahyira wɔn!”
13 And he rose in the morning and said to the princes: Go into your country, because the Lord hath forbid me to come with you.
Ade kyee anɔpa no, Balaam ka kyerɛɛ Balak nkurɔfo no se, “Monsan nkɔ fie! Awurade ampene sɛ me ne mo nkɔ.”
14 The princes returning, said to Balac: Balaam would not come with us.
Enti Balak mpanyimfo no san bɛbɔɔ amanneɛ se, “Balaam ne yɛn amma.”
15 Then he sent many more and more noble than he had sent before:
Balak somaa nnipa dodow pa ara a anuonyamfo a wɔkyɛn kan dɔm no fra wɔn mu.
16 Who, when they were come to Balaam, said: Thus saith Balac the son of Sephor, Delay not to come to me:
Wɔbaa Balaam nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Sɛnea Sipor ba Balak se ni, ‘Mma biribiara nsiw wo kwan sɛ wobɛba me nkyɛn,
17 For I am ready to honour thee, and will give thee whatsoever thou wilt: come and curse this people.
efisɛ metua wo ka yiye. Bra na bɛdome saa nnipa no ma me.’”
18 Balaam answered: If Balac would give me his house full of silver and gold, I cannot alter the word of the Lord my God, to speak either more or less.
Nanso, Balaam buae se, “Sɛ Balak ma me dwetɛ ne sikakɔkɔɔ a ɛwɔ nʼahemfi hɔ nyinaa mpo a, merentumi nyɛ biribiara mmu saa ahyɛde a Awurade a ɔyɛ me Nyankopɔn no ahyɛ no so.
19 I pray you to stay here this night also, that I may know what the Lord will answer me once more.
Nanso, monna ha mma ade nkye na yɛnhwɛ sɛ Awurade bɛka asɛm foforo bi aka nea waka dedaw no ho anaa.”
20 God therefore came to Balaam in the night, and said to him: It these men be come to call thee, arise and go with them: yet so, that thou do what I shall command thee.
Anadwo no, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Balaam se, “Esiane sɛ nnipa no abɛfrɛ wo no nti, Sɔre na wo ne saa nnipa no nkɔ na mmom, hwɛ yiye na yɛ nea mɛkyerɛ wo sɛ yɛ no nko ara.”
21 Balaam arose in the morning, and saddling his ass went with them.
Ade kyee anɔpa no, ɔhyehyɛɛ nʼafurum, tenaa ne so ne Moab mpanyimfo no sii mu.
22 And God was angry. And an angel of the Lord stood in the way against Balaam, who sat on the ass, and had two servants with him.
Nanso, Onyankopɔn bo fuw Balaam ahopere a ɔde kɔe no; enti ɔsomaa Awurade bɔfo ma ogyinaa akwantemfi sɛ onsiw no kwan. Na Balaam te nʼafurum so a nʼasomfo baanu ka ne ho.
23 The ass seeing the angel standing in the way, with a drawn sword, turned herself out of the way, and went into the field. And when Balaam beat her, and had a mind to bring her again to the way,
Afurum no huu Awurade bɔfo no sɛ okura afoa gyina kwan no mfimfini no, ɔman faa wuram. Balaam hwee no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛfa ɔkwan no so.
24 The angel stood in a narrow place between two walls, wherewith the vineyards were enclosed.
Na Awurade ɔbɔfo no gyina ɔkwan hiahiaa bi a ɛwɔ bobeturo afasu abien ntam.
25 And the ass seeing him, thrust herself close to the wall, and bruised the foot of the rider. But he beat her again:
Bere a afurum no huu Awurade bɔfo no, otwerii ɔfasu no ho maa Balaam nan pemee. Enti Balaam san hwee aboa no.
26 And nevertheless the angel going on to a narrow place, where there was no way to turn aside either to the right hand or to the left, stood to meet him.
Afei, Awurade bɔfo no kɔɔ nʼanim kogyinaa baabi a ɛhɔ kyere pa ara a na afurum no nnya baabi nnan ne ho mfa nifa anaa benkum.
27 And when the ass saw the angel standing, she fell under the feet of the rider: who being angry beat her sides more vehemently with a staff.
Enti obutuw ɔkwan no mu. Balaam bo fuw yiye ma ɔde abaa no hwee no.
28 And the Lord opened the mouth of the ass, and she said: What have I done to thee? Why strikest thou me, lo, now this third time?
Afei, Awurade buee afurum no ano, na obisaa Balaam se, “Mayɛ wo dɛn na nti a wohwe me mprɛnsa saa?”
29 Balaam answered: Because thou hast deserved it, and hast served me ill: I would I had a sword that I might kill thee.
Balaam nso buaa no se, “Woama mayɛ ɔkwasea! Na sɛ mikura afoa a, anka mekum wo mprempren.”
30 The ass said: Am not I thy beast, on which thou hast been always accustomed to ride until this present day? tell me if I ever did the like thing to thee. But he said: Never.
Afurum no nso bisaa no se, “Menyɛ wʼafurum a woatena me so daa de abesi nnɛ? So mayɛ sɛɛ pɛn?” Obuae se, “Dabi.”
31 Forthwith the Lord opened the eyes of Balaam, and he saw the angel standing in the way with a drawn sword, and he worshipped him falling flat on the ground.
Afei, Awurade buee Balaam ani ma ohuu ɔsoro bɔfo no sɛ watwe afoa gyina ɔkwan no mfimfini. Enti ɔde nʼanim butuw fam.
32 And the angel said to him: Why beatest thou thy ass these three times? I am come to withstand thee, because thy way is perverse, and contrary to me:
Awurade bɔfo no bisaa no se, “Adɛn nti na woahwe wʼafurum no mprɛnsa saa? Maba sɛ merebesiw wo kwan, efisɛ wʼakwan mu no wunni ahwɛyie wɔ mʼanim.
33 And unless the ass had turned out of the way, giving place to me who stood against thee, I had slain thee, and she should have lived.
Afurum no huu me a ɔman faa nkyɛn mprɛnsa. Sɛ wamman a, anka mekum wo na magyaa no.”
34 Balaam said: I have sinned, not knowing that thou didst stand against me: and now if it displease thee that I go, I will return.
Balaam ka kyerɛɛ Awurade bɔfo no se, “Mafom. Na minnim sɛ wugyina ɔkwan no mu a worebesiw me kwan. Sɛ wʼani nnye ho a mɛsan akɔ.”
35 The angel said: Go with these men, and see thou speak no other thing than what I shall command thee. He went therefore with the princes.
Awurade bɔfo no ka kyerɛɛ no se, “Wo ne nnipa no nkɔ, nanso asɛm a mɛka akyerɛ wo no nko ara na ka.” Enti Balaam ne Balak mpanyimfo no kɔe.
36 And when Balac heard it he came forth to meet him in a town of the Moabites, that is situate in the uttermost borders of Arnon.
Bere a Balak tee sɛ Balaam reba no, ofii kurow no mu kohyiaa no wɔ Moabfo kurow mu wɔ Arnon hye so, wɔ nʼasase ano.
37 And he said to Balaam: I sent messengers to call thee, why didst thou not come immediately to me? was it because I am not able to reward thy coming?
Balak bisaa Balaam se, “Mamfrɛ wo ɔhare so ana? Adɛn nti na woamma me nkyɛn? So merentumi ntua wo ka ana?”
38 He answered him: Lo, here I am: shall I have power to speak any other thing but that which God shall put in my mouth?
Balaam buae se, “Ɛwɔ mu sɛ maba de, nanso merentumi nka nea mepɛ biara. Asɛm a Onyankopɔn de bɛhyɛ mʼano no nko ara na ɛsɛ sɛ meka.”
39 So they went on together, and came into a city, that was in the uttermost borders of his kingdom.
Balaam kaa Balak ho ne no kɔɔ Kiria-Husot.
40 And when Balac had killed oxen and sheep, he sent presents to Balaam, and to the princes that were with him.
Balak kum anantwi ne nguan bɔɔ afɔre na ɔde mmoa no bi maa Balaam ne ne mpanyimfo a wɔka ne ho.
41 And when morning was come, he brought him to the high places of Baal, and he beheld the uttermost part of the people.
Ade kyee anɔpa no, Balak faa Balaam de no kɔɔ Bamot-Baal atifi. Ofi hɔ too nʼani huu sɛ Israelfo no sam wɔn atenae hɔ.