< Numbers 10 >

1 And the Lord spoke to Moses, saying:
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
2 Make thee two trumpets of beaten silver, wherewith thou mayest call together the multitude when the camp is to be removed.
“Fa dwetɛ a wɔaboro yɛ ntotorobɛnto mmienu na wɔahyɛn de afrɛ nnipa no, na watu ntomadan no akɔ.
3 And when thou shalt sound the trumpets, all the multitude shall gather unto thee to the door of the tabernacle of the covenant.
Sɛ wɔhyɛn ntotorobɛnto mmienu no a, nnipa no bɛhunu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔboa wɔn ho ano wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano.
4 If thou sound but once, the princes and the heads of the multitude of Israel shall come to thee.
Na sɛ wɔhyɛn baako pɛ a, na ɛkyerɛ sɛ Israel mmusua no mu mpanimfoɔ na ɛsɛ sɛ wɔba wo nkyɛn.
5 But if the sound of the trumpets be longer, and with interruptions, they that are on the east side, shall first go forward.
Sɛ mohyɛn de kyerɛ sɛ monkɔ mo anim a, mmusuakuo a wɔwɔ Ahyiaeɛ Ntomadan apueeɛ fam no bɛtu wɔn atenaeɛ hɔ na wɔakɔ.
6 And at the second sounding and like noise of the trumpet, they who lie on the south side shall take up their tents. And after this manner shall the rest do, when the trumpets shall sound for a march.
Sɛ mohyɛn deɛ ɛtɔ so mmienu no a, mmusuakuo a wɔwɔ anafoɔ fam no bɛdi so. Monhyɛn no ntiantia mu mfa nkyerɛ sɛ wɔnkɔ.
7 But when the people is to be gathered together, the sound of the trumpets shall be plain, and they shall not make a broken sound.
Na sɛ mofrɛ nnipa no ma wɔbɛhyia a, momfa ɛkwan foforɔ so nhyɛne ntotorobɛnto no.
8 And the sons of Aaron the priest shall sound the trumpets: and this shall be an ordinance for ever in your generations.
“Aaron mmammarima asɔfoɔ nko ara na wɔbɛma wɔn ɛkwan ama wɔahyɛn ntotorobɛnto no. Yei yɛ mmara a ɛbɛtena hɔ daa afiri awoɔ ntoatoasoɔ so akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.
9 If you go forth to war out of your land against the enemies that fight against you, you shall sound aloud with the trumpets, and there shall be a remembrance of you before the Lord your God, that you may be delivered out of the hands of your enemies.
Sɛ moduru Bɔhyɛ Asase no so na mo ne mo atamfoɔ ko na mohyɛn ntotorobɛnto no a, Awurade, mo Onyankopɔn bɛtie mo na wagye mo afiri mo atamfoɔ nsam.
10 If at any time you shall have a banquet, and on your festival days, and on the first days of your months, you shall sound the trumpets over the holocausts, and the sacrifices of peace offerings, that they may be to you for a remembrance of your God. I am the Lord your God.
Anigyeberɛ mu nso, monhyɛn ntotorobɛnto no. Afe mu dapɔnna nso, monhyɛn. Bosome biara ahyɛaseɛ nso, monhyɛ mfa nnye mo ani wɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ho. Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛkae Onyankopɔn apam a ɔne mo apam no. Na mene Awurade mo Onyankopɔn.”
11 The second year, in the second month, the twentieth day of the month, the cloud was taken up from the tabernacle of the covenant.
Bosome a ɛtɔ so mmienu no ɛda a ɛtɔ so aduonu no a ɛyɛ mfeɛ mmienu a Israelfoɔ firii Misraim no, omununkum no pagyaa ne ho firii Ahyiaeɛ Ntomadan no so,
12 And the children of Israel marched by their troops from the desert of Sinai, and the cloud rested in the wilderness of Pharan.
enti Israelfoɔ no firii Sinai ɛserɛ so hɔ dii omununkum no akyi kɔsii sɛ ɛkɔgyinaa Paran ɛserɛ so.
13 And the first went forward according to the commandment of the Lord by the hand of Moses.
Ɛberɛ a ɛsɛ sɛ wɔtu no duruiɛ no, Awurade nam Mose so ka kyerɛɛ wɔn.
14 The sons of Juda by their troops: whose prince was Nahasson the son of Aminadab.
Akwantuo no mu no, mmusua a wɔhyɛ Yuda abusuakuo no ase, a Aminadab babarima Nahson tua ano na ɔtu wɔn frankaa na wɔdi ɛkan.
15 In the tribe of the sons of Issachar, the prince was Nathanael the son of Suar.
Wɔn a wɔdi so ne Isakar abusuakuo a Suar babarima Netanel na ɔdi wɔn anim.
16 In the tribe of Zabulon, the prince was Eliab the son of Helon.
Sebulon abusuakuo na wɔdi hɔ a Helon babarima Eliab na ɔdi wɔn anim.
17 And the tabernacle was taken down, and the sons of Gerson and Merari set forward, bearing it.
Wɔtutuu Ahyiaeɛ Ntomadan no, na Gerson ne Merari mmusua a wɔfiri Lewifoɔ mu no soaa Ahyiaeɛ Ntomadan no dii wɔn afa wɔ santen no mu.
18 And the sons of Ruben also marched, by their troops and ranks, whose prince was Helisur the son of Sedeur.
Afei, Ruben abusuakuo tuu wɔn frankaa de dii so a Sedeur babarima Elisur na na ɔdi wɔn anim.
19 And in the tribe of Simeon, the prince was Salamiel the son of Surisaddai.
Wɔn a na wɔdi so ne Simeon abusuakuo a Surisadai babarima Selumiel na na ɔdi wɔn anim;
20 And in the tribe of Cad, the prince was Eliasaph the son of Duel.
Gad abusuakuo nso, na Deguel babarima Eliasaf na na ɔdi wɔn anim.
21 Then the Caathites also marched carrying the sanctuary. So long was the tabernacle carried, till they same to the place of setting it up.
Ɛnna Kohatfoɔ no nso na na wɔdi hɔ a wɔsoso kronkronbea hɔ nneɛma. Wɔduruu hɔ no, na wɔahyehyɛ Ahyiaeɛ Ntomadan no wɔ beaeɛ foforɔ hɔ dada.
22 The sons of Ephraim also moved their camp by their troops, in whose army the prince was Elisama the son of Ammiud.
Wɔn a na wɔdi so ne Efraim abusuakuo a na wɔdi wɔn frankaa akyi a Amihud babarima Elisama na ɔdi wɔn anim;
23 And in the tribe of the sons of Manasses, the prince was Gamaliel the son of Phadassur.
ɛnna wɔn a na wɔdi so ne Manase abusuakuo a Pedahsur babarima Gamaliel na na ɔdi wɔn anim;
24 And in the tribe of Benjamin, the prince was Abidan the son of Gedeon.
afei, Benyamin abusuakuo na na wɔdi so a Gideoni babarima Abidan na na ɔdi wɔn anim.
25 The last of all the camp marched the sons of Dan by their troops, in whose army the prince was Ahiezer the son of Ammisaddai.
Wɔn a na wɔtwa toɔ koraa no ne abusuakuo a na Dan abusuakuo frankaa di wɔn anim a na wɔn panin ne Amisadai babarima Ahieser no.
26 And in the tribe of the sons of Aser, the prince was Phegiel the son of Ochran.
Okran babarima Pagiel na na ɔdi Aser abusuakuo anim.
27 And in the tribe of the sons of Nephtali, the prince was Ahira the son of Enan.
Ɛnna na Enan babarima Ahira nso di Naftali abusuakuo anim.
28 This was the order of the camps, and marches of the children of Israel by their troops, when they set forward.
Saa nhyehyɛeɛ yi na mmusuakuo yi faa so tuu wɔn kwan no.
29 And Moses said to Hobab the son of Raguel the Madianite, his kinsman: We are going towards the place which the Lord will give us: come with us, that we may do thee good: for the Lord hath promised good things to Israel.
Ɛda bi, Mose ka kyerɛɛ nʼakonta Hobab, Midiani Reuel ba sɛ, “Yei nyinaa akyi no, yɛrekɔ Bɔhyɛ Asase no so. Bra na yɛnkɔ na yɛbɛhwɛ wo so yie; ɛfiri sɛ, Awurade ahyɛ Israelfoɔ bɔ a emu yɛ den!”
30 But he answered him: I will not go with thee, but I will return to my country, wherein I was born.
Nanso nʼakonta no buaa no sɛ, “Dabi, ɛsɛ sɛ mekɔ mʼasase so ne mʼabusuafoɔ nkyɛn.”
31 And he said: Do not leave us: for thou knowest in what places we should encamp in the wilderness, and thou shalt be our guide.
Mose srɛɛ sɛ, “Tena yɛn nkyɛn, ɛfiri sɛ, wo na wonim sɛdeɛ ɛserɛ so asetena teɛ enti wo ho bɛba mfasoɔ ama yɛn.
32 And if thou comest with us, we will give thee what is the best of the riches which the Lord shall deliver to us.
Sɛ woba a, nneɛma pa a Awurade de bɛma yɛn no nyinaa, wobɛnya bi.”
33 So they marched from the mount of the Lord three days’ journey, and the ark of the covenant of the Lord went before them, for three days providing a place for the camp.
Wɔfiri Awurade Bepɔ so no, wɔnantee nnansa a Awurade Adaka no di wɔn anim sɛ wɔrekɔpɛ baabi a wɔbɛsoeɛ.
34 The cloud also of the Lord was over them by day when they marched.
Wɔfirii wɔn akwantuo no ase awia a wɔrekɔ no nyinaa na Awurade omununkum no di wɔn anim.
35 And when the ark was lifted up, Moses said: Arise, O Lord, and let thy enemies be scattered, and let them that hate thee, flee from before thy face.
Wɔmaa adaka no so kɔɔ wɔn anim kakra no, Mose teaam sɛ, “Ao, Awurade, sɔre! Na hwete wʼatamfoɔ; ma wɔn nyinaa nnwane mfiri wʼanim.”
36 And when it was set down, he said: Return, O Lord, to the multitude of the host of Israel.
Wɔsoɛɛ adaka no, ɔkaa sɛ, “Ao, Awurade, sane bra Israelfoɔ ɔpepe no mu.”

< Numbers 10 >