< Nahum 1 >
1 The burden of Ninive. The book of the vision of Nahum the Elcesite.
Elkosini Nahum anisoadehunu nwoma a ɛyɛ nkɔmhyɛ a ɛfa Ninewe ho.
2 The Lord is a jealous God, and a revenger: the Lord is a revenger, and hath wrath: the Lord taketh vengeance on his adversaries, and he is angry with his enemies.
Awurade yɛ ninkunfoɔ ne aweretɔ Onyankopɔn, Awurade tɔ wedeɛ na abufuo ahyɛ no ma. Awurade tɔ nʼatamfoɔ so wedeɛ na nʼabufuo tena wɔn so.
3 The Lord is patient, and great in power, and will not cleanse and acquit the guilty. The Lord’s ways are in a tempest, and a whirlwind, and clouds are the dust of his feet.
Awurade bo kyɛre fu, na ne tumi so, na ɔtwe ɔfɔdifoɔ aso. Ne kwan wɔ ntwahoframa ne ahum mu, omununkum yɛ ne nan ase mfuturo.
4 He rebuketh the sea, and drieth it up: and bringeth all the rivers to be a desert. Basan languisheth and Carmel: and the dower of Libanus fadeth away.
Ɔteatea ɛpo na ɔma ɛwe; ɔma nsubɔntene nyinaa wewe. Basan ne Karmel twintwam na Lebanon frɔmfrɔmyɛ nso kusa.
5 The mountains tremble at him, and the hills are made desolate: and the earth hath quaked at his presence, and the world, and all that dwell therein.
Mmepɔ woso biribiri nʼanim na nkokoɔ nane. Asase, ewiase ne wɔn a wɔwɔ mu nyinaa woso nʼanim.
6 Who can stand before the face of his indignation? and who shall resist in the fierceness of his anger? his indignation is poured out like fire: and the rocks are melted by him.
Hwan na ɔbɛtumi agyina nʼabufuo ano? Hwan na ɔbɛtumi atena nʼabufuhyeɛ mu? Nʼabufuo hwie te sɛ ogya; abotan yam wɔ nʼanim.
7 The Lord is good and giveth strength in the day of trouble: and knoweth them that hope in him.
Awurade yɛ, ɔyɛ ahohia mu dwanekɔbea. Nʼani wɔ wɔn a wɔde wɔn ho to no so no so.
8 But with a flood that passeth by, he will make an utter end of the place thereof: and darkness shall pursue his enemies.
Nanso, ɔnam nsuyire nwanwasoɔ so bɛma Ninewe aba awieeɛ. Ɔbɛtaa nʼatamfoɔ akɔduru esum kabii mu.
9 What do ye devise against the Lord? he will make an utter end: there shall not rise a double affliction.
Ɛpɔ biara a wɔbɛbɔ atia Awurade no, ɔbɛsɛe no; ɔhaw biara remma ne mprenu so.
10 For as thorns embrace one another: so while they are feasting and drinking together, they shall be consumed as stubble that is fully dry.
Wɔde nkasɛɛ bɛkyekyere wɔn ho, na ɛberɛ a wɔn nsa aboro wɔn no wɔbɛhye wɔn sɛ wira dwaneeɛ a wɔaboa ano.
11 Out of thee shall come forth one that imagineth evil against the Lord, contriving treachery in his mind.
Ao, Ninewe, wo mu na deɛ ɔbɔ ɛpɔ bɔne tia Awurade na ɔtu fo bɔne no firie.
12 Thus saith the Lord: Though they were perfect: and many of them so, yet thus shall they be cut off, and he shall pass: I have afflicted thee, and I will afflict thee no more.
Deɛ Awurade seɛ nie: “Ɛwom sɛ wɔwɔ apamfoɔ a wɔdɔɔso deɛ, nanso wɔbɛsɛe wɔn ama wɔayera. Ao Yuda, ɛwom sɛ mama ɔhaw aba wo so, nanso merenyɛ saa bio.
13 And now I will break in pieces his rod with which he struck thy back, and I will burst thy bonds asunder.
Afei, mɛbubu kɔnnua a ɛda wo kɔn mu na matete nkɔnsɔnkɔnsɔn no mu.”
14 And the Lord will give a commandment concerning thee, that no more of thy name shall be sown: I will destroy the graven and molten thing out of the house of thy God, I will make it thy grave, for thou art disgraced.
Ninewe, Awurade aka ɔhyɛ asɛm a ɛfa wo ho: “Worennya asefoɔ a wo din bɛda wɔn so. Mɛsɛe nsɛsodeɛ a wɔasene ne ahoni a wɔaguo a ɛsisi wʼabosonnan mu no. Mɛsiesie wʼadamena ɛfiri sɛ wadane ayɛ atantanneɛ.”
15 Behold upon the mountains the feet of him that bringeth good tidings, and that preacheth peace: O Juda, keep thy festivals, and pay thy vows: for Belial shall no more pass through thee again, he is utterly cut off.
Hwɛ mmepɔ no so, deɛ a ɔde asɛmpa no ba no anammɔn ɔno na ɔka asomdwoesɛm! Ao, Yuda di wʼafahyɛ na di wɔ bɔhyɛ so. Nnipa bɔne rentu wo so sa bio; Wɔbɛsɛe wɔn pasaa.