< Exodus 31 >
1 And the Lord spoke to Moses, saying:
Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
2 Behold, I have called by name Beseleel the son of Uri the son of Hur of the tribe of Juda,
“Mapaw Besaleel a ɔyɛ Uri babarima na ɔyɛ Hur nena a ofi Yuda abusua mu no
3 And I have filled him with the spirit of God, with wisdom and understanding, and knowledge in all manner of work.
de Onyankopɔn Honhom, nyansa, ntease, nimdeɛ ne nnepa ahorow nyinaa ahyɛ no mma
4 To devise whatsoever may be artificially made of gold, and silver, and brass,
sɛ ɔmfa nyɛ sika, dwetɛ ne kɔbere nnwinne ahorow,
5 Of marble, and precious stones, and variety of wood.
sɛ ɔmfa nyɛ abo ne dua dwumfo ne adwinni ahorow nyinaa.
6 And I have given him for his companion Ooliab the son of Achisamech of the tribe of Dan. And I have put wisdom in the heart of every skillful man, that they may make all things which I have commanded thee,
Bio, mayi Ahisamak ba Oholiab a ofi Dan abusua mu sɛ ɔnyɛ ne boafo. “Ɛno akyi no, mama adwumayɛfo no nyinaa nimdeɛ sononko bi sɛnea ɛbɛyɛ a, wobetumi adi dwuma biara a makyerɛ sɛ munni no:
7 The tabernacle of the covenant, and the ark of the testimony, and the propitiatory that is over it, and all the vessels of the tabernacle,
“Ahyiae Ntamadan, Apam Adaka ne mpata agua ne Ahyiae Ntamadan no mu ahyehyɛde nkae no nyinaa;
8 And the table and the vessels thereof, the most pure candlestick with the vessels thereof, and the altars of incense,
ɔpon no ne so nneɛma, sikakɔkɔɔ kaneadua ne ho nneɛma, ohuam afɔremuka;
9 And of holocaust, and all their vessels, the laver with its foot,
ɔhyew afɔremuka ne ho nneɛma, nsankason ne ne nnyinaso;
10 The holy vestments in the ministry for Aaron the priest, and for his sons, that they may execute their office about the sacred things:
ɔsɔfo Aaron ntade kronkron fɛɛfɛ no ne ne mma ntade bere a wɔsom sɛ asɔfo no;
11 The oil of unction, and the incense of spices in the sanctuary, all things which I have commanded thee, shall they make.
ne ɔsra ngo ne Kronkronbea hɔ aduhuam no. “Ɛsɛ sɛ wɔfa kwan a mɛkyerɛ wo no so na wɔyɛ eyinom nyinaa.”
12 And the Lord spoke to Moses, saying:
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
13 Speak to the children of Israel, and thou shalt say to them: See that thou keep my sabbath: because it is a sign between me and you in your generations: that you may know that I am the Lord, who sanctify you.
“Ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Sɛ edu Homeda a, monhome. Eyi ne nsɛnkyerɛnne a ɛda me ne mo ne awo ntoatoaso a ɛbɛba no ntam, na moahu sɛ mene Awurade a meyɛ mo kronkron no.’
14 Keep you my sabbath: for it is holy unto you: he that shall profane it, shall be put to death: he that shall do my work in it, his soul shall perish out of the midst of his people.
“‘Munni Homeda no, efisɛ ɛyɛ da kronkron. Obiara a obebu saa mmara yi so no, obewu. Na nea ɔbɛyɛ adwuma saa da no nso, wobekum no.
15 Six days shall you do work: in the seventh day is the sabbath, the rest holy to the Lord. Every one that shall do any work on this day, shall die.
Nnansia na mode bɛyɛ adwuma. Na nnanson so no yɛ Homeda a wɔntoto no ase a ɛyɛ kronkron ma Awurade. Ɛsɛ sɛ wokum obiara a ɔbɛyɛ adwuma Homeda no.
16 Let the children of Israel keep the sabbath, and celebrate it in their generations. It is an everlasting covenant
Ɛsɛ sɛ Israelfo no di Homeda no, wonni mma awo ntoatoaso no nhu sɛ ɛyɛ apam afebɔɔ.
17 Between me and the children of Israel, and a perpetual sign. For in six days the Lord made heaven and earth, and in the seventh he ceased from work.
Ɛbɛyɛ daa apam a ɛda me ne Israelfo ntam no ho nsɛnkyerɛnne. Efisɛ nnansia mu na Awurade de bɔɔ ɔsoro ne asase, na ɔhomee da a ɛto so ason no.’”
18 And the Lord, when he had ended these words in mount Sinai, gave to Moses two stone tables of testimony, written with the finger of God.
Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose wɔ Sinai Bepɔw so wiee no, ɔde abo pon abien a ɔde ne nsa akyerɛw Mmaransɛm Du no wɔ so no maa no.