< Exodus 11 >
1 And the Lord said to Moses: Yet one plague more will I bring upon Pharao and Egypt, and after that he shall let you go and thrust you out.
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Mɛma ɔhaw a etwa to aba Farao ne nʼasase so. Na ɛno akyi no, ɔbɛma mo akɔ. Nokware, ne ho bɛpere no sɛ mubefi ne ho ama ɔno ara apam mo afi ɔman no mu.
2 Therefore thou shalt tell all the people that every man ask of his friend, and every woman of her neighbour, vessels of silver, and of gold.
Monka nkyerɛ Israelfo mmarima ne mmaa nyinaa se wɔnsrɛ wɔn amannifo Misraimfo no na wɔmma wɔn sikakɔkɔɔ ne dwetɛ adwinne.”
3 And the Lord will give favour to his people in the sight of the Egyptians. And Moses was a very great man in the land of Egypt, in the sight of Pharao’s servants, and of all the people.
Awurade maa Misraimfo no huu Israelfo no mmɔbɔ, na Mose nso yɛɛ onipa kɛse a na Farao mpanyimfo ne Misraimfo no bu no yiye wɔ ɔman no mu.
4 And he said: Thus said the Lord: At midnight I will enter into Egypt.
Mose bɔɔ Farao amanneɛ se, “Nea Awurade se ni, ‘Anadwo nnɔndumien metwa mu wɔ Misraim asase so.
5 And every firstborn in the land of the Egyptians shall die, from the firstborn of Pharao who sitteth on his throne, even to the first born of the handmaid that is at the mill, and all the firstborn of beasts.
Na Misraim fi biara mu ɔbabarima panyin bewu. Efi Farao babarima panyin so, ne dehye a obedi nʼade, ne somfo mu somfo kumaa koraa ba panyin ne ne nyɛmmoa abakan nyinaa bewuwu.
6 And there shall be a great cry in all the land of Egypt, such as neither hath been before, nor shall be hereafter.
Na owu no ho agyaadwotwa bedu Misraim asase so nyinaa. Awerɛhow a ɛte saa mmaa Misraim asase so da, na bi nso remma da bio.
7 But with all the children of Israel there shall not a dog make the least noise, from man even to beast: that you may know how wonderful a difference the Lord maketh between the Egyptians and Israel.
Na Israelfo mu de, biribiara bɛyɛ dwoodwoo na ɔkraman mpo rempɔw.’ Na ɛbɛma woahu sɛ, Awurade de nsonoe ato Misraimfo ne Israelfo ntam!
8 And all these thy servants shall come down to me, and shall worship me, saying: Go forth thou, and all the people that is under thee: after that we will go out.
Wo mpanyimfo yi nyinaa betu mmirika, adi mʼakyi, akotow asrɛ sɛ, ‘Yɛpa wo kyɛw, fi ha ntɛm na kɔfa wo nkurɔfo nyinaa ka wo ho kɔ.’ Sɛ ɛba saa a ansa na mɛkɔ!” Mose wiee kasa no, ɔde abufuwhyew fii ahemfi hɔ kɔe.
9 And he went out from Pharao exceeding angry. But the Lord said to Moses: Pharao will not hear you, that many signs may be done in the land of Egypt.
Na Awurade aka akyerɛ Mose se, “Asɛm a wobɛka no, Farao rentie. Na ɛno so na megyina ayɛ anwonwade de ada me tumi adi.”
10 And Moses and Aaron did all the wonders that are written, before Pharao. And the Lord hardened Pharao’s heart, neither did he let the children of Israel go out of his land.
Ɛwɔ mu sɛ Mose ne Aaron yɛɛ saa anwonwade no nyinaa wɔ Farao anim de, nanso Awurade pirim ne koma sɛnea ɔremma nnipa no mfi asase no so nkɔ.