< Daniel 12 >

1 But at that time shall Michael rise up, the great prince, who standeth for the children of thy people: and a time shall come such as never was from the time that nations began even until that time. And at that time shall thy people be saved, every one that shall be found written in the book.
“Saa bere no, Mikael, ɔhene babarima titiriw a ɔbɔ wo nkurɔfo ho ban no bɛsɔre. Ahohia bere bi bɛba a, efi aman no mfiase besi saa da no, biribi a ɛte saa nsii da. Nanso saa bere no, wo nkurɔfo no mu biara a wobehu sɛ wɔakyerɛw ne din wɔ nhoma no mu no, wobegye no nkwa.
2 And many of those that sleep in the dust of the earth, shall awake: some unto life everlasting, and others unto reproach, to see it always.
Nnipadɔm a wɔadeda fam wɔ dɔte mu no benyan: ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom nso akɔ aniwu ne daa ahohora mu.
3 But they that are learned shall shine as the brightness of the firmament: and they that instruct many to justice, as stars for all eternity.
Wɔn a wɔyɛ anyansafo no bɛhyerɛn te sɛnea ɔsoro hyerɛn, na wɔn a wɔdan afoforo kɔɔ trenee mu no bɛhyerɛn sɛ nsoromma, daapem.
4 But thou, O Daniel, shut up the words, and seal the book, even to the time appointed: many shall pass over, and knowledge shall be manifold.
Nanso wo Daniel, bobɔw na sɔw nsɛm a ɛwɔ nhoma mmobɔwee no ano kosi awiei bere no. Bebree bekyinkyin akɔpɛ nimdeɛ.”
5 And I Daniel looked, and behold as it were two others stood: one on this side upon the bank of the river, and another on that side, on the other bank of the river.
Afei, me Daniel, mehwɛ huu nnipa baanu bi wɔ mʼanim; ɔbaako gyina asubɔnten no konkɔn so, na ɔbaako nso gyina konkɔn a ɛhwɛ baako no anim no so.
6 And I said to the man that was clothed In linen, that stood upon the waters of the river: How long shall it be to the end of these wonders?
Wɔn mu baako bisaa ɔbarima a ofura nwera a ogyina asu no so no se, “Ebedi nnaahe ansa na anwonwade yi aba mu?”
7 And I heard the man that was clothed in linen, that stood upon the waters of the river: when he had lifted up his right hand, and his left hand to heaven, and had sworn, by him that liveth for ever, that it should be unto a time, and times, and half a time. And when the scattering of the band of the holy people shall be accomplished, all these things shall be finished.
Ɔbarima no a ofura nwera na ɔwɔ asu no so no maa ne nsa nifa ne benkum so kyerɛɛ ɔsoro, na metee sɛ ɔde nea ɔte hɔ daa no kaa ntam se, “Ɛbɛkɔ so saa ara akosi bere bi, mmere bi ne bere sin bi. Sɛ nnipa kronkron no tumisɛe no ba awiei koraa a, wobewie saa nneɛma yi nyinaa.”
8 And I heard, and understood not. And I said: O my lord, what shall be after these things?
Metee, nanso mante ase. Enti mibisae se, “Me Wura dɛn na ebefi eyinom nyinaa mu aba?”
9 And he said: Go, Daniel, because the words are shut up, and sealed until the appointed time.
Na obuae se, “Daniel kɔ, efisɛ wɔabobɔ nsɛm no so, asɔw ano de akosi awiei mmere no.
10 Many shall be chosen, and made white, and shall be tried as fire: and the wicked shall deal wickedly, and none of the wicked shall understand, but the learned shall understand.
Wɔbɛhohoro bebree ho a fi ne nkekae biara renka wɔn ho, nanso atirimɔdenfo bɛkɔ so ayɛ atirimɔden; wɔn mu biara rente ase, nanso anyansafo de wɔbɛte ase.
11 And from the time when the continual sacrifice shall be taken away, and the abomination unto desolation shall be set up, there shall be a thousand two hundred ninety days,
“Efi da a wɔbɛbra daa afɔrebɔ na wɔde akyiwade a ɔsɛe nam ne so bɛba abesi hɔ no bɛyɛ nnafua apem ahannu aduɔkron.
12 Blessed is he that waiteth and cometh unto a thousand three hundred thirty-five days.
Nhyira ne nea ɔtwɛn kosi nnafua apem ahaasa aduasa anum awiei no.
13 But go thou thy ways until the time appointed: and thou shalt rest, and stand in thy lot unto the end of the days.
“Wo Daniel de, tintim kodu awiei. Wobɛhome, na nna no awiei no, wobɛsɔre na woakogye wo kyɛfa a ɛwɔ agyapade no mu.”

< Daniel 12 >