< 1 Chronicles 25 >

1 Moreover David and the chief. officers of the army separated for the ministry the sons of Asaph, and of Heman, and of Idithun: to prophesy with harps, and with psalteries, and with cymbals according to their number serving in their appointed office.
Dawid ne asahene no yiyii mmarima fii Asaf, Heman ne Yedutun mmusua mu sɛ wɔmfa asankuten, mmɛnta ne kyɛnkyɛn mmɔ Onyankopɔn asɛm no dawuru. Wɔn din ne wɔn nnwuma na edidi so yi:
2 Of the sons of Asaph: Zacchur, and Joseph, and Nathania, and Asarela, sons of Asaph: under the hand of Asaph prophesying near the king.
Na Asaf mmabarima no ne: Sakur, Yosef, Netania ne Asarela. Na wɔhyɛ wɔn agya Asaf ase. Ɔno na ɔhene hyɛɛ no ma ɔbɔɔ Onyankopɔn asɛm no dawuru.
3 And of Idithun: the sons of Idithun, Godolias, Serf, Jeseias, and Hasabias, and Mathathias, six, under the hand of their father Idithun, who prophesied with a harp to give thanks and to praise the Lord.
Na Yedutun wɔ mmabarima a wɔne: Gedalia, Seri, Yesaia, Simei, Hasabia ne Matitia. Wɔyɛ baasia a wɔhyɛ wɔn agya ase. Ɔno na ɔhyɛɛ nkɔm, nam sankuten so de aseda ne nkamfo maa Awurade.
4 Of Heman also: the sons of Heman, Bocciau, Mathaniau, Oziel, Subuel, and Jerimoth, Hananias, Hanani, Eliatha, Geddelthi, and Romemthiezer, and Jesbacassa, Mellothi, Othir, Mahazioth:
Na Heman mmabarima din ne: Bukia, Matania, Usiel, Sebuel, Yerimot, Hanania, Hanani, Eliata, Gidalti, Romamti-Eser, Yosbekasa, Maloti, Hotir, ne Mahasiot.
5 All these were the sons of Heman the seer of the king in the words of God, to lift up the horn: and God gave to Heman fourteen sons and three daughters.
Eyinom ne Heman a ɔyɛ ɔhene diyifo no mmabarima. Onyankopɔn dom no mmabarima dunan ne mmabea baasa.
6 All these under their father’s hand were distributed to sing in the temple of the Lord, with cymbals, and psalteries and harps, for the service of the house of the Lord near the king: to wit, Asaph, and Idithun, and Heman.
Na saa mmarima yi nyinaa hyɛ wɔn agyanom ase, na wɔnam so too nnwom wɔ Awurade fi. Wɔn nnwuma ne sɛ wɔbɔ kyɛnkyɛn, mmɛnta ne asankuten wɔ Onyankopɔn fi. Na Asaf, Yedutun ne Heman hyɛ ɔhene no ase.
7 And the number of them with their brethren, that taught the song of the Lord, all the teachers, were two hundred and eighty-eight,
Na wɔatetew wɔn ne wɔn abusuafo nyinaa wɔ nnwom a wɔto wɔ Awurade anim no mu. Na wɔn nyinaa dodow yɛ ahannu aduɔwɔtwe awotwe na wɔn mu biara wɔ nnwonto ho nimdeɛ.
8 And they cast lots by their courses, the elder equally with the younger, the learned and the unlearned together.
Wɔnam ntontobɔ kronkron so yiyii nnwontofo tuatuaa nnwuma ahorow ano a wɔanhwɛ sɛ obi yɛ abofra anaa ɔpanyin, ɔkyerɛkyerɛfo anaa osuani.
9 And the first lot came forth to Joseph, who was of Asaph. The second to Godolias, to him and his sons, and his brethren twelve.
Ntonto a edi kan no bɔɔ Yosef a ofi Asaf abusua mu, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo Ntonto a ɛto so abien no bɔɔ Gedalia, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
10 The third to Zachur, to his sons and his brethren twelve.
Ntonto a ɛto so abiɛsa no bɔɔ Sakur, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
11 The fourth to Isari, to his sons and his brethren twelve.
Ntonto a ɛto so anan no bɔɔ Yisri, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
12 The fifth to Nathania, to his sons and his brethren twelve.
Ntonto a ɛto so anum no bɔɔ Netania, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
13 The sixth to Bocciau, to his sons and his brethren twelve.
Ntonto a ɛto so asia no bɔɔ Bukia, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
14 The seventh to Isreela, to his sons and his brethren twelve.
Ntonto a ɛto so ason no bɔɔ Yesarela, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
15 The eighth to Jesaia, to his sons and his brethren twelve.
Ntonto a ɛto so awotwe no bɔɔ Yesaia, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
16 The ninth to Mathanaias, to his sons and his brethren twelve.
Ntonto a ɛto so akron no bɔɔ Matania, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
17 The tenth to Semeias, to his sons and his brethren twelve.
Ntonto a ɛto so du no bɔɔ Simei, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
18 The eleventh to Azareel, to his sons and his brethren twelve.
Ntonto a ɛto so dubaako no bɔɔ Asarel, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
19 The twelfth to Hasabia, to his sons and his brethren twelve.
Ntonto a ɛto so dumien no bɔɔ Hasabia, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
20 The thirteenth to Subael, to his sons and his brethren twelve.
Ntonto a ɛto so dumiɛnsa no bɔɔ Subael, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
21 The fourteenth to Mathathias, to his sons and his brethren twelve.
Ntonto a ɛto so dunan no bɔɔ Matitia, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
22 The fifteenth to Jerimoth, to his sons and his brethren twelve.
Ntonto a ɛto so dunum no bɔɔ Yeremot, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
23 The sixteenth to Hananias, to his sons and his brethren twelve.
Ntonto a ɛto so dunsia no bɔɔ Hanania, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
24 The seventeenth to Jesbacassa, to his sons and his brethren twelve.
Ntonto a ɛto so dunson no bɔɔ Yosbekasa, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
25 The eighteenth to Hanani, to his sons and his brethren twelve.
Ntonto a ɛto so dunwɔtwe no bɔɔ Hanani, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
26 The nineteenth to Mellothi, to his sons and his brethren twelve.
Ntonto a ɛto so dunkron no bɔɔ Maloti, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
27 The twentieth to Eliatha, to his sons and his brethren twelve.
Ntonto a ɛto so aduonu no bɔɔ Eliata, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
28 The one and twentieth to Othir, to his sons and his brethren twelve.
Ntonto a ɛto so aduonu baako no bɔɔ Hotir, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
29 The two and twentieth to Geddelthi, to his sons and his brethren twelve.
Ntonto a ɛto so aduonu abien no bɔɔ Gidalti, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
30 The three and twentieth to Mahazioth, to his sons and his brethren twelve.
Ntonto a ɛto so aduonu abiɛsa no bɔɔ Mahasiot, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo
31 The four and twentieth to Romemthiezer, to his sons and his brethren twelve.
Ntonto a ɛto so aduonu anan no bɔɔ Romamti-Eser ne ne mmabarima ne nʼabusuafo

< 1 Chronicles 25 >