< Song of Solomon 7 >
1 How beautiful are thy footsteps in sandals, O prince's daughter! The roundings of thy thighs are like jewels, The work of the hands of an artist.
Wo nan ne mpaboa yɛ fɛ, Ao, ɔdehyeɛ babaa! Wʼanantuo a wogyina so te sɛ abohemaa, odwumfoɔ nsa ano adwuma.
2 Thy navel is a round goblet, [which] wanteth not mixed wine; Thy belly a heap of wheat, set about with lilies;
Wo funuma yɛ kuruwa a ɛnni nsa a nsã pa wɔ mu ɛberɛ biara. Wo sisi yɛ atokoɔ a wɔaboa ano na sukooko atwa ho ahyia.
3 Thy two breasts are like two fawns, twins of a gazelle;
Wo nufu te sɛ aforoteɛ mma mmienu, adabɔ mma ntafoɔ.
4 Thy neck is as a tower of ivory; Thine eyes, [like] the pools in Heshbon, By the gate of Bath-rabbim; Thy nose like the tower of Lebanon, Which looketh toward Damascus;
Wo kɔn te sɛ asonse abantenten. Wʼaniwa aba te sɛ Hesbon ntadeɛ a ɛwɔ Bat Rabim ɛpono nkyɛn. Wo hwene te sɛ Lebanon abantenten a ɛkyerɛ Damasko no.
5 Thy head upon thee is like Carmel, And the locks of thy head like purple; The king is fettered by [thy] ringlets!
Wo tiri si so sɛ Karmel Bepɔ. Wo tirinwi te sɛ adehyetoma a wɔadi mu adwinneɛ; wo tirinwi tentene no dwomfa ɔhene.
6 How fair and how pleasant art thou, [my] love, in delights!
Wo ho yɛ fɛ, Ao ɔdɔ, wo ho anikadeɛ ma wo ho yɛ ahomeka.
7 This thy stature is like to a palm-tree, And thy breasts to grape clusters.
Wo siberɛ te sɛ abɛ dua, na wo nufu te sɛ aduaba siaka.
8 I said, I will go up to the palm-tree, I will take hold of the boughs thereof; And thy breasts shall indeed be like clusters of the vine, And the fragrance of thy nose like apples,
Mekaa sɛ, “Mɛforo abɛ dua no; na masɔ nʼaba mu.” Wo nufu nyɛ sɛ bobe siaka, na wo homeɛ mu hwa nyɛ sɛ aprɛ.
9 And the roof of thy mouth like the best wine, ...That goeth down smoothly for my beloved, And stealeth over the lips of them that are asleep.
Na wʼanomu hwa nyɛ sɛ bobesa papa. Ababaawa: Ma bobesa no nkɔ me dɔfoɔ hɔ tee, ɛntene mfa nʼanofafa ne ne se no so brɛoo.
10 I am my beloved's, And his desire is toward me.
Meyɛ me dɔfoɔ dea, na nʼapɛdeɛ ne me.
11 — Come, my beloved, let us go forth into the fields; Let us lodge in the villages.
Bra, me dɔfoɔ; ma yɛnkɔ nkuraase, ma yɛnkɔda nkuraase anadwo baako.
12 We will go up early to the vineyards, We will see if the vine hath budded, [If] the blossom is opening, And the pomegranates are in bloom: There will I give thee my loves.
Ma yɛnkɔ bobefuo mu ntɛm nkɔhwɛ sɛ bobe no agu nhyerɛnne, sɛ nhyerɛnne no apaapae, anaasɛ ateaa no ayɛ frɔmm. Ɛhɔ na mede me dɔ bɛma wo.
13 The mandrakes yield fragrance; And at our gates are all choice fruits, new and old: I have laid them up for thee, my beloved.
Adasoa yi ne hwa, na akɔnnɔduane nyinaa bɛgu yɛn ɛpono ano, foforɔ ne dada, a mede asie ama woɔ, me dɔfoɔ.