< Romans 15 >

1 But we ought, we that are strong, to bear the infirmities of the weak, and not to please ourselves.
Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ den wɔ gyidie mu no tumi te wɔn a wɔyɛ mmerɛ no sintɔ ase. Ɛsɛ sɛ yɛsɔ wɔn ani na yɛansɔ yɛn ara ani.
2 Let each one of us please his neighbour with a view to what is good, to edification.
Yɛn mu biara nkamfo adepa biara ne yɔnko yɛ, mfa nhyɛ no den.
3 For the Christ also did not please himself; but according as it is written, The reproaches of them that reproach thee have fallen upon me.
Kristo mpo anyɛ deɛ ɔpɛ, sɛdeɛ Atwerɛsɛm ka sɛ, “Nnipa a wɔbɔ mo ahohora no bɔ me ahohora nso.”
4 For as many things as have been written before have been written for our instruction, that through endurance and through encouragement of the scriptures we might have hope.
Biribiara a wɔatwerɛ wɔ Atwerɛsɛm no mu no, wɔatwerɛ de kyerɛkyerɛ yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, yɛnam boasetɔ, nkuranhyɛ a Kristo Atwerɛsɛm no de ma yɛn no so bɛnya anidasoɔ.
5 Now the God of endurance and of encouragement give to you to be like-minded one toward another, according to Christ Jesus;
Onyankopɔn a yɛnya boasetɔ ne nkuranhyɛ firi ne nkyɛn no, mma mo honhom mu nkabom na mode adi Kristo Yesu akyi,
6 that ye may with one accord, with one mouth, glorify the God and Father of our Lord Jesus Christ.
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mo nyinaa de akoma korɔ ne ano korɔ bɛkamfo Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no.
7 Wherefore receive ye one another, according as the Christ also has received you to [the] glory of God.
Momma mo ho nka mo ho mo ho mfa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam sɛdeɛ Kristo agye mo no.
8 For I say that Jesus Christ became a minister of [the] circumcision for [the] truth of God, to confirm the promises of the fathers;
Ɛfiri sɛ, meka kyerɛɛ mo sɛ, Kristo Yesu bɛyɛɛ Yudafoɔ ɔsomfoɔ de kyerɛɛ sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ a ɔbɛma ne bɔ a ɔhyɛɛ agyanom no aba mu,
9 and that the nations should glorify God for mercy; according as it is written, For this cause I will confess to thee among [the] nations, and will sing to thy name.
na wama amanamanmufoɔ nso akamfo no wɔ ne mmɔborɔhunu ho, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ, “Yei enti, mɛkamfo wo wɔ amanamanmufoɔ mu; na mato nnwom akamfo wo din.”
10 And again he says, Rejoice, nations, with his people.
Na ɛka bio sɛ, “Mo amanamanmufoɔ, monkamfo Awurade, mo ne ne nkurɔfoɔ, Yudafoɔ.”
11 And again, Praise the Lord, all [ye] nations, and let all the peoples laud him.
Na bio, “Amanamanmufoɔ nyinaa nyi Awurade ayɛ; asase so aman nyinaa monkamfo no.”
12 And again, Esaias says, There shall be the root of Jesse, and one that arises, to rule over [the] nations: in him shall [the] nations hope.
Na bio Yesaia ka sɛ, “Yisai aseni bɛsɔre, deɛ ɔbɛsɔre abɛdi amanaman no so; ɔno na wɔn ani bɛda ne so.”
13 Now the God of hope fill you with all joy and peace in believing, so that ye should abound in hope by [the] power of [the] Holy Spirit.
Anidasoɔ Onyankopɔn no a mogye no die no mfa anigyeɛ ne asomdwoeɛ nhyɛ mo ma, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Honhom Kronkron tumi no bɛma mo anidasoɔ mmorosoɔ.
14 But I am persuaded, my brethren, I myself also, concerning you, that yourselves also are full of goodness, filled with all knowledge, able also to admonish one another.
Me nuanom, mʼankasa mete nka sɛ, papayɛ ahyɛ mo ma, mowɔ nimdeɛ na mobɛtumi akyerɛkyerɛ mo ho mo ho.
15 But I have written to you the more boldly, [brethren, ] in part, as putting you in mind, because of the grace given to me by God,
Mede akokoɔduru atwerɛ abobɔ nneɛma bi so, sɛdeɛ meretwe mo adwene akɔ so bio, ɛsiane adom bi a Onyankopɔn de adom me no enti.
16 for me to be minister of Christ Jesus to the nations, carrying on as a sacrificial service the [message of] glad tidings of God, in order that the offering up of the nations might be acceptable, sanctified by [the] Holy Spirit.
Meyɛ Kristo Yesu ɔsomfoɔ a ɛsɛ sɛ meyɛ asɔfodwuma a mepae mu ka Onyankopɔn Asɛmpa no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, amanamanmufoɔ bɛyɛ afɔrebɔdeɛ a ɛsɔ Onyankopɔn ani a Honhom Kronkron no ate ho.
17 I have therefore [whereof to] boast in Christ Jesus in the things which pertain to God.
Ɛno enti, metumi hoahoa me ho wɔ Kristo Yesu mu wɔ Onyankopɔn som yi mu.
18 For I will not dare to speak anything of the things which Christ has not wrought by me, for [the] obedience of [the] nations, by word and deed,
Deɛ mɛka ho asɛm ara ne sɛdeɛ Kristo nam deɛ maka ne deɛ mayɛ so ama amanamanmufoɔ ayɛ ɔsetie ama Onyankopɔn.
19 in [the] power of signs and wonders, in [the] power of [the] Spirit of God; so that I, from Jerusalem, and in a circuit round to Illyricum, have fully preached the glad tidings of the Christ;
Saa nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ yi yɛ tumi a ɛfiri Honhom no mu. Enti, ɛfiri Yerusalem kɔka Iliriko, mapae mu aka Kristo Asɛmpa no nyinaa.
20 and so aiming to announce the glad tidings, not where Christ has been named, that I might not build upon another's foundation;
Na me botaeɛ ne sɛ, daa mɛka asɛmpa no wɔ mmeammea a wɔntee Kristo ho asɛm da no, na ankɔyɛ sɛ mesii dan wɔ obi fapem so.
21 but according as it is written, To whom there was nothing told concerning him, they shall see; and they that have not heard shall understand.
Mmom sɛdeɛ wɔatwerɛ no: “Wɔn a wɔnkaa ne ho asɛm nkyerɛɛ wɔn no bɛhunu, na wɔn a wɔnteeɛ no nso bɛte aseɛ.”
22 Wherefore also I have been often hindered from coming to you.
Yei enti na ɛberɛ biara a mepɛ sɛ meba mo nkyɛn no, biribi si me ɛkwan.
23 But now, having no longer place in these regions, and having great desire to come to you these many years,
Nanso, seesei a mawie mʼadwuma wɔ saa amantam yi mu, na afei mfeɛ bebree ni a mepɛɛ sɛ anka mɛba abɛhunu mo no enti,
24 whenever I should go to Spain; (for I hope to see you as I go through, and by you to be set forward thither, if first I shall have been in part filled with your company; )
mayɛ mʼadwene sɛ mɛkɔ Spania. Sɛ merekɔ a, mɛpɛ sɛ mɛhunu mo na moaboa me ama makɔ hɔ ɛberɛ a me ne mo atena anigyeɛ so kakra bi no.
25 but now I go to Jerusalem, ministering to the saints;
Seesei ara, merekɔ Yerusalem makɔsom Onyankopɔn manfoɔ a wɔwɔ hɔ no.
26 for Macedonia and Achaia have been well pleased to make a certain contribution for the poor of the saints who [are] in Jerusalem.
Ɛfiri sɛ, asafo a ɛwɔ Makedonia ne Akaia no asi wɔn adwene pi sɛ wɔbɛboa ahiafoɔ a wɔfra Onyankopɔn manfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no mu.
27 They have been well pleased indeed, and they are their debtors; for if the nations have participated in their spiritual things, they ought also in fleshly to minister to them.
Wɔn ara na wɔsii wɔn adwene pi saa, nanso nokorɛm, ɛyɛ wɔn asɛdeɛ sɛ wɔboa saa ahiafoɔ no. Amanamanmufoɔ no nyaa Yudafoɔ honhom no mu nhyira no bi. Ɛno enti na ɛsɛ sɛ amanamanmufoɔ no de wɔn ahodeɛ som Yudafoɔ no.
28 Having finished this therefore, and having sealed to them this fruit, I will set off by you into Spain.
Sɛ mewie saa dwumadie yi na mekɔ wɔn nkyɛn na mede sika a wɔapɛ no nyinaa ma wɔn a, mɛfiri hɔ akɔ Spania. Na sɛ merekɔ a, mɛduru mo hɔ mabɛsra mo.
29 But I know that, coming to you, I shall come in [the] fulness of [the] blessing of Christ.
Sɛ meba mo nkyɛn a, menim sɛ mede Kristo nhyira a ɛboro so no bɛba.
30 But I beseech you, brethren, by our Lord Jesus Christ, and by the love of the Spirit, that ye strive together with me in prayers for me to God;
Anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo ne ɔdɔ a Honhom no de ma me no so hyɛ mo sɛ, mo ne me mmɔ mu mmɔ Onyankopɔn mpaeɛ denden mma me.
31 that I may be saved from those that do not believe in Judaea; and that my ministry which [I have] for Jerusalem may be acceptable to the saints;
Mommɔ mpaeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, asɛm bi rento me wɔ Yudea. Mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔnnye asɛm no nni. Afei nso, mommɔ mpaeɛ mma me som a mɛsom wɔ Yerusalem no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ahotefoɔ a wɔwɔ hɔ no bɛgye atom.
32 in order that I may come to you in joy by God's will, and that I may be refreshed with you.
Sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ a, mede ahosɛpɛ bɛba mo nkyɛn mabɛsra mo.
33 And the God of peace be with you all. Amen.
Asomdwoeɛ Onyankopɔn no ne mo nyinaa ntena. Amen.

< Romans 15 >