< Psalms 104 >

1 Bless Jehovah, O my soul! Jehovah my God, thou art very great; thou art clothed with majesty and splendour;
Me kra, kamfo Awurade! Awurade me Nyankopɔn, woyɛ ɔkɛse! Wɔafura wo tumi ne anuonyam.
2 Covering thyself with light as with a garment, stretching out the heavens like a tent-curtain; —
Ɔde hann akata ne ho sɛ atade; ɔtrɛw ɔsoro mu te sɛ ntamadan,
3 Who layeth the beams of his upper chambers in the waters, who maketh clouds his chariot, who walketh upon the wings of the wind;
na ɔde ne mpia mu mpuran sisi nsu so. Ɔde omununkum yɛ ne teaseɛnam na ɔde nantew mframa ntaban so.
4 Who maketh his angels spirits; his ministers a flame of fire.
Ɔsoma nʼabɔfo sɛ mframa, na ɔsoma nʼasomfo sɛ ogyaframa.
5 He laid the earth upon its foundations: it shall not be removed for ever.
Ɔde asase asi ne fapem so na ɛrenhinhim da.
6 Thou hadst covered it with the deep, as with a vesture; the waters stood above the mountains:
Wode bun kataa so sɛ atade na nsu gyinaa mmepɔw no so.
7 At thy rebuke they fled, at the voice of thy thunder they hasted away; —
Nanso wʼanimka maa nsu no guanee, wʼaprannaa nnyigyei maa woguanee;
8 The mountains rose, the valleys sank, unto the place which thou hadst founded for them; —
Wɔsen faa mmepɔw so, kɔɔ aku mu tɔnn, koguu faako a wode ama wɔn no.
9 Thou hast set a bound which they may not pass over, that they turn not again to cover the earth.
Wotoo ɔhye a wɔrentumi ntra; na wɔammɛkata asase so bio.
10 He sendeth the springs into the valleys: they run among the mountains;
Ɔma nsuwa sen fa abon mu, ɛsen fa mmepɔw ntam.
11 They give drink to every beast of the field; the wild asses quench their thirst.
Wɔma wuram mmoa nyinaa nsu nom; atorɔm de kum wɔn sukɔm.
12 The birds of heaven dwell by them; they give forth their voice from among the branches.
Wim nnomaa nwen wɔn berebuw wɔ nsu no ho; na wɔto nnwom wɔ nnua no mman so.
13 He watereth the mountains from his upper-chambers: the earth is satisfied with the fruit of thy works.
Ofi ne soro mpia mu tɔ nsu gugu mmepɔw so; ne nnwuma so aba mee asase.
14 He maketh the grass to grow for the cattle, and herb for the service of man; bringing forth bread out of the earth,
Ɔma sare fifi ma anantwi, na ɔbɔɔ nnua maa onipa sɛ onnua na ɛmma aduan mfi asase mu:
15 And wine which gladdeneth the heart of man; making [his] face shine with oil; and with bread he strengtheneth man's heart.
nsa a ɛma onipa koma tɔ ne yam, ngo a ɛma onipa anim tɔ so, ne aduan a ekura onipa koma.
16 The trees of Jehovah are satisfied, the cedars of Lebanon, which he hath planted,
Wogugu Awurade nnua no so yiye, Lebanon sida a oduae no.
17 Where the birds make their nests; [as for] the stork, the fir trees are her house.
Ɛsow na nnomaa yɛ wɔn mmerebuw, na asukɔnkɔn nso yɛ nʼatenae wɔ ɔpepaw nnua no mu.
18 The high mountains are for the wild goats; the cliffs, a refuge for the rock-badgers.
Mmepɔw atenten no yɛ wuram mmirekyi de; na abotan yɛ guankɔbea ma ewi.
19 He made the moon for seasons: the sun knoweth its going down.
Ɔsram kyerɛ bere nkyekyɛmu, na owia nim bere a ɔkɔtɔ.
20 Thou makest darkness, and it is night, wherein all the beasts of the forest creep forth:
Wode sum ba ma ɛyɛ adesae na kwae mu mmoa nyinaa kɔ ahayɛ.
21 The young lions roar after the prey, and to seek their food from God.
Gyata bobɔ mu pɛ wɔn hanam, wɔhwehwɛ wɔn aduan fi Onyankopɔn hɔ.
22 The sun ariseth, they retreat, and lay them down in their dens.
Owia pue ma wɔsan wɔn akyi; wɔsan kɔdeda wɔn atu mu.
23 Man goeth forth unto his work, and to his labour until the evening.
Afei, onipa kɔ nʼadwuma so kɔyɛ adwuma ara kosi anwummere.
24 How manifold are thy works, O Jehovah! in wisdom hast thou made them all: the earth is full of thy riches.
Awurade, wo nnwuma dɔɔso! Nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa; wʼabɔde ahyɛ asase so ma.
25 Yonder is the great and wide sea: therein are moving things innumerable, living creatures small and great.
Po na ɛda hɔ tɛtrɛɛ tamaa yi, a abɔde bebree a enni ano; akɛse ne nketewa ahyɛ no ma.
26 There go the ships; [there] that leviathan, which thou hast formed to play therein.
So na ahyɛn di akɔneaba, na ɔdɛnkyɛmmirampɔn a woyɛɛ no di agoru.
27 These all look unto thee, that thou mayest give their food in its season:
Wɔn nyinaa hwɛ wo kwan sɛ wobɛma wɔn wɔn aduan wɔ bere a ɛsɛ mu.
28 That thou givest unto them, they gather; thou openest thy hand, they are filled with good.
Wode ma wɔn a, wɔtase; wubue wo nsam a nnepa mee wɔn.
29 Thou hidest thy face, they are troubled; thou takest away their breath, they expire and return to their dust.
Wode wʼanim hintaw wɔn a, wɔbɔ hu; sɛ wugye wɔn home a, wowuwu na wɔsan kɔ mfutuma mu.
30 Thou sendest forth thy spirit, they are created, and thou renewest the face of the earth.
Sɛ wode wo Honhom no ma wɔn a na wɔabɔ wɔn, na woyɛ asase ani foforo.
31 The glory of Jehovah will endure for ever; Jehovah will rejoice in his works.
Ma Awurade anuonyam ntena hɔ daa; ma Awurade ani nnye ne nnwuma ho,
32 He looketh on the earth, and it trembleth; he toucheth the mountains, and they smoke.
nea ɔhwɛ asase na ɛwosow, na ɔde ne nsa ka mmepɔw a wusiw fi mu ba.
33 I will sing unto Jehovah as long as I live; I will sing psalms to my God while I have my being.
Mɛto dwom ama Awurade me nkwa nna nyinaa; sɛ mete ase yi, mɛto ayeyi dwom ama me Nyankopɔn.
34 My meditation shall be pleasant unto him; I will rejoice in Jehovah.
Ɔmma me mpaebɔ nsɔ nʼani bere a meregye mʼani wɔ Awurade mu yi.
35 Sinners shall be consumed out of the earth, and the wicked shall be no more. Bless Jehovah, O my soul. Hallelujah!
Ma nnebɔneyɛfo nyera wɔ asase so; na amumɔyɛfo ase nhyew. Me kra, kamfo Awurade. Kamfo Awurade.

< Psalms 104 >