< Malachi 3 >
1 Behold, I send my messenger, and he shall prepare the way before me; and the Lord whom ye seek will suddenly come to his temple, and the Angel of the covenant, whom ye delight in: behold, he cometh, saith Jehovah of hosts.
Hwɛ! Mɛsoma me ɔbɔfoɔ a ɔbɛsiesie ɛkwan ama me. Na afei, mpofirim, Awurade a morehwehwɛ no no bɛba nʼasɔredan mu. Na apam no ho ɔbɔfoɔ a mopɛ no no bɛba, sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
2 But who shall endure the day of his coming? and who shall stand when he appeareth? For he will be like a refiner's fire, and like fullers' lye.
Na hwan na ɔbɛtumi agyina ne da a ɔbɛba no ano? Sɛ opue a, hwan na ɔbɛtumi agyina? Ɔbɛyɛ sɛ ogya dɛreɛ a wɔde nane dadeɛ anaa ntoma sifoɔ samina.
3 And he shall sit [as] a refiner and purifier of silver; and he will purify the children of Levi, and purge them as gold and silver; and they shall offer unto Jehovah an oblation in righteousness.
Ɔbɛtena ase sɛ obi a ɔhoa dwetɛ ho. Ɔbɛte Lewifoɔ no ho na wɔayɛ sɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ. Afei Awurade bɛnya mmarimma a wɔde ayɛyɛdeɛ bɛba wɔ kronkronyɛ mu,
4 Then shall the oblation of Judah and Jerusalem be pleasant unto Jehovah, as in the days of old, and as in former years.
na afɔrebɔdeɛ a ɛfiri Yuda ne Yerusalem bɛyɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ mfeɛ a atwam no.
5 And I will come near to you to judgment; and I will be a swift witness against the sorcerers, and against the adulterers, and against the false swearers, and against those that oppress the hired servant in [his] wages, the widow and the fatherless, and that turn aside the stranger [from his right], and fear not me, saith Jehovah of hosts.
“Enti mɛtwe abɛn mo, abɛbu atɛn. Mɛyɛ ntɛm adi adanseɛ atia ntafowayifoɔ, awaresɛefoɔ ne atorofoɔ, wɔn a wɔsisi adwumayɛfoɔ wɔ wɔn akatua ho, wɔn a wɔhyɛ akunafoɔ ne nwisiaa so na wɔbu ntɛnkyea tia ahɔhoɔ na wɔnnsuro me,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
6 For I Jehovah change not, and ye, sons of Jacob, are not consumed.
“Meyɛ Awurade a mennsakyera. Ɛno enti na mo Yakob asefoɔ, wɔnsɛee mo no.
7 Since the days of your fathers have ye departed from my statutes, and have not kept them. Return unto me, and I will return unto you, saith Jehovah of hosts. But ye say, Wherein shall we return?
Ɛfiri mo nananom ɛberɛ so, moatwe mo ho afiri me mmara ho. Moanni so. Monsane mmra me nkyɛn, na me nso mɛba mo nkyɛn,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie. “Nanso mobisa sɛ, ‘Ɛkwan bɛn so na yɛmfa nsane mmra?’
8 Will a man rob God? But ye rob me. And ye say, Wherein do we rob thee? [In] tithes and heave-offerings.
“Onipa bɛtumi abɔ Onyankopɔn korɔno anaa? Nanso, mobɔ me korɔno! Na mobɛbisa sɛ, ‘ɛkwan bɛn so na yɛfa bɔɔ wo korɔno?’ “Wɔ ntotosoɔ dudu ne afɔrebɔdeɛ mu.
9 Ye are cursed with a curse; and me ye rob, [even] this whole nation.
Nnome aba mo so, ɔman mu no nyinaa, ɛfiri sɛ, morebɔ me korɔno.
10 Bring the whole tithe into the treasure-house, that there may be food in my house, and prove me now herewith, saith Jehovah of hosts, if I open not to you the windows of the heavens, and pour you out a blessing, till there be no place for it.
Momfa ntotosoɔ dudu no nyinaa mmra adekoradan no mu, na aduane mmra me fie. Monsɔ me nhwɛ saa ɛkwan yi so, na monhwɛ sɛ meremmue ɔsoro mpomma na merenhwie nhyira bebree ngu mo so a morennya baabi nkora ne nyinaa mpo.” Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
11 And I will rebuke the devourer for your sakes, and he shall not destroy the fruits of your ground; neither shall your vine cast its fruit before the time in the field, saith Jehovah of hosts.
“Meremma mmoa mmɛsɛe mo mfudeɛ na borɔdɔma aba rente ngu wɔ ɛberɛ a ɛmmereɛ,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
12 And all nations shall call you blessed; for ye shall be a delightsome land, saith Jehovah of hosts.
“Na aman no nyinaa bɛka sɛ wɔahyira mo, ɛfiri sɛ, mo asase so bɛyɛ anika,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
13 Your words have been stout against me, saith Jehovah; but ye say, What have we been speaking against thee?
“Moaka nsɛm a ɛmfata atia me, nanso mobisa sɛ, ‘Asɛm bɛn na yɛaka atia wo?’ Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
14 Ye say, It is vain to serve God; and what profit is it that we keep his charge, and that we walk mournfully before Jehovah of hosts?
“Moaka sɛ, ‘Onyankopɔn som yɛ ɔbrɛguo, na yɛdii nʼahyɛdeɛ so na yɛkɔɔ Asafo Awurade anim te sɛ wɔn a wɔredi awerɛhoɔ no, mfasoɔ bɛn na yɛnyaeɛ?
15 And now we hold the proud for happy; yea, they that work wickedness are built up; yea, they tempt God, and they escape.
Afei, wɔfrɛ ɔhantanni no deɛ wɔahyira no. Nokorɛm, nnebɔneyɛfoɔ di yie, na mpo wɔn a wɔne Onyankopɔn di asie no, wɔfa wɔn ho di.’”
16 Then they that feared Jehovah spoke often one to another; and Jehovah observed [it], and heard, and a book of remembrance was written before him for them that feared Jehovah, and that thought upon his name.
Ɛnna wɔn a wɔsuro Awurade no ne wɔn ho wɔn ho kasaeɛ, na Awurade tieeɛ na ɔgyee wɔn so. Wɔn a wɔsuro Awurade na wɔdi ne din ni no, wɔtwerɛɛ wɔn din wɔ nwoma mmobɔeɛ so wɔ nʼanim de yɛɛ nkaeɛ adeɛ.
17 And they shall be unto me a peculiar treasure, saith Jehovah of hosts, in the day that I prepare; and I will spare them as a man spareth his own son that serveth him.
“Wɔbɛyɛ me dea,” sɛdeɛ, Asafo Awurade seɛ nie. Ɛda a mɛkeka me ho no, wɔbɛyɛ mʼahodeɛ a ɛsom bo. Mede wɔn ho bɛkyɛ wɔn, sɛdeɛ agya nya ayamhyehyeɛ de ɔba a ɔyɛ ɔsetie ho kyɛ no no.
18 And ye shall return and discern between the righteous and the wicked, between him that serveth God and him that serveth him not.
Na mobɛhunu nsonsonoeɛ a ɛda ateneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ ntam, ne wɔn a wɔsom Onyankopɔn ne wɔn a wɔnnsom Onyankopɔn no ntam.