< Isaiah 56 >
1 Thus saith Jehovah: Keep ye judgment and do righteousness; for my salvation is near to come, and my righteousness to be revealed.
Sɛɛ na Awurade se: “Monkɔ so mmu atɛntrenee na monyɛ nea eye, efisɛ me nkwagye abɛn na ɛrenkyɛ me trenee bɛda adi.
2 Blessed is the man that doeth this, and the son of man that holdeth fast to it; that keepeth the sabbath from profaning it, and keepeth his hand from doing any evil.
Nhyira nka onipa a ɔyɛ eyi, onipa a okura mu dennen, nea ɔkae Homeda na ɔyɛ no kronkron, na ɔkame ne ho fi bɔneyɛ ho.”
3 And let not the son of the alien, that hath joined himself to Jehovah, speak saying, Jehovah hath entirely separated me from his people; neither let the eunuch say, Behold, I am a dry tree;
Mma ɔnanani a ɔde ne ho ama Awurade nka se, “Ampa ara Awurade renkan me mfra ne nkurɔfo mu.” Na piamni biara nso nwiinwii sɛ, “Meyɛ duwui.”
4 for thus saith Jehovah: Unto the eunuchs that keep my sabbaths, and choose the things that please me, and hold fast to my covenant,
Sɛɛ na Awurade se, “Piamfo a wɔkae me homenna, wɔn a wɔyɛ nea ɛsɔ mʼani na wokura mʼapam mu dennen,
5 even unto them will I give in my house and within my walls a place and a name better than of sons and daughters; I will give them an everlasting name, that shall not be cut off.
mɛma wɔn, wɔ mʼasɔredan ne ho afasu no nkae ade ne din a, ɛkyɛn mmabarima ne mmabea; mɛma wɔn din a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ din a ɛrentwa mu.
6 Also the sons of the alien, that join themselves to Jehovah, to minister unto him and to love the name of Jehovah, to be his servants, every one that keepeth the sabbath from profaning it, and holdeth fast to my covenant;
Na ananafo a wɔde wɔn ho bata Awurade ho sɛ wɔbɛsom no, sɛ wɔbɛdɔ Awurade din, na wɔasɔre no, wɔn a wɔkae Homeda na wɔyɛ no kronkron nyinaa na wokura mʼapam mu dennen,
7 even them will I bring to my holy mountain, and make them joyful in my house of prayer; their burnt-offerings and their sacrifices shall be accepted upon mine altar: for my house shall be called a house of prayer for all the peoples.
eyinom na mede wɔn bɛba me bepɔw kronkron no so na mama wɔn anigye wɔ me mpaebɔfi. Wɔn ɔhyew afɔrebɔde ne afɔrebɔ ahorow no megye wɔ mʼafɔremuka so; na wɔbɛfrɛ me fi aman nyinaa mpaebɔfi.”
8 The Lord Jehovah, who gathereth the outcasts of Israel, saith: Yet will I gather [others] to him, with those of his that are gathered.
Otumfo Awurade, nea ɔboaboa Israelfo a wɔatwa wɔn asu ano no ka se: “Mɛkɔ so aboaboa afoforo ano aka wɔn ho aka wɔn a maboa wɔn ano dedaw no ho.”
9 All ye beasts of the field, come to devour, all ye beasts in the forest.
Mommra, mo wuram mmoadoma nyinaa, mummedidi, mo kwae mu mmoa nyinaa!
10 His watchmen are all of them blind, they are without knowledge; they are all dumb dogs that cannot bark, dreaming, lying down, loving to slumber:
Israel awɛmfo yɛ anifuraefo, wɔn mu biara nni nimdeɛ; wɔn nyinaa yɛ akraman mum, wontumi mmobɔ mu; wɔdeda hɔ na wɔsoso dae, nna yɛ wɔn dɛ.
11 and the dogs are greedy, they know not to be satisfied, and these are shepherds that know not how to discern: they all turn to their own way, every one for his gain, even to the last of them:
Wɔyɛ akraman a wɔpɛ aduan yiye; wonnidi mmee da. Wɔyɛ nguanhwɛfo a wonni ntease; wɔn nyinaa fa wɔn kwan, obiara pɛ nʼankasa mfaso.
12 Come, [say they, ] I will fetch wine, and we will fill ourselves with strong drink; and to-morrow shall be as this day, [and] much more abundant.
“Mommra,” obiara teɛ mu se, “momma me nsa! Momma yɛnnom bobesa mmow! Na ɔkyena bɛyɛ sɛ nnɛ, ebia ɛbɛsen nnɛ koraa.”