< Isaiah 27 >

1 In that day Jehovah, with his sore and great and strong sword, will visit leviathan the fleeing serpent, and leviathan the crooked serpent; and he will slay the monster that is in the sea.
Saa ɛda no, Awurade de nʼakofena bɛtwe aso, ɔde nʼakofena a ɛyɛ hu na ɛso na ɛyɛ nnam no bɛtwe ɔwɔ Lewiatan a ne ho yɛ herɛ a ɔbobɔ ne ho no aso; ɔbɛkum ɛpo mu aboa kɛseɛ a ne ho yɛ hu no.
2 In that day [there shall be] a vineyard of pure wine; sing concerning it:
Saa da no, “To dwom fa bobeturo a ɛso no ho sɛ:
3 I Jehovah keep it, I will water it every moment; lest any harm it, I will keep it night and day.
Me, Awurade, mehwɛ so; megugu so nsuo ɛberɛ biara. Mebɔ ho ban awia ne anadwo sɛdeɛ obiara rensɛe no.
4 Fury is not in me. Oh that I had briars [and] thorns in battle against me! I would march against them, I would burn them together.
Me bo mfuiɛ. Sɛ ɛkaa nwerɛ ne nkasɛɛ nko ara na ɛko tia me a anka mene wɔn de bɛbɔ ani; na mahye wɔn nyinaa.
5 Or let him take hold of my strength; let him make peace with me: [yea, ] let him make peace with me.
Sɛ ɛnte saa deɛ, ma wɔn mmra me nkyɛn mmɛhinta na wɔ ne me mmɛdwene asomdwoeɛ ho, aane, asomdwoeɛ ho na mo ne me mmɛdwene.”
6 In the future Jacob shall take root; Israel shall blossom and bud, and they shall fill the face of the world with fruit.
Nna a ɛreba no mu no, Yakob ase bɛtim, Israel bɛgu nhyerɛnne na anyini fɛɛfɛɛfɛ na ɔde nʼaduaba ahyɛ ewiase nyinaa ma.
7 Hath he smitten him according to the smiting of those that smote him? Is he slain according to the slaughter of those slain by him?
Awurade abɔ Israel sɛdeɛ ɔbɔɔ wɔn a wɔbɔɔ Israel hwee fam no anaa? Awurade akum Israel sɛdeɛ ɔkum wɔn a wɔkum Israel no anaa?
8 In measure, when sending her away, didst thou contend with her: he hath taken [her] away with his rough wind in the day of the east wind.
Wode ɔko ne otukɔ twee Israel aso. Wode mframa a ano yɛ den pam no te sɛ da a apueeɛ mframa bɔ no.
9 By this, therefore, shall the iniquity of Jacob be purged; and this is all the fruit of the taking away of his sin: when he shall make all the stones of the altar as chalkstones that are crumbled in pieces, — the Asherahs and the sun-images shall not stand.
Ɔyɛɛ yei de yɛɛ mpatadeɛ maa Yakob afɔdie; yei na ɛmaa ne bɔne asetuo dii mu pa ara: Ɛno enti ɔbɛbubu Asera afɔrebukyia so aboɔ mu nketenkete, na Asera afɔrebukyia ne nnuhwam afɔrebukyia rensisi hɔ bio.
10 For the fortified city is solitary, a habitation abandoned and forsaken like a wilderness; there shall the calf feed, and there shall he lie down, and consume its boughs.
Kuropɔn a wɔabɔ ho ban no ada mpan; atenaeɛ a wɔafiri so no wɔagya no te sɛ anweatam; ɛhɔ na anantwie mma didie, ɛhɔ na wɔdeda; wɔwe ɛso nnua no mman ma ɛho yɛ kokwakokwa.
11 When its branches are withered they shall be broken off; women shall come [and] set them on fire. For it is a people of no intelligence; therefore he that made them will not have mercy on them, and he who formed them will shew them no favour.
Sɛ nnubaa no wo a, wɔbubu na mmaa bɛfa de kɔsɔ ogya. Na saa nnipa yi nni nteaseɛ enti wɔn yɛfoɔ nhunu wɔn mmɔbɔ, na wɔnnya adom mfiri deɛ ɔbɔɔ wɔn no nkyɛn.
12 And it shall come to pass in that day, that Jehovah shall beat out from the flood of the river unto the torrent of Egypt, and ye shall be gathered one by one, [ye] children of Israel.
Saa ɛda no, Awurade bɛporo wɔn afiri asutene Eufrate akɔsi Misraim asuwa, na mo, Israelfoɔ deɛ, wɔbɛfa mo mmaako mmaako aboaboa mo ano.
13 And it shall come to pass in that day, [that] the great trumpet shall be blown; and they shall come that were perishing in the land of Assyria, and the outcasts in the land of Egypt, and they shall worship Jehovah in the holy mountain at Jerusalem.
Saa ɛda no, wɔbɛhyɛn totorobɛnto kɛseɛ no. Wɔn a na wɔrewuwu wɔ Asiria ne wɔn a na wɔwɔ nnommumfa mu wɔ Misraim bɛba abɛsom Awurade wɔ Yerusalem bepɔ kronkron no so.

< Isaiah 27 >