< 2 Kings 5 >

1 And Naaman, captain of the host of the king of Syria, was a great man before his master, and honourable, for by him Jehovah had given deliverance to Syria; and he was a mighty man of valour, [but] a leper.
Na Aramhene bu Naaman a ɔyɛ akodɔm sahene no yie. Ɛfiri sɛ, ɛnam ne so na Awurade maa Aram dii nkonim akɛseɛ bebree. Ɛwom sɛ na Naaman yɛ ɔkofoɔ kɛseɛ deɛ, nanso na ɔyare kwata.
2 And the Syrians had gone out in bands, and had brought away captive out of the land of Israel a little maid; and she waited on Naaman's wife.
Afei, na Aram akofoɔ adi Israel asase so, na abaawa ketewa bi ka wɔn a wɔkyeree wɔn nnommum no ho. Wɔde saa abaayewa no maa Naaman yere sɛ nʼabaawa.
3 And she said to her mistress, Oh, would that my lord were before the prophet that is in Samaria! then he would cure him of his leprosy.
Ɛda bi, abaawa no ka kyerɛɛ nʼawuraa sɛ, “Sɛ me wura kɔhunu odiyifoɔ no wɔ Samaria a, anka mɛpɛ. Anka ɔbɛsa no yadeɛ ama kwata no afiri ne honam ani.”
4 And he went and told his lord saying, Thus and thus said the maid that is of the land of Israel.
Enti, Naaman kaa asɛm a abaawa a ɔfiri Israel no ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ ɔhene.
5 And the king of Syria said, Well! go, and I will send a letter to the king of Israel. And he departed, and took with him ten talents of silver, and six thousand [shekels] of gold, and ten changes of raiment.
Ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ, na kɔsra odiyifoɔ no. Mɛtwerɛ krataa aka wo ho, na wode akɔma Israelhene.” Enti, Naaman hyɛɛ nʼakwantuo no ase. Ɔfaa dwetɛ akyɛdeɛ kilogram ahasa aduanan, sikakɔkɔɔ kilogram aduosia nkron ne ntadeɛ mmɔho edu.
6 And he brought the letter to the king of Israel, saying, And now, when this letter comes to thee, behold, I have sent Naaman my servant to thee, that thou mayest cure him of his leprosy.
Krataa a ɔde rekɔma Israelhene no mu asɛm ne sɛ, “Menam krataa yi so reda me ɔsomfoɔ Naaman adi, akyerɛ wo. Mepɛ sɛ wosa no yadeɛ ma ne kwata no firi ne honam ani.”
7 And it came to pass when the king of Israel had read the letter, that he rent his garments, and said, Am I God, to kill and to make alive, that this man sends to me to cure a man of his leprosy? Wherefore consider, I pray you, and see how he seeks an occasion against me.
Ɛberɛ a Israelhene kenkan krataa no, ɔde ahometeɛ sunsuanee nʼatadeɛ mu, kaa sɛ, “Saa ɔbarima yi asoma ɔkwatani aba me nkyɛn, sɛ mensa no yadeɛ! Meyɛ Onyankopɔn a metumi kum, sane ma nkwa? Ɔrepɛ ɛkwan bi afa so, anya nnyinasoɔ bi, na wabɛto ahyɛ yɛn so bio.”
8 And it was so, when Elisha the man of God had heard that the king of Israel had rent his garments, that he sent to the king, saying, Why hast thou rent thy garments? let him come now to me, and he shall know that there is a prophet in Israel.
Ɛberɛ a Elisa, Onyankopɔn onipa, tee ɔhene no nsɛnkaeɛ no, ɔtoo nkra kɔmaa no sɛ, “Adɛn enti na woasunsuane wo ntadeɛ mu saa? Soma Naaman na ɔmmra me nkyɛn na ɔbɛhunu sɛ, odiyifoɔ papa bi wɔ Israel.”
9 And Naaman came with his horses and with his chariot, and stood at the doorway of the house of Elisha.
Enti, Naaman faa nʼapɔnkɔ ne ne nteaseɛnam, kɔtwɛn wɔ Elisa fie ɛpono ano.
10 And Elisha sent a messenger to him, saying, Go and wash in the Jordan seven times, and thy flesh shall come again to thee, and thou shalt be clean.
Na Elisa somaa ɔbɔfoɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔhohoro wo ho mprɛnson wɔ Asubɔnten Yordan mu, na wo honam bɛba mu, ama wo kwata no akɔ.”
11 And Naaman was wroth, and went away and said, Behold, I thought, He will certainly come out to me, and stand, and call on the name of Jehovah his God, and wave his hand over the place, and cure the leper.
Na Naaman bo fuiɛ, na ɔsii ɛkwan so. Ɔkaa sɛ, “Na menim sɛ, deɛ ɛbɛyɛ biara no, ɔbɛba abɛhyia me! Na menim sɛ ebia, ɔde ne nsa bɛfa kwata no so, na wabɔ Awurade a, ɔyɛ ne Onyankopɔn no din, nam so asa me yadeɛ.
12 Are not the Abanah and the Pharpar, rivers of Damascus, better than all the waters of Israel? may I not wash in them and be clean? And he turned and went away in a rage.
Nsubɔntene Abana ne Parpar a ɛwɔ Damasko nsene nsubɔntene a ɛwɔ Israel nyinaa? Adɛn enti na menkɔhohoro me ho wɔ mu, na mennya ayaresa?” Enti, Naaman danee ne ho de abufuo sii mu.
13 And his servants drew near, and spoke to him and said, My father, [if] the prophet had bidden thee [do some] great thing, wouldest thou not have done it? how much rather then, when he says to thee, Wash and be clean?
Nanso, ne mpanimfoɔ bɔɔ mmɔden kasa kyerɛɛ no sɛ, “Owura, sɛ odiyifoɔ no kaa sɛ yɛ adwuma kɛseɛ bi a, anka worenyɛ anaa? Ɛno enti, tie asɛm a waka sɛ kɔhohoro wo ho kɛkɛ, na wo ho bɛtɔ wo no, na di so.”
14 Then he went down, and plunged himself seven times in the Jordan, according to the saying of the man of God. And his flesh became again like the flesh of a little child, and he was clean.
Enti, Naaman kɔɔ Asubɔnten Yordan mu, kɔdɔɔ asukɔ mprɛnson, sɛdeɛ Onyankopɔn onipa no hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Ne honam ani daa hɔ te sɛ abɔfra, maa ne kwata no nyinaa kɔeɛ.
15 And he returned to the man of God, he and all his company, and came and stood before him; and he said, Behold, I know that there is no God in all the earth but in Israel; and now, I pray thee, take a present of thy servant.
Naaman ne ne dɔm no sane kɔeɛ, kɔhwehwɛɛ Onyankopɔn onipa no akyiri kwan. Wɔkɔgyinaa nʼanim, maa Naaman kaa sɛ, “Afei na mahunu sɛ Onyankopɔn nni ewiase ha baabiara sɛ Israel nko ara. Afei, mesrɛ wo sɛ, gye mʼakyɛdeɛ yi.”
16 But he said, As Jehovah liveth, before whom I stand, I will receive none! And he urged him to take it; but he refused.
Nanso, Elisa buaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade a mesom no te ase yi, merennye akyɛdeɛ biara.” Ɛwom sɛ Naaman hyɛɛ no biara sɛ ɔnnye akyɛdeɛ no, nanso Elisa annye.
17 And Naaman said, If not, then let there, I pray thee, be given to thy servant two mules' burden of [this] earth; for thy servant will no more offer burnt-offering and sacrifice to other gods, but to Jehovah.
Afei, Naaman kaa sɛ, “Ɛyɛ, ɛnneɛ, ma me ɛkwan na memfa ɛha dɔteɛ atifi mmienu nsoa me mfunumpɔnkɔ mmienu, na memfa nka me ho nkɔ me kurom. Ɛfiri ɛnnɛ, Awurade akyi no, meremmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa afɔdeɛ biara mma onyame bi bio.
18 In this thing Jehovah pardon thy servant: when my master goes into the house of Rimmon to bow down there, and he leans on my hand, and I bow down myself in the house of Rimmon — when I bow down myself in the house of Rimmon, Jehovah pardon thy servant, I pray thee, in this thing.
Na mesrɛ sɛ, Awurade mfa saa bɔne yi nkyɛ me. Sɛ me wura ɔhene rekɔ Rimon abosomfie akɔsom, na mesosɔ ne mu a, me nso mɛkoto enti, Awurade mfa nkyɛ me.”
19 And he said to him, Go in peace. And he departed from him a little way.
Elisa kaa sɛ, “Kɔ asomdwoeɛ mu.” Enti, Naaman sane sii ɛkwan so.
20 And Gehazi, the servant of Elisha the man of God, said, Behold, my master has spared Naaman, this Syrian, in not receiving at his hands that which he brought; but as Jehovah liveth, I will run after him and take somewhat of him.
Nanso, Elisa ɔsomfoɔ Gehasi kaa wɔ ne tirim sɛ, “Anka ɛnsɛ sɛ me wura ma Aramni yi kɔ a wannye akyɛdeɛ yi. Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, mɛti no, na makɔgye biribi afiri ne nkyɛn.”
21 And Gehazi followed after Naaman. And when Naaman saw him running after him, he sprang down from the chariot to meet him, and said, Is all well?
Enti, Gehasi tii no. Ɛberɛ a Naaman hunuu no sɛ ɔde mmirika reba ne so no, ɔsi firii ne teaseɛnam mu kɔhyiaa no. Naaman bisaa no sɛ, “Wobaa no asomdwoeɛ mu anaa?”
22 And he said, All is well. My master has sent me saying, Behold, even now there are come to me from mount Ephraim two young men of the sons of the prophets; give them, I pray thee, a talent of silver, and two changes of raiment.
Gehasi buaa sɛ, “Aane, nanso me wura asoma me sɛ memmɛka nkyerɛ wo sɛ, mmabunu baanu bi a wɔyɛ adiyifoɔ a wɔfiri Efraim kuro a ɛda bepɔ so no mu abɛduru seesei ara. Ɔse ɔrepɛ dwetɛ kilogram aduasa ɛnan ne ntadeɛ nsakyeramu mmienu de ama wɔn.”
23 And Naaman said, Consent to take two talents. And he urged him, and bound two talents of silver in two bags, with two changes of raiment, and laid them upon two of his young men; and they bore them before him.
Naaman kaa sɛ, “Ɛnyɛ asɛm a ɛyɛ den, gye dwetɛ kilogram aduasa ɛnan yi.” Ɔmaa no ntadeɛ nsakyeramu mmienu, kyekyeree sika no wɔ nkotokuo mmienu mu, yii asomfoɔ baanu soaa akyɛdeɛ no, maa Gehasi.
24 And when he came to the hill, he took them from their hand, and stowed them in the house; and he let the men go, and they departed.
Nanso, wɔduruu bepɔ no so no, Gehasi gyee akyɛdeɛ no firii asomfoɔ no nkyɛn, ma wɔsane wɔn akyi kɔeɛ. Afei, ɔde akyɛdeɛ no kɔsiee efie no mu.
25 And he entered in and stood before his master. And Elisha said to him, Whence [comest thou], Gehazi? And he said, Thy servant went no whither.
Ɛberɛ a ɔkɔɔ ne wura Elisa nkyɛn no, ɔbisaa no sɛ, “Gehasi, wokɔɔ he?” Ɔbuaa sɛ, “Menkɔɔ baabiara.”
26 And he said to him, Did not my heart go, when the man turned again from his chariot to meet thee? Is it a time to receive money, and to receive garments, and oliveyards, and vineyards, and sheep, and oxen, and bondmen, and bondwomen?
Nanso, Elisa bisaa no sɛ, “Woanhunu sɛ ɛberɛ a Naaman si firii ne teaseɛnam mu bɛhyiaa wo no, na mewɔ hɔ honhom mu? Saa ɛberɛ yi na ɛsɛ sɛ wogye sika ne ntadeɛ ne ngo dua mfuo ne bobe mfuo ne nnwan ne anantwie ne asomfoɔ?
27 But the leprosy of Naaman shall fasten upon thee, and upon thy seed for ever. And he went out from his presence leprous, as snow.
Deɛ woayɛ yi enti, wo ne wo mma ne wo mma mma bɛyare Naaman kwata no bi afebɔɔ.” Ɛberɛ a Gehasi firii dan no mu no, na kwata ayɛ no a ne ho ahoa ayɛ sɛ sukyerɛmma.

< 2 Kings 5 >