< 2 Kings 11 >

1 And when Athaliah the mother of Ahaziah saw that her son was dead, she rose up and destroyed all the royal seed.
Bere a Yudahene Ahasia, ne na Atalia tee sɛ ne babarima no awu no, ɔkɔe sɛ ɔrekɔsɛe adehyebusua a aka no.
2 But Jehosheba, the daughter of king Joram, the sister of Ahaziah, took Joash the son of Ahaziah and stole him from among the king's sons that were slain, [and hid] him and his nurse in the bedchamber; and they hid him from Athaliah, so that he was not slain.
Nanso Ahasia nuabea Yehoseba a na ɔyɛ ɔhene Yehoram babea no faa Ahasia ba abarimaa ketewa Yoas, yii no fii ɔhene no mma a anka wɔrebekunkum wɔn no mu. Yehoseba de Yoas ne ne gyigyefo kohintaw pia bi mu, sɛnea Atalia renhu no. Ɛno nti, wɔannya abofra no ankum no.
3 And he was with her hid in the house of Jehovah six years. And Athaliah reigned over the land.
Yoas ne nea ogyigye no no hintaw wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ mfe asia, bere a na Atalia di ɔman no so no.
4 And in the seventh year Jehoiada sent and fetched the captains of the hundreds, of the bodyguard and the couriers, and brought them to him into the house of Jehovah, and made a covenant with them, and took an oath of them in the house of Jehovah, and shewed them the king's son.
Atalia adedi mfe ason mu no, ɔsɔfo Yehoiada soma ma wɔkɔfaa Karifo asraafo apaafo ne awɛmfo baa Awurade asɔredan mu hɔ. Ɔne wɔn yɛɛ nhyehyɛe, na ɔma wɔkaa ntam sɛ wobedi nokware wɔ Awurade asɔredan mu hɔ. Afei, ɔde ɔhene babarima Yoas kyerɛɛ wɔn.
5 And he commanded them saying, This is the thing which ye shall do: a third part of you, that come in on the sabbath, shall be keepers of the watch of the king's house;
Yehoiada ka kyerɛɛ wɔn se, “Nea ɛsɛ sɛ moyɛ ni. Mo mu nkyɛmu abiɛsa mu baako a moyɛ adwuma homeda no bɛwɛn ahemfi no.
6 and a third part shall be at the gate of Sur; and a third part at the gate behind the couriers; and ye shall keep the watch of the house for a defence.
Nkyɛmu abiɛsa mu baako nso, nwɛn wɔ Sur pon no ano. Na nkyɛmu abiɛsa mu baako a aka no nso, bɛwɛn ahemfi no akyi. Saa akuw abiɛsa yi nyinaa bɛwɛn ahemfi no.
7 And the two parts of you, all those that go forth on the sabbath, even they shall keep the watch of the house of Jehovah about the king.
Akuw abien a wɔamma adwuma homeda no nso bɛwɛn Awurade asɔredan no ama ɔhene no.
8 And ye shall encompass the king round about, every man with his weapons in his hand; and he that comes within the ranks shall be put to death; and ye shall be with the king when he goes out and when he comes in.
Mobɛyɛ ɔhene ho awɛmfo kuw, a mukurakura mo akode. Onipa biara a wɔmmaa no kwan a ɔbɛbɛn mo no, munkum no. Bere biara, mommɛn ɔhene no.”
9 And the captains of the hundreds did according to all that Jehoiada the priest commanded; and they took every man his men, those that were to come in on the sabbath, with them that were to go forth on the sabbath, and they came to Jehoiada the priest.
Na asahene no dii biribiara a ɔsɔfo Yehoiada hyɛɛ sɛ wɔnyɛ no so pɛpɛɛpɛ. Asahene no faa asraafo a wɔbaa adwuma homeda no ne wɔn a wɔakɔ adwuma da no no. Wɔde wɔn nyinaa baa ɔsɔfo Yehoiada anim.
10 And the priest gave to the captains of the hundreds king David's spears and shields which were in the house of Jehovah.
Ɔmaa wɔn mpeaw ne nkatabo a na bere bi ɛyɛ ɔhene Dawid de a na wɔakora wɔ Awurade asɔredan mu hɔ no.
11 And the couriers stood by the king round about, every man with his weapons in his hand, from the right side of the house to the left side of the house, toward the altar and the house.
Awɛmfo no gyinagyinaa ɔhene no ho hyiae a wokurakura wɔn akode. Wɔsaa so tee fii asɔredan no anafo fam, de kɔfaa atifi fam, ne afɔremuka no ho nyinaa.
12 And he brought forth the king's son, and put the crown upon him, and [gave him] the testimony; and they made him king, and anointed him; and they clapped their hands, and said, Long live the king!
Na Yehoiada de ɔhene babarima Yoas no pue hyɛɛ no ahenkyɛw. Ɔmaa Yoas Onyankopɔn apam no nhwɛso no bi, sii no ɔhene. Wɔsraa no, na nnipa no nyinaa bɔɔ wɔn nsam, teɛteɛɛ mu se, “Ɔhene nkwa so!”
13 And Athaliah heard the noise of the couriers [and] of the people; and she came to the people into the house of Jehovah.
Atalia tee gyegyeegye no a awɛmfo no ne nnipa no reyɛ no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Awurade asɔredan mu hɔ, kɔhwɛɛ nea ɛrekɔ so.
14 And she looked, and behold, the king stood on the dais, according to the custom, and the princes and the trumpeters were by the king; and all the people of the land rejoiced, and blew with trumpets. And Athaliah rent her garments and cried, Conspiracy! Conspiracy!
Ohuu sɛ ɔhene foforo no gyina beae bi a ɛkyerɛ ne tumi wɔ afadum no ho, sɛnea amanne kyerɛ wɔ ahensi mu no. Na mpanyimfo ne torobɛntohyɛnfo atwa ne ho ahyia. Na nnipa a wofi asase no so mmaa nyinaa redi ahurusi rehyɛn torobɛnto. Bere a Atalia huu eyinom nyinaa no, ɔde ahometew sunsuan ne ntade mu teɛteɛɛ mu sɛ, “Amammɔsɛm! Amammɔsɛm!”
15 And Jehoiada the priest commanded the captains of the hundreds that were set over the host, and said to them, Lead her forth without the ranks; and whosoever follows her, slay with the sword; for the priest said, Let her not be put to death in the house of Jehovah.
Na ɔsɔfo Yehoiada hyɛɛ asafohene a wɔhwɛ asraafo no so no sɛ, “Momfa no mfi asɔredan mu ha, na munkum obiara a ɔpɛ sɛ ogye no. Munnkum no wɔ Awurade asɔredan mu ha.”
16 And they made way for her, and she went by the way by which the horses entered the king's house, and there was she put to death.
Enti wɔtwee no de no kɔɔ ɔkwan a apɔnkɔ fa so ba ahemfi hɔ no so, kum no wɔ hɔ.
17 And Jehoiada made a covenant between Jehovah and the king and the people, that they should be the people of Jehovah; and between the king and the people.
Na Yehoiada ne ɔhene no ne ɔmanfo no yɛɛ apam sɛ, wɔbɛyɛ Awurade nkurɔfo. Ɔsan yɛɛ apam too ɔhene no ne nnipa no ntam.
18 Then all the people of the land went into the house of Baal, and broke it down: his altars and his images they broke in pieces completely, and slew Mattan the priest of Baal before the altars. And the priest appointed officers over the house of Jehovah.
Na nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa kɔɔ Baal abosonnan mu, kobubu guu fam. Wobubuu afɔremuka ne ahoni ahorow no nyinaa asinasin, kum Baal kɔmfo Matan nso wɔ afɔremuka no anim. Ɔsɔfo Yehoiada maa awɛmfo wɛn Awurade asɔredan no.
19 And he took the captains of the hundreds, and the bodyguard, and the couriers, and all the people of the land; and they brought down the king from the house of Jehovah, and came by the way through the gate of the couriers into the king's house. And he sat upon the throne of the kings.
Na asahene, Karifo asraafo apaafo, awɛmfo no ne nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa dii ɔhene no akyi, de no pue fii Awurade asɔredan no mu. Wɔfaa awɛmfo no pon no ano, kɔɔ ahemfi hɔ, na ɔhene no kɔtenaa ahengua no so.
20 And all the people of the land rejoiced, and the city was quiet; and they had slain Athaliah with the sword [beside] the king's house.
Enti nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa dii ahurusi, na asomdwoe baa kuropɔn no mu, efisɛ wɔakum Atalia wɔ ahemfi.
21 Jehoash was seven years old when he began to reign.
Yoas bedii ade no, na wadi mfirihyia ason.

< 2 Kings 11 >