< 1 Kings 7 >
1 And Solomon was thirteen years building his own house; and he finished all his house.
Salomo sane sii ɔno ankasa nʼahemfie. Na mfirinhyia dumiɛnsa na ɔde wiee ahemfie no sie.
2 And he built the house of the forest of Lebanon; its length was a hundred cubits, and its breadth fifty cubits, and its height thirty cubits, upon four rows of cedar-pillars, with cedar-beams upon the pillars;
Na wɔfrɛ Salomo adan no mu baako Lebanon Kwaeɛm Ahemfie. Na ne ntentenemu yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduɔson enum, ɛnna ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduanan enum. Na ntweneduro nsamsoɔ no mpunan no deda ntweneduro fadum ɛnan a wɔatoto ahyehyɛ no tee so.
3 and it was covered with cedar above upon the side-chambers, which were on forty-five pillars, fifteen in a row.
Na wɔabɔ ntweneduro nsamsoɔ a ɛtwere mpunan aduanan enum a ɛno nso gugu fadum a wɔatoto, ahyehyɛ no ntentenesoɔ mmiɛnsa mu a, dunum na ɛwɔ ntentenesoɔ baako biara mu.
4 And there were cross-beams in three rows, and window was against window in three ranks.
Afasuo no fa biara, mpomma sesa so mmiɛnsa mmiɛnsa a ɛdidi nhwɛanimu.
5 And all the doors and posts were square, with an architrave; and window was against window in three ranks.
Apono no akwan nyinaa, wɔayɛ no ahinanan mmiɛnsa mmiɛnsa a ɛdidi nhwɛanimu.
6 And he made the porch of pillars; its length was fifty cubits, and its breadth thirty cubits; and there was a porch in front of them; and there were pillars, and steps in front of them.
Ɔsii afadum asa a ne ntentenemu yɛ anammɔn aduɔson enum, na ne tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn aduanan enum. Na ntwonoo a wɔakuru so wɔ animu a ɛsi afadum so.
7 And he made the porch for the throne where he judged, the porch of judgment; and it was covered with cedar from floor to floor.
Na ahennwa asa a na wɔnim no sɛ atemmuo asa nso wɔ hɔ. Ɛhɔ na na Salomo tena, di nsɛm. Na wɔde ntweneduro asam firi fam, de kɔsi nsamsoɔ so.
8 And his house where he dwelt had another court within the porch, which was of the like work. And he made, like to this porch, a house for Pharaoh's daughter, whom Solomon had taken.
Baabi a na Salomo teɛ no twa asɛnniiɛ a ɛwɔ asa no akyi no ho hyia. Ɛkwan korɔ no ara so na wɔfa de siiɛ. Ɔsii ne dan no sɛso de maa Farao babaa a na ɔyɛ ne yerenom no mu baako.
9 All these [buildings] were of costly stones, hewn stones, according to the measures, sawed with saws, within and without, even from the foundation to the coping, and on the outside as far as the great court.
Aboɔ akɛseɛ a wɔatwa no pɛpɛɛpɛ a ne boɔ yɛ den yie na wɔde sii saa adan no.
10 And the foundations were of costly stones, great stones, stones of ten cubits and stones of eight cubits.
Aboɔ a wɔde too ɛdan no fapem no ntentenemu yɛ anammɔn dunum, ɛnna ebi nso ntentenemu yɛ anammɔn dumienu.
11 And above were costly stones, hewn stones, according to the measures, and cedar.
Aboɔ a ne boɔ yɛ den yie a wɔde sii afasuo no nso, na wɔasusu, atwa no pɛpɛɛpɛ a ntweneduro mpunan nso ka ho.
12 And the great court round about had three rows of hewn stones, and a row of cedar-beams; and so it was for the inner court of the house of Jehovah, and the porch of the house.
Adihɔ kɛseɛ no afasuo no nso, wɔto de ntweneduro mpunan aduntire baako biara too aboɔ a wɔatwa aduntire mmiɛnsa biara so, te sɛ afasuo a ɛwɔ Awurade Asɔredan mfimfini mu hɔ a ntwonoo kwan ka ho.
13 And king Solomon sent and fetched Hiram out of Tyre.
Ɔhene Salomo bisaa ɔbarima bi a ɔfiri Tiro a ne din de Huram ase sɛ ɔmfiri Tiro mmra,
14 He was a widow's son of the tribe of Naphtali, and his father was a man of Tyre, a worker in brass; and he was full of wisdom and understanding and knowledge, to do all kinds of works in brass. And he came to king Solomon, and made all his work.
ɛfiri sɛ, na ɔyɛ odwumfoɔ a ɔnim kɔbere mfrafraeɛ ho adwinneɛ yie. Na ɔyɛ Israelni fa, ɛfiri sɛ, ne maame yɛ okunafoɔ a ɔfiri Naftali abusuakuo mu. Nʼagya nso na ɔyɛ adwuma wɔ baabi a wɔnane nnadeɛ wɔ Tiro. Enti, ɔbɛyɛɛ adwuma maa ɔhene Salomo.
15 And he formed the two pillars of brass; the height of one pillar was eighteen cubits, and a line of twelve cubits encompassed the second pillar.
Huram twaa kɔbere mfrafraeɛ afadum mmienu a emu biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduonu nson, ɛnna ne kankomu nso yɛ anammɔn dunwɔtwe.
16 And he made two capitals of molten brass, to set upon the tops of the pillars; the height of the one capital was five cubits, and the height of the other capital was five cubits;
Afadum no apampam no, ɔde kɔbere mfrafraeɛ yɛɛ aduntire a emu biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn nson ne fa.
17 [and] nets of checker-work, wreaths of chain-work, for the capitals which were upon the top of the pillars; seven for the one capital and seven for the other capital.
Ntaasoɔ biara nso, wɔde atena a wɔanwono nson ne nkɔnsɔnkɔnsɔn na ahyehyɛ ho.
18 And he made pomegranates, namely two rows round about upon the one network, to cover the capitals that were upon the top of the pillars; and so he did for the other capital.
Na ɔyɛɛ ateaa nsɛso a ɛsesa so tee mmienu bebaree atena a wɔanwono no de siesiee aduntire a ɛwɔ afadum no atifi.
19 And the capitals that were upon the top of the pillars were of lily-work [as] in the porch, four cubits.
Ntaasoɔ a ɛwɔ afadum a ɛwɔ ntwonoo no mu no, na wɔayɛ no sɛ sukooko a ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn nsia.
20 And the capitals upon the two pillars, above also, close to the enlargement which was behind the network, had two hundred pomegranates in rows round about, [also] on the other capital.
Ntaasoɔ biara a na ɛwɔ afadum mmienu no so no nso, na ateaa nsɛso ahanu a wɔahyehyɛ no tee tee mmienu atwa ho ahyia a, ɛbɛn kankonimu a ɛtoa atena a wɔanwono no so.
21 And he set up the pillars for the porch of the temple; and he set up the right pillar, and called its name Jachin; and he set up the left pillar, and called its name Boaz.
Huram de afadum no sisii Asɔredan no ɛkwan ano a baako kyerɛ anafoɔ fam na baako nso kyerɛ atifi fam. Ɔtoo baako a ɛkyerɛ anafoɔ fam no din Yakin (Ɔde atim hɔ) ɛnna deɛ ɛkyerɛ atifi fam no, ɔtoo no Boas (Ne mu na ahoɔden wɔ).
22 And upon the top of the pillars was lily-work; and the work of the pillars was finished.
Afadum no aduntire no, wɔyɛɛ no sɛ sukooko. Saa na ɔyɛ de wiee afadum no ho adwuma.
23 And he made the sea, molten, ten cubits from brim to brim, round all about; and its height was five cubits; and a line of thirty cubits encompassed it round about.
Afei, Huram twaa dwaresɛn kurukuruwa kɛseɛ bi a ɛfiri ano kɔka ano no yɛ anammɔn dunum. Wɔtoo no edin Ɛpo. Na emu tenten yɛ anammɔn nson ne fa, na ne kankomu nso yɛ anammɔn aduanan enum.
24 And under the brim of it round about there were colocynths, encompassing it, ten in a cubit enclosing the sea round about; two rows of colocynths, cast when it was cast.
Ɛpo no ano pɛɛ na na wɔde nkoraa a wɔadi no adwini atwa ho ahyia. Na nkoraa bɛyɛ nsia a ɛkwan a ɛdeda wɔn ntam yɛ anammɔn baako. Na wɔayɛ ama ayɛ sɛ dwaresɛn no fa bi.
25 It stood upon twelve oxen, three looking toward the north, and three looking toward the west, and three looking toward the south, and three looking toward the east; and the sea was above upon them, and all their hinder parts were inward.
Na Ɛpo no si nsiaseɛ a ɛyɛ kɔbere mfrafraeɛ anantwie dumienu sɛso so. Na wɔn nyinaa ani kyerɛkyerɛ abɔntene. Mmiɛnsa ani kyerɛ atifi fam. Mmiɛnsa ani kyerɛ atɔeɛ fam. Mmiɛnsa kyerɛ anafoɔ fam, ɛnna mmiɛnsa nso ani kyerɛ apueeɛ fam.
26 And its thickness was a hand-breadth, and its brim was like the work of the brim of a cup, with lily-blossoms; it held two thousand baths.
Na Ɛpo no afasuo mu pipiripie bɛyɛ nsateakwaa mmiɛnsa, na ano no ntrɛmu te sɛ bonsua, na na ɛte sɛ sukooko a apaeɛ. Na ɛbɛtumi akora nsuo bɛyɛ gyare mpem dubaako.
27 And he made ten bases of brass: four cubits was the length of one base, and the breadth four cubits, and the height three cubits.
Huram sane yɛɛ nteaseɛnam edu a wɔde twe nsuo a emu biara tentenemu yɛ anammɔn nsia na ne tɛtrɛtɛmu nso yɛ anammɔn nsia, ɛnna ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn ɛnan ne fa.
28 And the work of the bases was this: they had panels, and the panels were between the fillets.
Na sɛdeɛ wɔyɛɛ nteaseɛnam no ne sɛ, ɛwowɔ mfomfamsoɔ ntrawantrawa a wɔabram so.
29 And on the panels that were between the fillets were lions, oxen and cherubim; and over the fillets there was a base above; and beneath the lions and oxen were garlands of festoon-work.
Wɔde agyata, anantwie ne Kerubim a wɔasene siesiee mfomfamsoɔ no ne nnadeɛ a wɔde bram ɛpono akyi no. Agyata no ne anantwie no so ne wɔn ase na wɔagu nhwiren a wɔahyehyɛ, de asiesie wɔn.
30 And every base had four wheels of brass, and axles of brass; and on its four corners were shoulder-pieces: under the laver were shoulder-pieces molten, behind every garland.
Na saa nteaseɛnam no mu biara wɔ kɔbere mfrafraeɛ ntwahonan ɛnan ne kɔbere mfrafraeɛ ntwahodadeɛ. Na nteaseɛnam biara twɛtwɛwa no wɔ nnyinasoɔ afadum de ma kɔbere mfrafraeɛ dwaresɛn no; saa nnyinasoɔ no ho na wɔadi nhwiren a wɔahyehyɛ adwini.
31 And the mouth of it within the crown and above was a cubit; and its mouth was rounded, [as] the work of the base, a cubit and a half; and also upon its mouth was sculpture; but their panels were square, not round.
Nteaseɛnam no biara wɔ nnyinasoɔ kurukuruwa bi wɔ nʼatifi ma dwaresɛn no. Na ɛhwire mu, kɔ soro bɛyɛ anammɔn baako ne fa wɔ teaseɛnam no atifi te sɛ ntaamudeɛ kurukuruwa bi. Na ano a abue no yɛ anammɔn mmienu ne nsateakwaa mmiɛnsa. Ɛho no na wɔde nhwiren a wɔahyehyɛ adwinnie asiesie. Na nteaseɛnam no mfomfamsoɔ no yɛ ahinanan na ɛnyɛ kurukuruwa.
32 And the four wheels were under the panels; and the supports of the wheels were in the base; and the height of a wheel was a cubit and half a cubit.
Mfomfamsoɔ no ase na ntwahonan ɛnan a wɔde atoa ntwahodadeɛ so a wɔagu ne nyinaa atoa mu ayɛ baako no hyehyɛ. Na ɛfiri ntwahonan no kanko ano kɔsi ano yɛ anammɔn mmienu ne nsateakwaa mmiɛnsa,
33 And the work of the wheels was like the work of a chariot wheel: their supports, and their rims, and their spokes and their naves were all molten.
a na ɛte sɛ teaseɛnam a ɛwɔ ntwahonan mmienu. Emu ntwahodadeɛ, mpadeɛ, hankra ne ne brɛmo no nyinaa, wɔde kɔbere mfrafraeɛ na ɛyɛeɛ.
34 And there were four shoulder-pieces to the four corners of one base; of the base itself were its shoulder-pieces.
Na teaseɛnam no ahanan nyinaa nsosɔmu wowɔ hɔ, na ne nyinaa nso, wɔagu atoa mu baako, ma ɛne teaseɛnam no atoa mu.
35 And in the top of the base there was a circular elevation of half a cubit round about; and on the top of the base its stays and its panels were of the same.
Nteaseɛnam no mu biara atifi no, na na hankra bi a ne tɛtrɛtɛ yɛ nsateakwaa nkron wɔ. Nsosɔmu no ne nkyɛnkyɛn mfomfamsoɔ no nso, wɔagu ma ɛne teaseɛnam no atoa mu.
36 And he engraved on the plates of its stays and on its panels cherubim, lions and palm-trees, according to the space upon each; and garlands were round about.
Wɔde Kerubim, agyata ne mmɛdua a wɔasene siesiee mfomfamsoɔ no ne nnyinasoɔ ahodoɔ no ho baabiara a ɛkwan wɔ. Na wɔagu nhwiren a wɔahyehyɛ atwa ho nyinaa ahyia.
37 After this [manner] he made the ten bases: all of them had one casting, one measure, one form.
Nsuo nteaseɛnam edu no, na ne nyinaa akɛseɛ yɛ pɛ, na ne nyinaa sesɛ, na wɔguu ne nyinaa wɔ ade korɔ mu.
38 And he made ten lavers of brass: one laver contained forty baths; every laver was four cubits; upon every one of the ten bases one laver.
Huram sane yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ dwaresɛn edu de maa nteaseɛnam no mu biara. Na dwaresɛn no mu tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nsia a ɛtumi kora nsuo gyare ahanu aduonu.
39 And he put the bases, five on the right side of the house, and five on the left side of the house; and he set the sea on the right side of the house eastward, over against the south.
Ɔhyehyɛɛ nsuo nteaseɛnam no enum wɔ Asɔredan no anafoɔ fam ɛnna enum nso wɔ atifi fam. Wɔde Ɛpo no sii Asɔredan no anafoɔ apueeɛ fam twɛtwɛwa so.
40 And Hiram made the lavers, and the shovels, and the bowls. So Hiram ended doing all the work that he made for king Solomon [for] the house of Jehovah:
Afei, ɔyɛɛ nkukuo, sofi ne dwaresɛn a ɛho hia. Ne korakora no, Huram wiee biribiara a ɔhene Salomo kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ wɔ Awurade Asɔredan no ho:
41 two pillars, and the globes of the capitals that were on the top of the pillars, two; and the two networks, to cover the two globes of the capitals which were on the top of the pillars;
afadum mmienu, aduntire a wɔayɛ no sɛ asansuo mmienu a ɛsisi afadum no atifi, nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu a wɔde asiesie aduntire no,
42 and the four hundred pomegranates for the two networks, two rows of pomegranates for one network, to cover the two globes of the capitals which were upon the pillars;
ateaa nsɛso ahanan a ɛsensɛn nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu aduntire no so (ateaa a wɔahyehyɛ no ntentenesoɔ mmienu a ebiara sa nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛsensɛn aduntire a ɛwɔ afadum no atifi no so no),
43 and the ten bases, and the ten lavers on the bases;
nsuo nteaseɛnam edu a dwaresɛn edu sisi soɔ,
44 and one sea, and the twelve oxen under the sea;
Ɛpo no ne anantwie dumienu a ɛhyehyɛ aseɛ,
45 and the pots, and the shovels, and the bowls. And all these things, which Hiram made king Solomon for the house of Jehovah, were of bright brass.
Nkukuo, sofi ne dwaresɛn. Na nkuku ne nkaka a Huram yɛ maa ɔhene Salomo de guu Awurade Asɔredan mu no nyinaa yɛ kɔbere mfrafraeɛ a wɔapɔ ho.
46 In the plain of the Jordan did the king cast them, in the clay-ground between Succoth and Zaretan.
Ɔhene ma wɔguu no kankua a na ɛwɔ Yordan bɔnhwa a na ɛwɔ Sukot ne Saretan ntam no mu.
47 And Solomon left all the vessels [unweighed] from their exceeding number; the weight of the brass was not ascertained.
Salomo ankari nkuku ne nkaka no, ɛfiri sɛ, na ɛdɔɔso dodo; na kɔbere mfrafraeɛ no mu duru nso, wɔantumi ankari.
48 And Solomon made all the vessels that were [in] the house of Jehovah: the golden altar; and the table of gold, whereon was the shewbread;
Na Salomo de saa nneɛma yi nyinaa siesiee Awurade Asɔredan no mu: sikakɔkɔɔ afɔrebukyia, sikakɔkɔɔ kyerɛ ɛpono a Hyiadan mu Burodo no gu soɔ,
49 and the candlesticks of pure gold, five on the right, and five on the left, before the oracle; and the flowers, and the lamps, and the tongs of gold,
sikakɔkɔɔ kaneadua a ɛnnum sisi anafoɔ fam, na enum sisi atifi fam wɔ kronkron mu kronkron animu hɔ; nhwiren a wɔde asiesie hɔ, nkanea ne nkapɛ a ne nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ,
50 and the basons, and the knives, and the bowls, and the cups, and the censers of pure gold; and the hinges of gold, for the folding-doors of the inner house, the most holy place, [and] for the doors of the house, of the temple.
nkuruwa, nkanea akapɛ, nsisoɔ, nyowaa ne nkyɛnsee a wɔnoa mu nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ nko ara; ɛkwan ano apono a ɛkɔ kronkron mu kronkron ne Asɔredan no mu ne animu nyinaa, wɔde sikakɔkɔɔ duraa ho.
51 And all the work was finished that king Solomon made for the house of Jehovah. And Solomon brought in the things that David his father had dedicated; the silver and the gold and the vessels he put among the treasures of the house of Jehovah.
Ɔhene Salomo wiee Awurade asɔredan no ho adwuma nyinaa. Na Salomo de akyɛdeɛ a nʼagya Dawid ato edin no nyinaa a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nkuku ne nkaka ba bɛkoraa wɔ adekoradan mu wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ.