< 1 Chronicles 14 >

1 And Hiram king of Tyre sent messengers to David, and timber of cedars, with masons and carpenters, to build him a house.
Afei, Tirohene Huram somaa abɔfoɔ ne aboɔ adansifoɔ ne nnua dwumfoɔ kɔɔ Dawid nkyɛn sɛ, wɔnkɔsi ahemfie mma no. Afei, Huram sane de ntweneduro nnua a wɔbɛpae kɔeɛ.
2 And David perceived that Jehovah had established him king over Israel, for his kingdom was highly exalted, because of his people Israel.
Na Dawid hunuu sɛ Awurade de no asi Israel so ɔhene, na ɛsiane Israel enti, wayɛ nʼahennie kɛseɛ.
3 And David took more wives at Jerusalem: and David begot more sons and daughters.
Afei, Dawid waree mmaa bebree wɔ Yerusalem, na ɔwowoo mmammarima ne mmammaa bebree.
4 And these are the names of the children which he had in Jerusalem: Shammua, and Shobab, Nathan, and Solomon,
Dawid mmammarima a wɔwoo wɔn Yerusalem no ne Samua, Sobab, Natan ne Salomo,
5 and Ibhar, and Elishua, and Elpelet,
Yibhar, Elisua, ne Elifelet,
6 and Nogah, and Nepheg, and Japhia,
Noga, Nefeg ne Yafia,
7 and Elishama, and Beeliada, and Eliphelet.
Elisama, Beeliada ne Elifelet.
8 And the Philistines heard that David was anointed king over all Israel, and all the Philistines went up to seek David; and David heard [of it], and went out against them.
Ɛberɛ a Filistifoɔ tee sɛ wɔasra Dawid ngo ama wadi Israel nyinaa so ɔhene no, wɔboaboaa wɔn akodɔm nyinaa ano sɛ, wɔrebɛkye no. Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ wɔreba ne so, enti ɔno nso ne ne mmarima firii kuro no mu kɔhyiaa wɔn.
9 And the Philistines came and spread themselves in the valley of Rephaim.
Na Filistifoɔ no abɛduru Refaim bɔnhwa mu, asɛe hɔ pasaa.
10 And David inquired of God saying, Shall I go up against the Philistines, and wilt thou give them into my hand? And Jehovah said to him, Go up; and I will give them into thy hand.
Enti, Dawid bisaa Onyankopɔn sɛ, “Mempue na me ne Filistifoɔ no nkɔko? Wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa?” Awurade buaa sɛ, “Aane, wo ne wɔn nkɔko, na mɛma woadi wɔn so nkonim.”
11 And they came up to Baal-perazim, and David smote them there; and David said, God has broken in upon mine enemies by my hand, as the breaking forth of waters. Therefore they called the name of that place Baal-perazim.
Enti, Dawid ne nʼakodɔm kɔɔ Baal-Perasim kɔdii Filistifoɔ no so wɔ hɔ. Dawid teaam sɛ, “Onyankopɔn ayɛ! Ɔnam me so ama mabɔ awura mʼatamfoɔ mu te sɛ nsuyire a ano yɛ den.” Enti, wɔtoo beaeɛ hɔ edin Baal-Perasim (a asekyerɛ ne sɛ “Awurade a ɔbɔ wura mu”).
12 And they left their gods there; and David commanded, and they were burned with fire.
Filistifoɔ no gyaa wɔn ahoni nyinaa hɔ enti, Dawid hyɛ maa wɔhyee ne nyinaa.
13 And the Philistines yet again spread themselves in the valley.
Nanso, ankyɛre biara, Filistifoɔ no sane baa bɔnhwa no mu bɛsɛee hɔ.
14 And David inquired again of God; and God said to him, Go not up after them; turn round them and come upon them opposite the mulberry-trees.
Dawid bisaa Onyankopɔn deɛ ɔnyɛ bio. Onyankopɔn buaa sɛ, “Nkɔ tee nkɔto nhyɛ wɔn so. Mmom, fa wɔn ho kɔsi wɔn akyi na monto nhyɛ wɔn so wɔ baabi a ɛbɛn baka nnua no.
15 And it shall be, when thou hearest the sound of marching in the tops of the mulberry-trees, that then thou shalt go out to battle; for God will have gone forth before thee to smite the army of the Philistines.
Na sɛ mote nnyegyeeɛ bi te sɛ nnipa bi a wɔrebɔ nsra nan ase wɔ baka nnua no atifi a, monto nhyɛ wɔn so. Ɛno na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛkyerɛ sɛ, Onyankopɔn adi mo anim rekɔka Filistifoɔ no agu.”
16 And David did as God commanded him; and they smote the army of the Philistines from Gibeon even to Gezer.
Enti, Dawid yɛɛ deɛ Onyankopɔn hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no, na ɔkaa Filistifoɔ akodɔm no guiɛ firi Gibeon de kɔsii Geser.
17 And the fame of David went out into all lands; and Jehovah brought the fear of him upon all the nations.
Na Dawid edin hyetaa baabiara, na Awurade maa aman no nyinaa suroo Dawid.

< 1 Chronicles 14 >