< Leviticus 14 >

1 And the Lord spoke to Moses, saying:
Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose se,
2 This is the rite for a leper, when he is to be cleansed. He shall be brought to the priest,
“Da a wobedwira ɔkwatani ho no, ɛho mmara ni: Wɔde no bɛkɔ akɔma ɔsɔfo,
3 who, departing from the camp, when he has found the leprosy to be cleansed,
na ɔsɔfo no ahwɛ no wɔ nsraban no akyi. Na sɛ ɔsɔfo no hu sɛ kwata no agyae a,
4 shall instruct him who is to be purified to offer for himself two living sparrows, which it is lawful to eat, and cedar wood, and vermillion, and hyssop.
obebisa nnomaa abien bi a wɔwe, na afei wɔde sida dua, koogyan hama ne adwerɛ mman a wɔde bɛyɛ ahodwira ahyɛde ama ɔkwatani no abrɛ no.
5 And he shall order that one of the sparrows be immolated in an earthen vessel over living waters.
Ɔsɔfo no bɛka ama wɔakum nnomaa no mu baako wɔ asanka a nsu wɔ mu so.
6 But the other living one, with the cedar wood, and the scarlet, and the hyssop, he shall dip in the blood of the immolated sparrow.
Na anomaa a wonnya nkum no no nso, wɔde ɔno ne sida dua no ne koogyan hama no ne adwerɛ mman no bɛhyɛ anomaa a wokum no no mogya no mu.
7 And he shall sprinkle him who is to be cleansed seven times, so that he may be purified justly. And he shall release the living sparrow, so that it may fly away into the field.
Na ɔsɔfo no apete mogya no agu ɔkwatani a ne ho afi no so mpɛn ason, na wapae mu aka se ne ho atew na wagyaa anomaa a wonkum no no.
8 And when the man will have washed his clothes, he shall shave all the hair from his body, and he shall be washed with water. And having been purified, he shall enter into the camp, only to this extent: that he may remain outside his own tent for seven days.
“Na ɔyarefo a ne ho atɔ no no bɛhoro ne ntama nyinaa. Obeyi ne ho nwi nyinaa nso. Obeguare na wasan abɛtena faako a kan no na ɔte hɔ no bio; nanso ɛsɛ sɛ ɔtena ne ntamadan akyi nnanson.
9 And on the seventh day he shall shave the hair of his head, and his beard, and his eyebrows, as well as the hair of his entire body. And having washed his clothes again, and his body,
Nnanson no so no, obeyi ne ho nwi nyinaa bio, obeyi nʼabogyesɛ ayi nʼanintɔn nwi na wayi ne ho nwi a aka nyinaa, na waguare, na afei wɔapae mu aka sɛ ne ho atew.
10 on the eighth day, he shall take two immaculate lambs, and a one-year-old female sheep without blemish, and three tenths of fine wheat flour, which has been sprinkled with oil, as a sacrifice, and separately, one twelfth hin of oil.
“Da a edi so a ɛyɛ nnaawɔtwe so no, ɔbɛfa adwennini abien a wɔn ho nni dɛm ne oguamma bere baako a ɔno nso ho nni dɛm, asikresiam muhumuhu lita asia ne fa a wɔde ngo afra ne ngo a wɔmfa mfraa hwee lita fa.
11 And when the priest purifying the man has presented him and all these things in the sight of the Lord at the door of the tabernacle of the testimony,
Afei ɔsɔfo a ɔbɛhwehwɛ ɔyarefo no ho ahwɛ sɛ ne ho atɔ no no de onipa no ne nʼafɔrebɔde bɛba Awurade anim wɔ Ahyiae Ntamadan no ano.
12 he shall take a lamb and offer it for transgression, with the twelfth hin of oil. And having offered all these before the Lord,
“Ɔsɔfo no bɛfa nguantenmma no baako ne ngotoa baako no na ɔde ama Awurade sɛ afɔdi afɔrebɔ a wohim no wɔ afɔremuka no anim.
13 he shall immolate the lamb, where the victim for sin is usually immolated with the holocaust, that is, in the holy place. For just as with the one for sin, so also the victim for transgression belongs to the priest. It is the Holy of holies.
Afei, wobekum oguamma no wɔ beae a wɔbɔ bɔne ne ɔhyew afɔre no wɔ kronkronbea hɔ. Wɔde saa afɔdi afɔrebɔde yi bɛma ɔsɔfo no sɛnea wɔyɛ no bɔne afɔrebɔ mu no ara pɛ. Ɛyɛ afɔrebɔ a ɛyɛ kronkron ankasa.
14 And taking some of the blood of the victim, which was immolated for transgression, the priest shall place it upon the tip of the right ear of him who is being cleansed, and upon the thumb of his right hand, and likewise the foot.
Ɔsɔfo no bɛfa saa afɔdi afɔrebɔde mogya na ɔde akeka ɔyarefo a wɔretew ne ho no aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti.
15 And he shall send some of the twelfth hin of oil into his own left hand,
Afei, ɔsɔfo no bɛfa ngo no bi ahwie agu ne nsa benkum mu
16 and he shall dip his right finger in it, and he shall sprinkle it in the sight of the Lord seven times.
na ɔde ne nsa nifa abɔ mu, na watu apete mpɛn ason wɔ Awurade anim.
17 But the oil which remains in his left hand, he shall pour over the tip of the right ear of him who is being cleansed, and upon the thumb of his right hand as well as the foot, and upon the blood which was shed for transgression,
Ngo no a ɛbɛka ne nsa benkum mu no, ɔsɔfo no de bɛka onipa no aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti sɛnea ɔde afɔdi mogya yɛe wɔ afɔdi afɔrebɔ no mu no ara pɛ.
18 and upon his head.
Ɔde ngo no nkae a ɛwɔ ne nsam no bɛfɔw ɔbarima no ti ho. Eyi bɛkyerɛ sɛ, ɔsɔfo no de ne ho ayɛ mpata ama onipa no wɔ Awurade anim.
19 And he shall pray for him in the sight of the Lord, and he shall accomplish the sacrifice on behalf of sin. Then he shall immolate the holocaust,
“Afei, ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no bɔ bɔne afɔre na ɔsan yɛ mpata ho ade ma onipa a wɔrehohoro ne ho afi ne kwata mu no ho; ɛno akyi no, ɔsɔfo no bekum ɔhyew afɔrebɔde no
20 and place it upon the altar with its libations, and the man will be duly cleansed.
na ɔde abɔ ɛne atoko afɔre wɔ afɔremuka no so de ayɛ mpata ama ɔbarima no na afei, wapae mu aka sɛ ne ho afi no.
21 But if he is poor, and his hand is not able to find what has been said, he shall take a lamb as an offering for transgression, so that the priest may pray for him, and a tenth part of fine wheat flour sprinkled with oil, as a sacrifice, and a twelfth hin of oil,
“Sɛ ɔyɛ ohiani a ɔrentumi ntɔ nguamma abien no a, ɛno de, ɔde oguamma nini baako bɛbɔ afɔdi afɔre no de ama Awurade sɛ mpata a wohim wɔ afɔremuka no anim; na wɔde asikresiam fitaa muhumuhu lita abien ne fa a wɔde ngo afra de abɔ atoko afɔre no a ngo tumpan ka ho.
22 and two turtledoves or two young pigeons, of which one may be for sin, and the other as a holocaust.
Ɛno akyi no, ɔde mmorɔnoma abien anaa nturukuku mma abien mu biara a obenya no mu baako bɛbɔ bɔne afɔre na ɔde baako a ɛbɛka no nso abɔ ɔhyew afɔre.
23 And he shall offer them on the eighth day of his purification to the priest at the door of the tabernacle of the testimony in the sight of the Lord.
“Da a ɛto so awotwe no, ɔde ne nyinaa bɛkɔ akɔma ɔsɔfo no wɔ Ahyiae Ntamadan no ano na ɔsɔfo no de adwira no wɔ Awurade anim.
24 And he, receiving the lamb for transgression, and the twelfth hin of oil, shall lift them up together.
Ɔsɔfo no bɛfa oguamma no de abɔ afɔdi afɔre. Ɔde ngo tumpan ma bɛka ho na wahim wɔ afɔremuka no anim de akyerɛ sɛ, wɔde rema Awurade.
25 And when the lamb has been immolated, he shall place some of its blood upon the tip of the right ear of him who is being cleansed, and upon the thumb of his right hand, as well as the foot.
Afei, wobekum oguamma no de no abɔ afɔdi afɔre na ɔde ne mogya no bi akeka ɔbarima a wɔredwira no no aso nifa ase. Ɔde mogya no bi bɛka ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti.
26 Yet truly, he shall send part of the oil into his own left hand,
Ɔsɔfo no behwie ngo agu ɔno ara ne nsa benkum mu
27 and dipping the finger of his right hand in it, he shall sprinkle it seven times before the Lord.
na ɔde ne nsateaa nifa abɔ mu apete bi mpɛn ason wɔ Awurade anim.
28 And he shall touch the tip of the right ear of him who is being cleansed, and the thumb of his right hand, as well as the foot, in the place of the blood which was shed for transgression.
Na ɛsɛ sɛ ɔde ngo a ɛwɔ ne nsam no bi ka ɔbarima no aso nifa ase ne ne nsa nifa kokurobeti ne ne nan nifa kokurobeti sɛnea ɔyɛɛ mogya no, bere a ɔrebɔ afɔdi afɔre no.
29 But the remaining part of the oil which is in his left hand, he shall send upon the head of the one being purified, to appease the Lord on his behalf.
Ngo no a ɛbɛka wɔ ne nsam no, ɛsɛ sɛ ɔde fɔw ɔbarima a wɔredwira no no ti ho de yɛ mpata wɔ Awurade anim.
30 And he shall offer a turtledove or a young pigeon,
Afei, ɛsɛ sɛ ɔde nturukuku abien anaa mmorɔnoma abien no mu biara a otumi tɔe no ba.
31 one for transgression, and the other as a holocaust, with their libations.
Wɔde abien a onyae no mu baako bɛbɔ bɔne afɔre na baako a aka no, ɔde abɔ ɔhyew afɔre a saa bere no ara mu wɔbɛbɔ atoko afɔre nso, na ɔsɔfo no bɛyɛ mpata ama ɔbarima no wɔ Awurade anim.”
32 This is the sacrifice of a leper, who is not able to obtain all of the things concerning his cleansing.
Eyinom ne mmara a ɛfa wɔn a wɔtew wɔn ho ma wɔn ho fi kwata mu nanso wontumi mfa afɔrebɔde a ɛho hia no nyinaa mma no.
33 And the Lord spoke to Moses and Aaron, saying:
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se,
34 When you will have entered into the land of Canaan, which I will give to you as a possession, if there is the mark of leprosy in a building,
“Sɛ mudu Kanaan asase a mede ama mo no so, na sɛ mede kwata kɔ afi bi mu a,
35 he whose house it is shall go and report to the priest, saying: “It seems to me that the mark of leprosy is in my house.”
ɛno de, ofiwura no nyi ne ho adi nkyerɛ ɔsɔfo no na ɔnka se, ‘Ɛyɛ me sɛ kwata wɔ me fi ha!’
36 And he shall instruct them to carry all things out of the house, before he would enter it and see whether it is leprosy, lest all that is in the house become unclean. And after this, he shall enter to examine the leprosy of the house.
Ɔsɔfo no bɛhyɛ ama wɔatu ofie hɔ nneɛma nyinaa ansa na wahwɛ hɔ sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ ɔka se kwata wɔ fie hɔ a, ɛrengu biribi foforo ho fi wɔ hɔ.
37 And when he will have seen in its walls something like little hollows, deformed with paleness or redness, and lower than the remaining surface,
Sɛ ohu nsensansensan ahabammono anaa kɔkɔɔ wɔ ofie no afasu ho a anonom kɔ afasu no mu a,
38 he shall exit by the door of the house, and immediately close it up for seven days.
ɔbɛto ofi no mu nnanson
39 And returning on the seventh day, he shall examine it. If he finds that the leprosy has spread,
na ne nnanson so no, wasan aba bio abɛhwɛ. Na sɛ nsensansensan awurawura afasu no mu a,
40 he shall order the stones in which the leprosy is, to be dug out and cast outside the city in an unclean place,
ɛno de, ɔsɔfo no bɛhyɛ ama wɔawerɛwerɛw nsisii no afi hɔ na wɔatow nwerɛwerɛwee no agu baabi a ɛhɔ ntew wɔ kurow no akyi baabi.
41 and that the house be scraped on the inside all around, and that the dust of the scrapings be scattered outside the city in an unclean place,
Afei, ɔbɛhyɛ ama afasu a ɛwɔ ofi no mu no, wɔawerɛwerɛw no yiye na wɔatow nwerɛwerɛwee no agu baabi a ɛhɔ ntew wɔ kurow no akyi baabi.
42 and that other stones be put back, in place of those which had been taken away, and that the house be plastered with other mortar.
Na wɔde abo foforo bi abɛhyɛ nea wɔwerɛwerɛw no anan na wɔde dɔte foforo asra ofi no ho.
43 But if, after the stones have been dug out, and the dust wiped away, and it is plastered with other clay,
“Na sɛ nsisii no ba bio a,
44 the priest, upon entering, will have seen that the leprosy has returned, and that the walls are sprinkled with spots, then it is a persistent leprosy and the house is unclean.
ɔsɔfo no bɛba bio abɛhwɛ na sɛ ohu sɛ nsisii no atrɛtrɛw a, na ɛyɛ kwata na ɛkyerɛ sɛ ofi no ho ntew.
45 And so they shall promptly destroy it, and shall cast its stones and timber, and also all the dust, outside the town in an unclean place.
Sɛ ɛba saa a, ɔbɛhyɛ ama wɔabubu ofi no agu. Wɔbɛtwe mmubui no mu abo, nnua ne dɔte no nyinaa afi kurow no mu de akogu kurow no akyi baabi a ɛhɔ ntew.
46 Whoever enters into the house when it is closed up shall be unclean until evening.
“Obiara a obewura ofi a wɔato mu no mu no ho ntew kosi anwummere.
47 And whoever will have slept in it, or eaten anything, shall wash his clothes.
Na obiara a ɔbɛda hɔ anaa obedidi wɔ fie hɔ no bɛhoro ne nneɛma nyinaa.
48 But if the priest, upon entering, will have seen that the leprosy has not spread in the house, after it had been newly plastered, he shall purify it, restoring it to health.
“Na sɛ wɔsra ofi no ho bio na ɔsɔfo no bɛhwɛ na nsisii no mmaa bio a, ɔbɛpae mu aka se wɔatew ofi no ho na kwata no nso kɔ.
49 And for its purification, he shall take two sparrows, and cedar wood, and vermillion, as well as hyssop,
Obedi ofi no ahodwira ho dwuma. Ɔde nnomaa abien, sida dua, asaawa kɔkɔɔ ne adwerɛ mman na ebedi saa dwuma no.
50 and, having immolated one sparrow in an earthen vessel over living waters,
Obekum nnomaa no baako wɔ nsu pa a ɛwɔ asanka mu so,
51 he shall take the cedar wood, and the hyssop, and the scarlet, and the living sparrow, and he shall dip all these in the blood of the immolated sparrow, and also in the living water, and he shall sprinkle the house seven times.
na ɔde sida dua no ne adwerɛ mman ne hama kɔkɔɔ ne anomaa a wonkum no no anu anomaa a wɔakum no nsu pa no so no mogya mu na wɔde apete ofi no mpɛn ason.
52 And he shall purify it as much with the blood of the sparrow as with the living water, and with the living sparrow, and the cedar wood, and the hyssop, and the vermillion.
Wɔyɛ eyi de tew ofi no ho.
53 And when he has released the sparrow to fly freely away into the field, he shall pray for the house, and it shall be justly cleansed.
Afei, obegyaa anomaa a onwui no ama watu akɔ kurow no akyi baabi. Eyi ne ɔkwan a wɔfa so de yɛ mpata de ma ofi san de dwira ho no.”
54 This is the law of every kind of leprosy and plague:
Eyinom ne mmara a ɛfa mmeaemmeae a kwata ba hɔ no ho.
55 of the leprosy of garments and houses,
Sɛ ɛyɛ atade mu anaa ofi mu,
56 of scars and erupting pustules, of a shining spot, when the appearance is also variegated,
anaa ɔhonam ani ahonhon, anaa ɔhyehyew mu mpumpunnya anaa ɔhonam ani baabi a ɛhɔ ayɛ hyerɛnn.
57 so that it can be known at what time a thing is clean or unclean.
Saa ɔkwan yi so na wɔbɛfa ahu sɛ ɛyɛ kwata anaa ɛnyɛ kwata. Eyi nti na wɔhyɛɛ saa mmara yi.

< Leviticus 14 >