< Job 41 >
1 Can you draw out the leviathan with a hook, and can you bind his tongue with a cord?
“So wubetumi de darewa atwe ɔdɛnkyɛmmirampɔn anaa wubetumi de hama akyekyere ne tɛkrɛma?
2 Can you place a ring in his nose, or bore through his jaw with an arm band?
So wubetumi de hama afa ne hwenem, anaasɛ wubetumi de darewa aso nʼabogye mu?
3 Will he offer many prayers to you, or speak to you quietly?
Ɔbɛkɔ so asrɛ wo sɛ hu no mmɔbɔ ana? Ɔne wo bɛkasa brɛoo ana?
4 Will he form a covenant with you, and will you accept him as a servant forever?
Ɔbɛpene ne wo ayɛ apam ama wode no ayɛ wʼakoa afebɔɔ ana?
5 Will you play with him as with a bird, or tether him for your handmaids?
Wubetumi de no ayɛ abɛbɛ te sɛ anomaa anaa wubetumi asa no hama de no ama wo mmabea?
6 Will your friends cut him into pieces, will dealers distribute him?
So aguadifo bɛpɛ sɛ wode no bedi nsesagua? Wɔbɛkyekyɛ ne mu ama aguadifo ana?
7 Will you fill up bags with his hide, and let his head be used as a home for fishes?
Wubetumi de mpeaw awowɔ ne were mu anaasɛ wode mpataa mpɛmɛ bɛwowɔ ne ti ho?
8 Place your hand upon him; remember the battle and speak no more.
Wode wo nsa ka no a, wobɛkae sɛnea ɔbɛwosow ne ho, nti worenyɛ saa bio!
9 Behold, his hope will fail him, and in the sight of all, he will be thrown down.
Ɔkwan biara nni hɔ a wobɛfa so akyere no; ani a ɛbɔ ne so kɛkɛ no ma nnipa dwudwo.
10 I will not rouse him, as the cruel would do, for who is able to withstand my countenance?
Obiara ntumi nsi ne bo nhwanyan no. Afei hena na obetumi ne me adi asi?
11 Who has given to me beforehand, so that I should repay him? All things that are under heaven are mine.
Hena na mede no ka a ɛsɛ sɛ mitua? Biribiara a ɛhyɛ ɔsoro ase no yɛ me de.
12 I will not spare him, nor his powerful words and counterfeit attempts at supplication.
“Me werɛ remfi sɛ mɛka nʼakwaa, nʼahoɔden ne ne bɔbea fɛfɛ no ho asɛm.
13 Who can reveal the beauty of his garment? And who can enter the middle of his mouth?
Hena na obetumi aworɔw ne ho ahama, na hena na ɔde nnareka bɛkɔ ne ho?
14 Who can open the doors of his face? I gave fear to the circle of his teeth.
Hena na obetumi abue nʼabogye, a ɛse a ɛyɛ hu ayɛ no ma no?
15 His body is like shields fused together, like dense scales pressed over one another.
Nʼakyi wɔ bona a ɛsesa so, ɛtetare so a ɔkwan nna mu koraa;
16 One is joined to another, and not even air can pass between them.
sɛnea ɛtetare so fa no nti, mframa biara mfa ntam.
17 They adhere to one another, and they hold themselves in place and will not be separated.
Ɛtoatoa mu denneennen a emu ntumi ntetew.
18 His sneezing has the brilliance of fire, and his eyes are like the eyelids of the morning.
Sɛ ɔnwansi a, ɛpepa gya; nʼaniwa aba te sɛ adekyeenim hann.
19 Lamps proceed from his mouth, like torches of fire burning brightly.
Agyatɛn turuw fi nʼanom na nsramma turuturuw fi mu.
20 Smoke passes out of his nostrils, like a pot that is heated and boiling.
Wusiw sen fi ne hwene mu te sɛ ɔsɛn a esi gya so.
21 His breath causes coal to burn, and a flame comes forth from his mouth.
Ne home ma gyabiriw ano sɔ, na ogyaframa tu fi nʼanom.
22 Strength dwells in his neck, and destitution goes before his presence.
Ne kɔn mu wɔ ahoɔden ankasa; wɔn a wohu no no aba mu bu.
23 The parts of his body work in harmony together. He will send lightning bolts against him, and they will not be carried to another place.
Ne were a abubu agu so no yɛ peperee; ayɛ pemee a ɛnka ne ho.
24 His heart will be as hard as a stone and as dense as a blacksmith’s anvil.
Ne koko so yɛ den sɛ ɔbotan ɛyɛ den sɛ awiyammo.
25 When he will be raised up, the angels will be afraid, and, because they are terrified, they will purify themselves.
Sɛ ɔsɔre a, ahoɔdenfo bɔ huboa; sɛ ɔwosow ne ho a woguan.
26 When a sword catches up with him, it will not be able to settle in, nor a spear, nor a breastplate.
Afoa wɔ no a, ɛnka no, peaw, pɛmɛ ne agyan nso saa ara.
27 For he will consider iron as if it were chaff, and brass as if it were rotten wood.
Ɔfa dade sɛ wura bi na kɔbere mfrafrae te sɛ dua a awu bi ma no.
28 The archer will not cause him to flee; the stones of the sling have been turned into stubble for him.
Agyan mma no nguan; ahwimmo mu aboa yɛ ntɛtɛ ma no.
29 He will treat the hammer as if it were stubble, and he will ridicule those who brandish the spear.
Kontibaa te sɛ sare wɔ nʼani so; na ɔserew pɛmɛ nnyigyei.
30 The beams of the sun will be under him, and he will dispense gold to them as if it were clay.
Abon a ano yɛ nnam tuatua ne yafunu so. Ɔtwe ne ho ase wɔ fam fa dontori mu a, eyiyi akam.
31 He will make the depths of the sea boil like a pot, and he will set it to bubble just as ointments do.
Ɔma bun mu huru sɛ nsu a ɛwɔ ɛsɛn mu na onunu po mu sɛ srade a ɛwɔ kuku mu.
32 A path will shine after him; he will esteem the abyss as if it were weakening with age.
Nea ɔbɛfa no, ɛhɔ nsu no pa yerɛw yerɛw; na obi besusuw sɛ po bun adan ayɛ dwen.
33 There is no power on the earth that is being compared to him, who has been made so that he fears no one.
Asase so biribiara ne no nsɛ. Ɔyɛ abɔde a onsuro hwee.
34 He sees every prominent thing; he is king over all the sons of arrogance.
Ommu wɔn a wɔyɛ ahantan no mu biara; ɔyɛ wɔn a wɔyɛ ahomaso no nyinaa so hene.”