< Jeremiah 16 >

1 And the word of the Lord came to me, saying:
Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
2 “You shall not take a wife, and there shall be no sons or daughters for you in this place.
“Ɛnsɛ sɛ woware na wowo mmabarima anaa mmabea wɔ ha.”
3 For thus says the Lord concerning the sons and daughters who are conceived in this place, and concerning their mothers who give birth to them, and concerning their fathers, from whose stock they have been born in this land:
Sɛɛ na Awurade ka fa mmabarima ne mmabea a wɔwo wɔn asase yi so; mmea a wɔyɛ wɔn nanom ne mmarima a wɔyɛ wɔn agyanom no ho:
4 They will die from grievous mortal illnesses. They will not be mourned, and they will not be buried. They will be like manure on the face of the earth. And they will be consumed by sword and by famine. And their dead bodies will be food for the birds of the air and the beasts of the land.”
“Owuyare bekunkum wɔn. Wɔrensu wɔn na wɔrensie wɔn, mmom wɔbɛyɛ sɛ sumina a egugu fam. Wɔbɛtotɔ afoa ano na ɔkɔm bekunkum wɔn na wɔn afunu bɛyɛ aduan ama wim nnomaa ne asase so mmoa.”
5 For thus says the Lord: “You shall not enter the house of feasting, and you shall not go to mourn or to console them. For I have taken away from this people, says the Lord, my peace, my mercy, and my pity.
“Nhyɛn ofi a ayiyɛ aponto wo mu; nkosu wɔn abia, na mma wɔn hyɛden, efisɛ mayi me nhyira, me dɔ ne mʼahummɔbɔ afi saa nnipa yi so,” Awurade na ose.
6 Both the great and the small will die in this land. They will not be buried, and they will not be mourned. And no one will cut themselves or make themselves bald on their behalf.
Atitiriw ne mpapahwekwa bewuwu wɔ asase yi so. Wɔrensie wɔn na wɔrensu wɔn na obiara remmɔ ne ho kam, na ɔrenyi ne ti wɔ wɔn nti.
7 And they will not break bread among themselves for the sake of him who mourns, so as to console him over the dead. And they will not give them a chalice to drink, so as to console them over their father and mother.
Obiara remma wɔn a wodi awufo no ho awerɛhow no aduan mfa nkyekye wɔn werɛ, owufo no agya anaa ne na mpo, obiara remma wɔn nsa mfa nkyekye wɔn werɛ.
8 And so, you shall not enter the house of feasting, so as to sit with them, and to eat and drink.”
“Na nhyɛn ofi a aponto kɔ so wɔ mu nkɔtena ase, nnidi na nnom.
9 For thus says the Lord of hosts, the God of Israel: “Behold, I will take away from this place, in your sight and in your days, the voice of gladness and the voice of rejoicing, the voice of the groom and the voice of the bride.
Na sɛɛ na Awurade Tumfo, Israel Nyankopɔn no se: Wo nkwanna mu a wʼani tua no, mede ahosɛpɛw ne anigye nnyigyei, ayeforokunu ne ayeforo ahosɛpɛw nne a ɛwɔ ha no bɛba awiei.
10 And when you announce all these words to this people, they will say to you: ‘Why would the Lord pronounce all this great evil against us? What is our iniquity and what is our sin that we have committed against the Lord our God?’
“Sɛ woka eyinom nyinaa kyerɛ saa nnipa yi na wobisa wo se, ‘Adɛn nti na Awurade abɔ atoyerɛnkyɛm a ɛyɛ hu sɛɛ atia yɛn? Dɛn mfomso na yɛayɛ? Bɔne bɛn na yɛayɛ atia Awurade, yɛn Nyankopɔn’ a,
11 And you shall say to them: It is because your fathers abandoned me, says the Lord. And they went after strange gods, and they served them and adored them. And they abandoned me, and they did not keep my law.
ɛno de ka kyerɛ wɔn se, ‘Efisɛ mo agyanom gyaw me hɔ kodii anyame foforo akyi, kɔsom wɔn sɔree wɔn, Awurade asɛm ni. Wogyaw me na wɔanni me mmara so.
12 But you have acted even worse than your fathers. For behold, each one walks after the depravity of his own evil heart, so that he does not listen to me.
Na mo de, moayɛ amumɔyɛsɛm asen mo agyanom. Monhwɛ sɛnea mo mu biara di ne koma bɔne asoɔden akyi wɔ bere a anka ɛsɛ sɛ ɔyɛ osetie ma me.
13 And so, I will cast you out of this land, into a land that you do not know, and that your fathers did not know. And in that place, you will serve, day and night, strange gods who will not give you rest.
Ɛno nti, metu mo afi saa asase yi so de mo akɔ asase a, mo anaasɛ mo agyanom nnim so, na mobɛsom anyame foforo wɔ hɔ awia ne anadwo, na merenhu mo mmɔbɔ.’
14 Therefore, behold, the days are approaching, says the Lord, when it will no longer be said, ‘As the Lord lives, who led the sons of Israel away from the land of Egypt,’
“Nanso nna no reba,” Awurade na ose, “a nnipa renka bio se, ‘Sɛ Awurade te ase yi, nea oyii Israelfo fii Misraim,’
15 but instead, ‘As the Lord lives, who led the sons of Israel away from the land of the north,’ and from all the lands to which I have cast them out. And I will lead them back into their own land, which I gave to their fathers.
mmom, wɔbɛka se, ‘Sɛ Awurade te ase yi nea oyii Israelfo fii atifi fam asase ne aman a otuu wɔn kɔɔ so nyinaa.’ Efisɛ mɛsan de wɔn aba asase a mede maa wɔn tete agyanom no no so.
16 Behold, I will send many fishermen, says the Lord, and they will fish for them. And after this, I will send many hunters to them, and they will hunt for them on every mountain, and on every hilltop, and in the caverns of the rocks.
“Na mprempren, mɛsoma apopofo bebree a wɔbɛkyere wɔn.” Awurade na ose. “Ɛno akyi, mɛsoma akɔfa abɔmmɔfo bebree a wɔbɛtaataa wɔn wɔ mmepɔw ne nkoko nyinaa so ne abotan atokuru mu.
17 For my eyes are upon all their ways. They have not been hidden from my face, and their iniquity has not been concealed from my eyes.
Mʼani tua wɔn akwan nyinaa; enhintaw me, na wɔn bɔne nso nhintaw wɔ mʼani so.
18 But first, I will repay their double iniquities and their sins. For they have defiled my land with the dead bodies of their idols, and they have filled my inheritance with their abominations.”
Metua wɔn amumɔyɛ ne wɔn bɔne so ka mprenu, efisɛ wɔde aniwude nsɛsode a enni nkwa ne wɔn ahoni a ɛyɛ akyiwade abɛhyɛ mʼagyapade so ma de agu mʼasase ho fi.”
19 “O Lord, my strength, and my health, and my refuge in the day of tribulation: the Gentiles will approach you from the ends of the earth, and they will say: ‘Truly, our fathers possessed a lie, an emptiness that has not benefited them.’
Awurade, mʼahoɔden ne mʼabandennen, mʼahohia mu guankɔbea, wo nkyɛn na amanaman no bɛba; wobefi nsase ano aka se, “Yɛn agyanom annya biribiara sɛ anyame huhuw, ahoni a wɔn so nni mfaso na wɔammoa wɔn.
20 How can man make gods for himself, though these are not gods?”
Nnipa yɛ wɔn ankasa anyame ana? Yiw, nanso wɔnyɛ nokware anyame!”
21 “Concerning this, behold: I will make it clear to them, in this turn. I will reveal to them my hand and my virtue. And they will know that the Lord is my name.”
“Ɛno nti mɛkyerɛkyerɛ wɔn, saa bere yi nea mɛkyerɛ wɔn, me tumi ne mʼahoɔden. Afei wobehu sɛ me din ne Awurade.

< Jeremiah 16 >