< Deuteronomy 4 >
1 And now, Israel, hear the ordinances and judgments, all that I teach you this day to do: that ye may live, and be multiplied, and that ye may go in and inherit the land, which the Lord God of your fathers gives you.
Afei, Israel montie mmara ne nhyehyɛeɛ a merebɛkyerɛkyerɛ mo yi yie. Monni so na moanya nkwa, na moatumi akɔ asase a Awurade mo agyanom Onyankopɔn de rema mo no so na moatena hɔ.
2 Ye shall not add to the word which I command you, and ye shall not take from it: keep the commandments of the Lord our God, all that I command you this day.
Mommfa bi nka ho, na monnyi biribiara nso mfiri mmara a Awurade mo Onyankopɔn de ama me sɛ memfa mma mo no mu, na mmom monni so.
3 Your eyes have seen all that the Lord our God did in [the case of] Beel-phegor; for every man that went after Beel-phegor, the Lord your God has utterly destroyed him from among you.
Mode mo ani hunuu deɛ Awurade yɛɛ mo wɔ Baal-peor no. Ɔsɛee nnipa pii a na wɔsom abosom no.
4 But ye that kept close to the Lord your God are all alive to-day.
Nanso, wɔn a na wɔdi Awurade mo Onyankopɔn nokorɛ nyinaa da so te ase bɛsi ɛnnɛ.
5 Behold, I have shewn you ordinances and judgments as the Lord commanded me, that ye should do so in the land into which ye go to inherit it.
Sɛ moduru asase a mobɛtena so no so a, yeinom ne mmara a ɛsɛ sɛ modi so. Ɛfiri Awurade, yɛn Onyankopɔn, nkyɛn. Ɔde ama me sɛ memfa mma mo.
6 And ye shall keep and do them: for this is your wisdom and understanding before all nations, as many as shall hear all these ordinances; and they shall say, Behold, this great nation [is] a wise and understanding people.
Sɛ modi so a, ɛbɛma mo agye nim wɔ adwene ne nyansa mu. Na sɛ aman a wɔatwa mo ho ahyia no te saa mmara yi a, wɔbɛteam sɛ, “Ɔman bɛn na wɔwɔ nyansa ne adwene sɛ Israel!”
7 For what manner of nation [is so] great, which has God so near to them as the Lord our God [is] in all things in whatsoever we may call upon him?
Ɔman kɛseɛ bɛn na ɛwɔ onyame a ɔbɛn wɔn pɛɛ te sɛ Awurade, yɛn Onyankopɔn, a yɛfrɛ no a ɔgye yɛn so yi?
8 And what manner of nation [is so] great, which has righteous ordinances and judgments according to all this law, which I set before you this day?
Na ɔman bɛn na ɛwɔ edin sei a ɛwɔ mmara pa te sɛ saa mmara yi a mede rema mo ɛnnɛ yi?
9 Take heed to thyself, and keep thy heart diligently: forget not any of the things, which thine eyes have seen, and let them not depart from thine heart all the days of thy life; and thou shalt teach thy sons and thy sons' sons,
Monhwɛ yie! Monhwɛ yie pa ara na mo werɛ amfiri deɛ moahunu sɛ Awurade yɛ ma mo. Sɛ mote ase yi, mommma saa nsɛm yi mfiri mo adwene mu da! Na monhwɛ nso sɛ mo mma ne mo nananom nso bɛte.
10 [even the things that happened in] the day in which ye stood before the Lord our God in Choreb in the day of the assembly; for the Lord said to me, Gather the people to me, and let them hear my words, that they may learn to fear me all the days which they live upon the earth, and they shall teach their sons.
Ka kyerɛ wɔn, ne titire no, ɛda a mokɔgyinaa Awurade mo Onyankopɔn anim wɔ bepɔ Horeb a ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Frɛ ɔmanfoɔ no wɔ mʼanim na mɛkyerɛ wɔn deɛ wɔnyɛ no. Sɛ ɛba saa a, wɔbɛsua sɛdeɛ wɔbɛdi me ni berɛ dodoɔ a wɔte ase no, na ɛnam so ma wɔatumi akyerɛ wɔn mma mmara no.”
11 And ye drew nigh and stood under the mountain; and the mountain burned with fire up to heaven: [there was] darkness, blackness, [and] tempest.
Mobɛgyina bɛnee bepɔ no ayaase ɛberɛ a na bepɔ no rehye no. Egyaframa no tu kɔɔ soro a omununkum ne esum kabii aduru no.
12 And the Lord spoke to you out of the midst of the fire a voice of words, which ye heard: and ye saw no likeness, only [ye heard] a voice.
Na Awurade kasa faa ogya no mu kyerɛɛ mo. Motee nsɛm no, nanso moanhunu no. Ɛnne kɛkɛ na ɛbaeɛ.
13 And he announced to you his covenant, which he commanded you to keep, even the ten commandments; and he wrote them on two tables of stone.
Ɔdaa nʼapam a ɔkyerɛɛ mo sɛ monni so no adi; mmaransɛm edu a ɔtwerɛɛ guu aboɔ ɛpono mmienu so no.
14 And the Lord commanded me at that time, to teach you ordinances and judgments, that ye should do them on the land, into which ye go to inherit it.
Saa ɛberɛ no na Awurade hyɛɛ me sɛ memfa mmara a ɛsɛ sɛ modi so wɔ asase a morebɛhyɛne so akɔtena so no mma mo.
15 And take good heed to your hearts, for ye saw no similitude in the day in which the Lord spoke to you in Choreb in the mountain out of the midst of the fire:
Monhwɛ yie! Ɛberɛ a Awurade kasa faa ogya mu kyerɛɛ mo firi bepɔ Horeb so no, moanhunu no.
16 lest ye transgress, and make to yourselves a carved image, any kind of figure, the likeness of male or female,
Ɛno enti, Monnnaadaa mo ho nyɛ mfoni hunu bi wɔ mo tirim sɛ ɔyɛ ɔbaa anaa ɔbarima,
17 the likeness of any beast of those that are on the earth, the likeness of any winged bird which flies under heaven,
aboa anaa anomaa,
18 the likeness of any reptile which creeps on the earth, the likeness of any fish of those which are in the waters under the earth;
aboa a ɔwea fam anaa nsuomnam.
19 and lest having looked up to the sky, and having seen the sun and the moon and the stars, and all the heavenly bodies, thou shouldest go astray and worship them, and serve them, which the Lord thy God has distributed to all the nations under heaven.
Na sɛ mohwɛ ewiem na mohunu owia, ɔsrane ne nsoromma a, mma wɔnntwetwe mo nkɔsom wɔn. Awurade, mo Onyankopɔn, yɛɛ saa ewiem abɔdeɛ yi maa nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.
20 But God took you, and led you forth out of the land of Egypt, out of the iron furnace, out of Egypt, to be to him a people of inheritance, as at this day.
Na mo deɛ, Awurade yii mo firii dadeɛ fononoo mu wɔ Misraim sɛ mommɛyɛ nʼadedifoɔ sɛdeɛ mote ɛnnɛ yi.
21 And the Lord God was angry with me for the things said by you, and sware that I should not go over this Jordan, and that I should not enter into the land, which the Lord thy God giveth thee for an inheritance.
Mo enti, Awurade bo fuu me yie. Ɔkaa ntam sɛ, merentwa Asubɔnten Yordan nkɔ asase pa a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ mo agyapadeɛ sononko no so da.
22 For I am to die in this land, and shall not pass over this Jordan; but ye are to pass over, and shall inherit this good land.
Ɛwom sɛ mobɛtwa Yordan akɔtena hɔ asase no so, na me deɛ, mɛwu wɔ asuo no fa ha.
23 Take heed to yourselves, lest ye forget the covenant of the Lord our God, which he made with you, and ye transgress, and make to yourselves a graven image of any of the things concerning which the Lord thy God commanded thee.
Enti, monhwɛ yie na moammu apam a Awurade, mo Onyankopɔn, ne mo ayɛ no so. Sɛ moyɛ abosom sɛso biara a mo Awurade mo Onyankopɔn abra mo no a, na ɛkyerɛ sɛ, moabu apam no so.
24 For the Lord thy God is a consuming fire, a jealous God.
Awurade, mo Onyankopɔn, yɛ Onyame ninkunfoɔ ne ogya a ɔhye adeɛ Onyankopɔn.
25 And when thou shalt have begotten sons, and shalt have sons' sons, and ye shall have dwelt a long time on the land, and shall have transgressed, and made a graven image of any thing, and shall have done wickedly before the Lord your God to provoke him;
Moawowo mma ne mmanana akyi, na moatena asase no so akyɛre no, sɛ bɔne fa mo na moyɛ ohoni bi nam so yɛ bɔne wɔ Awurade mo Onyankopɔn ani so nam so hyɛ no Abufuo a,
26 I call heaven and earth this day to witness against you, that ye shall surely perish from off the land, into which ye go across Jordan to inherit it there; ye shall not prolong your days upon it, but shall be utterly cut off.
mefrɛ ɔsoro ne fam sɛ mʼadansefoɔ de tia mo saa ɛda yi sɛ, ntɛm so, mobɛhye afiri asase a moretwam wɔ so akɔ Yordan akɔfa no so. Morentena hɔ nkyɛ na wɔasɛe mo pasapasa.
27 And the Lord shall scatter you among all nations, and ye shall be left few in number among all the nations, among which the Lord shall bring you.
Na Awurade bɛbɔ mo apansam aman mu a mo mu kakra bi na wɔbɛtena ase.
28 And ye shall there serve other gods, the works of the hands of men, wood and stones, which cannot see, nor can they hear, nor eat, nor smell.
Ɛhɔ a ɛyɛ ahɔhosase no so na mobɛsom ahoni a wɔde nnua ne aboɔ na ayɛ, anyame a wɔnhunu adeɛ na wɔnte asɛm na wɔnnidi nte hwa no.
29 And there ye shall seek the Lord your God, and ye shall find him whenever ye shall seek him with all your heart, and with all your soul in your affliction.
Ɛhɔ na mobɛpere bio ahwehwɛ Awurade mo Onyankopɔn. Na sɛ mode mo akoma ne mo kra nyinaa hwehwɛ no a, mobɛhunu no.
30 And all these things shall come upon thee in the last days, and thou shalt turn to the Lord thy God, and shalt hearken to his voice.
Sɛ ɔhaw bi to mo na yeinom nyinaa ba mo so a, akyire no, mobɛsane akɔ Awurade mo Onyankopɔn nkyɛn na moayɛ ɔsetie ama no.
31 Because the Lord thy God [is] a God of pity: he will not forsake thee, nor destroy thee; he will not forget the covenant of thy fathers, which the Lord sware to them.
Ɛfiri sɛ, mo Awurade mo Onyankopɔn no yɛ mmɔborɔhunu Onyankopɔn. Ɔrennya mo na ɔrensɛe mo anaa ne werɛ remfiri apam a ɔne mo agyanom pameeɛ a ɔkaa ntam sii so no.
32 Ask of the former days which were before thee, from the day when God created man upon the earth, and [beginning] at the [one] end of heaven to the other end of heaven, if there has happened any thing like to this great event, if such a thing has been heard:
Hwehwɛ abakɔsɛm mu firi ɛberɛ a Onyankopɔn bɔɔ nnipa wɔ asase so bɛsi ɛnnɛ yi. Afei, hwehwɛ firi ɔsoro ano kɔsi ɔsoro ano. Hwɛ sɛ biribi kɛseɛ a ɛte sɛ yei asi pɛn anaasɛ woate biribi saa pɛn?
33 if a nation have heard the voice of the living God speaking out of the midst of the fire, as thou hast heard and hast lived;
Ɔman bi ate Onyankopɔn nne sɛ ɔrekasa afiri ogya mu sɛdeɛ moteeɛ na wɔda so te ase yi anaa?
34 if God has assayed to go and take to himself a nation out of the midst of [another] nation with trial, and with signs, and with wonders, and with war, and with a mighty hand, and with a high arm, and with great sights, according to all the things which the Lord our God did in Egypt in thy sight.
Onyame foforɔ bi nam ɔgye a ɔnam amanehunu, nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ nwanwa, ɔko, tumidie ne ahodwiredeɛ so agye ɔman bi afiri ɔman foforɔ bi nsam afa sɛ ne dea anaa? Nanso, saa na Awurade, mo Onyankopɔn, yɛ maa mo wɔ Misraim a mo ani hunuiɛ.
35 So that thou shouldest know that the Lord thy God he is God, and there is none beside him.
Ɔdaa yeinom nyinaa adi kyerɛɛ mo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛhunu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn a nʼakyi obi nni hɔ.
36 His voice was made audible from heaven to instruct thee, and he shewed thee upon the earth his great fire, and thou heardest his words out of the midst of the fire.
Ɔmaa motee ne nne firi soro nam so tenetenee mo so. Ɔmaa mohunuu ne ogya fadum wɔ asase so, ɛnna motee ne nne firii ogya no mfimfini.
37 Because he loved thy fathers, he also chose you their seed after them, and he brought thee himself with his great strength out of Egypt,
Esiane sɛ na ɔpɛ mo agyanom asɛm, na ɔpɛɛ sɛ ɔhyira wɔn asefoɔ enti na ɔno ara nam ne tumi kɛseɛ so yii mo firii Misraim no.
38 to destroy nations great and stronger than thou before thy face, to bring thee in, to give thee their land to inherit, as thou hast it this day.
Ɔpamoo saa aman yi a na wɔn ho yɛ den sene mo wɔ mo anim sɛdeɛ mobɛba wɔn asase so abɛdi so sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi.
39 An thou shalt know this day, and shalt consider in thine heart, that the Lord thy God he [is] God in heaven above, and on the earth beneath, and there is none else but he.
Enti, monkae na momma no ntim mo akoma mu: Awurade yɛ Onyankopɔn wɔ ɔsoro ne asase so, na onyame bi nka ne ho bio!
40 And keep ye his commandments, and his ordinances, all that I command you this day; that it may be well with thee, and with thy sons after thee, that ye may be long-lived upon the earth, which the Lord thy God giveth thee for ever.
Sɛ moyɛ ɔsetie ma mmara no ne ahyɛdeɛ no a mede bɛma mo ɛnnɛ no a, ɛbɛsi mo ne mo mma yie. Mobɛnyini akyɛre wɔ asase a Awurade mo Onyankopɔn de rema mo afebɔɔ no so.
41 Then Moses separated three cities beyond Jordan on the east,
Afei, Mose yii nkuropɔn mmiɛnsa bi wɔ Yordan apueeɛ fam
42 that the slayer might flee thither, who should have slain his neighbour unintentionally, and should not have hated him in times past, and he shall flee to one of these cities and live:
a, sɛ ɛba sɛ obi akum obi a wanhyɛ da na ɔnni onipa ko no ho menasepɔ bi a, ɔtumi dwane kɔ hɔ kɔbɔ ne ho adwaa.
43 Bosor in the wilderness, in the plain country of Ruben, and Ramoth in Galaad [belonging to] Gad, and Gaulon in Basan [belonging to] Manasse.
Ɔyii Beser a ɛda ɛserɛ ne asase tata so no maa Rubenfoɔ. Ɔde Ramot a ɛwɔ Gilead no maa Gadfoɔ ɛnna ɔde Golan a ɛwɔ Basan no nso maa Manase abusuakuo.
44 This [is] the law which Moses set before the children of Israel.
Yeinom ne mmara a Mose de maa Israelfoɔ no.
45 These [are] the testimonies, and the ordinances, and the judgments, which Moses spoke to the sons of Israel, when they came out of the land of Egypt:
Israelfoɔ no firii Misraim no, yeinom ne akwankyerɛ, mmara ne ahyɛdeɛ a Mose de maa wɔn
46 on the other side of Jordan, in the valley near the house of Phogor, in the land of Seon king of the Amorites, who dwelt in Esebon, whom Moses and the sons of Israel smote when they came out of the land of Egypt.
ɛberɛ a wɔduruu bɔnhwa a ɛbɛn Bet-Peor a ɛda Asubɔnten Yordan apueeɛ fam. Kane no, na Amorifoɔ na wɔte asase yi so ɛberɛ a wɔn ɔhene Sihon a ɔfiri Hesbon di adeɛ. Mose ne Israelfoɔ firi Misraim ɛreba no, wɔsɛe ɔhene yi ne nkurɔfoɔ.
47 And they inherited his land, and the land of Og king of Basan, two kings of the Amorites, who were beyond Jordan eastward.
Wɔfaa nʼasase no sane faa Basanhene Og asase nso kaa ho. Saa ahemfo baanu yi na wɔyɛ Amorifoɔ ahemfo a wɔte Yordan apueeɛ.
48 From Aroer, which is on the border of the brook Arnon, even to the mount of Seon, which is Aermon.
Saa asase yi na ɛfiri Aroer a ɛda Arnon subɔnhwa ano kɔsi Sion bepɔ, a wɔfrɛ no Hermon no ho.
49 All Araba beyond Jordan eastward under Asedoth hewn in the rock.
Israelfoɔ no sane faa nsaase a ɛfiri Araba ɛpo no ano kɔsi bepɔ Pisga ase.