< Deuteronomy 22 >
1 When thou seest the calf of thy brother or his sheep wandering in the way, thou shalt not overlook them; thou shalt by all means turn them back to thy brother, and thou shalt restore them to him.
Sɛ wohunu sɛ obi nantwie anaa sɛ ne dwan nam basabasa a, ɛnyɛ sɛdeɛ wonhunuu no. Kyere no kɔma ne wura.
2 And if thy brother do not come nigh thee, and thou dost not know him, thou shalt bring it into thy house within; and it shall be with thee until thy brother shall seek them, and thou shalt restore them to him.
Sɛ ne wura nte mmɛn wo, anaasɛ wonnim no a, fa no kɔ wo fie kɔsi sɛ ne wura no bɛba abɛhwehwɛ no na fa nʼaboa ma no.
3 Thus shalt thou do to his ass, and thus shalt thou do to his garment, and thus shalt thou do to every thing that thy brother has lost; whatsoever shall have been lost by him, and thou shalt have found, thou shalt not have power to overlook.
Sɛ wohunu wo nua bi afunumu anaa ne ntoma anaa ne biribi a ayera wɔ ɛkwan no so a, yɛ no saa ara. Mmu wʼani ngu so.
4 Thou shalt not see the ass of thy brother, or his calf, fallen in the way: thou shalt not overlook them, thou shalt surely help him to raise them up.
Sɛ wohunu sɛ wo nua bi afunumu anaa ne nantwie da ɛkwan mu a, nhwɛ nkyɛn. Kɔboa wo yɔnko no na ɔmma aboa no nsɔre.
5 The apparel of a man shall not be on a woman, neither shall a man put on a woman's dress; for every one that does these things is an abomination to the Lord thy God.
Ɛnsɛ sɛ ɔbaa hyɛ mmarima atadeɛ, saa ara nso na ɛnsɛ sɛ ɔbarima hyɛ mmaa atadeɛ, ɛfiri sɛ, wɔn a wɔyɛ yei yɛ Awurade, mo Onyankopɔn, akyiwadeɛ.
6 And if thou shouldest come upon a brood of birds before thy face in the way or upon any tree, or upon the earth, young or eggs, and the mother be brooding on the young or the eggs, thou shalt not take the dam with the young ones.
Sɛ wokɔto sɛ anomaa pirebuo da ɛkwankyɛn, sɛ ɛhyɛ dua mu anaa ɛda fam na sɛ anomaa no maame te ne ba no ho anaa ɔbutu nkosua so a, mfa anomaa no maame ne ne ba no nkɔ.
7 Thou shalt by all means let the mother go, but thou shalt take the young to thyself; that it may be well with thee, and that thou mayest live long.
Wotumi fa ne ba no, nanso hwɛ no yie sɛ wobɛma ne maame no akɔ sɛdeɛ ɛbɛsi wo yie, na wo nkwa nna aware.
8 If thou shouldest build a new house, then shalt thou make a parapet to thy house; so thou shalt not bring blood-guiltiness upon thy house, if one should in any wise fall from it.
Sɛ wosi ɛdan foforɔ a, si ban fa wo ɛdan no atifi ho nyinaa, na obi amfiri hɔ ante anhwe na woamfa mogyahwie ho asodie anto wo ne wo ɛdan no so.
9 Thou shalt not sow thy vineyard with diverse seed, lest the fruit be devoted, and whatsoever seed thou mayest sow, with the fruit of thy vineyard.
Wo bobefuo no, nnua nnɔbaeɛ foforɔ biara wɔ bobe no ntam. Sɛ woyɛ saa a, wonni ho kwan sɛ wote bobe aba wɔ bobefuo no mu anaasɛ nnɔbaeɛ foforɔ no so aba biara.
10 Thou shalt not plough with an ox and an ass together.
Mfa nantwie ne afunumu mmɔ mu mfuntum afuo.
11 Thou shalt not wear a mingled [garment], woollen and linen together.
Mfira ntoma a wɔde kuntu ne serekye afra anwono.
12 Thou shalt make fringes on the four borders of thy garments, with which soever thou mayest be clothed.
Sɛ wopam atadeɛ a, yɛ mpɛsɛe wɔ nʼahinanan ɛnan no biara ano.
13 And if any one should take a wife, and dwell with her, and hate her,
Sɛ ɔbarima ware ɔbaa na ɔne no da na akyire no, ɔmpɛ no bio,
14 and attach to her reproachful words, and bring against her an evil name, and say, I took this woman, and when I came to her I found not her tokens of virginity:
na enti ɔka ne ho asɛmmɔne, bɔ no edin bɔne sɛ, “Mewaree no no, manhunu sɛ ɔyɛ ɔbaabunu,”
15 then the father and the mother of the damsel shall take and bring out the damsel's tokens of virginity to the elders of the city to the gate.
a, ɔbaa no agya ne ne maame wɔ ho ɛkwan sɛ wɔde adansedie a ɛkyerɛ sɛ wɔn babaa no yɛ ɔbaabunu bɛkyerɛ kuro no mpanimfoɔ wɔ kuro no ɛpono ano.
16 And the father of the damsel shall say to the elders, I gave this my daughter to this man for a wife;
Ɛsɛ sɛ ɔbaa no agya ka kyerɛ wɔn sɛ, “Mede me babaa maa ɔbarima yi awadeɛ nanso ɔse ɔmpɛ no bio.
17 and now he has hated her, and attaches reproachful words to her, saying, I have not found tokens of virginity with thy daughter; and these [are] the tokens of my daughter's virginity. And they shall unfold the garment before the elders of the city.
Wabɔ no kwaadu agu nʼanim ase aka sɛ, ɔwaree no no wahunu sɛ ɔnyɛ ɔbaabunu. Nanso adansedeɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔbaabunu no nie.” Afei, wɔbɛtrɛ ntoma no mu wɔ atemmufoɔ no anim.
18 And the elders of that city shall take that man, and shall chastise him,
Atemmufoɔ no bɛtwe ɔbarima no aso.
19 and shall fine him a hundred shekels, and shall give [them] to the father of the damsel, because he has brought forth an evil name against a virgin of Israel; and she shall be his wife: he shall never be able to put her away.
Wɔbɛbɔ no ka dwetɛ kilogram baako sɛ wahyɛ da agu Israel ɔbaabunu no anim ase sɛ ɔnyɛ ɔbaabunu. Wɔbɛtua sika no ama ɔbaa no agya. Afei, ɔbabaa no bɛyɛ ɔbarima no yere a ɔrennyaa no bio.
20 But if this report be true, and the tokens of virginity be not found for the damsel;
Sɛ ɛkɔba sɛ kwaadu a wɔde bɔɔ no no yɛ, na wɔannya adansedeɛ a ɛfa ne baabunuyɛ no ho ankyerɛ a,
21 then shall they bring out the damsel to the doors of her father's house, and shall stone her with stones, and she shall die; because she has wrought folly among the children of Israel, to defile the house of her father by whoring: so thou shalt remove the evil one from among you.
wɔde ɔbaa no bɛba nʼagya fie abɔntenpono ano na kurom hɔ mmarima asi no aboɔ wɔ hɔ akum no. Ɔnam adwamammɔ so ayɛ animguaseɛ bɔne wɔ Israel ɛberɛ a ɔne nʼawofoɔ te. Ɛsɛ sɛ wɔpepa saa bɔne no firi mo mu.
22 And if a man be found lying with a woman married to a man, ye shall kill them both, the man that lay with the woman, and the woman: so shalt thou remove the wicked one out of Israel.
Sɛ wɔhunu sɛ ɔbarima bi ne ɔbarima foforɔ bi yere da a, ɛsɛ sɛ wɔkum ɔbarima a ɔne ɔbaa no daeɛ no ne ɔbaa no nyinaa. Ɛsɛ sɛ motu saa bɔne no ase wɔ Israel.
23 And if there be a young damsel espoused to a man, and a man should have found her in the city and have lain with her;
Sɛ ɔbarima bi hyia ababaawa a ɔyɛ ɔbaabunu a ɔne obi ahyehyɛ awadeɛ na ɔbarima no ne ababaawa no da, na sɛ saa asɛm no sii kuro no mu a,
24 ye shall bring them both out to the gate of their city, and they shall be stoned with stones, and they shall die; the damsel, because she cried not in the city; and the man, because he humbled his neighbour's spouse: so shalt thou remove the evil one from yourselves.
ɛsɛ sɛ mode wɔn baanu no kɔ kuro no apono ano kɔsi wɔn aboɔ kum wɔn. Ababaawa no di fɔ, ɛfiri sɛ, wɔanteateam ampɛ mmoa. Ɛsɛ sɛ ɔbarima no nso wu, ɛfiri sɛ, wafa obi yere. Saa ɛkwan yi so na monam bɛtu bɔne afiri asase no so.
25 But if a man find in the field a damsel that is betrothed, and he should force her and lie with her, ye shall slay the man that lay with her only.
Sɛ ɔbarima bi hyia ɔbaa a obi ahyehyɛ no awadeɛ wɔ baabi a ɛnyɛ wɔn ɔman mu, na ɔbarima no hyɛ no ne no da a, ɛsɛ sɛ wɔkum saa ɔbarima no.
26 And the damsel has not [committed] a sin worthy of death; as if a man should rise up against his neighbour, and slay him, so [is] this thing;
Monnyɛ ababaawa no biribiara, ɛfiri sɛ, ɔnyɛɛ akunneɛ biara. Saa asɛm yi te sɛ obi a wato ahyɛ ne yɔnko so akum no.
27 because he found her in the field; the betrothed damsel cried, and there was none to help her.
Esiane sɛ ɔbarima no hyɛɛ no ne no daeɛ wɔ wiram enti, wɔfa no sɛ, ɔteateaam nanso wannya ɔgyefoɔ biara annye no.
28 And if any one should find a young virgin who has not been betrothed, and should force [her] and lie with her, and be found,
Sɛ wɔkyere ɔbarima bi a ɔne ababaawa bi a obi ne no nhyehyɛeɛ awadeɛ ada a,
29 the man who lay with her shall give to the father of the damsel fifty silver didrachms, and she shall be his wife, because he has humbled her; he shall never be able to put her away.
ɛsɛ sɛ ɔtua dwetɛ kilogram mmienu ne fa ma ababaawa no agya. Na ɛno akyi, ɛsɛ sɛ ɔbarima no ware ababaawa no, ɛfiri sɛ, wagu nʼanim ase na ɔrentumi nnyae no awadeɛ da.
30 A man shall not take his father's wife, and shall not uncover his father's skirt.
Ɔbarima biara nni ho ɔkwan sɛ ɔne nʼagya yere da, ɛnsɛ sɛ ɔgu nʼagya mpa ho fi.