< Kings I 22 >
1 And David departed thence, and escaped; and he comes to the cave of Odollam, and his brethren hear, and the house of his father, and they go down to him there.
Dawid dwane firii Gat kɔtɛɛ ɔbodan a ɛwɔ Adulam no mu. Ankyɛre biara na ne nuanom mmarima ne ne fiefoɔ bi kɔkaa ne ho wɔ hɔ.
2 And there gathered to him every one that was in distress, and every one that was in debt, and every one that was troubled in mind; and he was a leader over them, and there were with him about four hundred men.
Afoforɔ bi nso kɔkaa ne ho wɔ hɔ. Na saa nnipa no yɛ nnipa a ɔhaw da wɔn so anaa wɔn a wɔdede aka ne wɔn a asetena nkɔ wɔn yie. Wɔbaeɛ ara kɔsii sɛ Dawid bɛyɛɛ ɔkannifoɔ maa nnipa bɛyɛ sɛ ahanan.
3 And David departed thence to Massephath of Moab, and said to the king of Moab, Let, I pray thee, my father and my mother be with thee, until I know what God will do to me.
Akyire yi, Dawid kɔɔ Mispe a ɛwɔ Moab. Ɛhɔ na ɔbisaa ɔhene no sɛ, “Wobɛma mʼagya ne me maame abɛtena ha, na woabɔ wɔn ho ban kɔsi sɛ mɛhunu deɛ Onyankopɔn bɛyɛ ama me anaa?”
4 And he persuaded the King of Moab, and they dwell with him continually, while David was in the hold.
Ɔhene no penee so, maa Dawid awofoɔ tenaa Moab a na Dawid nso te nʼabanbɔeɛ mu.
5 And Gad the prophet said to David, Dwell not in the hold: go, and thou shalt enter the land of Juda. So David went, and came and dwelt in the city of Saric.
Ɛda bi, odiyifoɔ Gad ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Firi abanbɔeɛ mu ha, na sane kɔ Yuda asase so.” Enti, Dawid kɔɔ Heret kwaeɛ mu.
6 And Saul heard that David was discovered, and his men with him: now Saul dwelt in the hill below the field that is in Rama, and his spear [was] in his hand, and all his servants stood near him.
Ɔkɔɔ Yuda hɔ no, ankyɛre na Saulo tee asɛm no. Saa ɛberɛ no, na ɔhene no te gyedua bi ase wɔ Gibea bepɔ so a ɔkura ne pea na ne mpanimfoɔ atwa ne ho ahyia.
7 And Saul said to his servants that stood by him, Hear now, ye sons of Benjamin, will the son of Jessae indeed give all of you fields and vineyards, and will he make you all captains of hundreds and captains of thousands?
Saulo tee asɛm no, ɔteaam sɛ, “Monyɛ aso, mo mmarima a mofiri Benyamin fie! Dawid ahyɛ mo mfuo ne bobe nturo ho bɔ bi anaa? Wahyɛ mo bɔ sɛ mobɛyɛ nʼasafohene wɔ nʼakodɔm so anaa?
8 That ye are conspiring against me, and there is no one that informs me, whereas my son has made a covenant with the son of Jessae, and there is no one of you that is sorry for me, or informs me, that my son has stirred up my servant against me for an enemy, as [it is] this day?
Ɛno enti na moayɛ apam atia me yi? Na mo mu biara antumi anka biribi ankyerɛ me sɛ me ara me babarima wɔ Dawid afa. Na ɛnha mo koraa mma me. Monnwene ho! Me ara me babarima hyɛ Dawid nkuran sɛ ɔmpɛ me nku me!”
9 And Doec the Syrian who was over the mules of Saul answered and said, I saw the son of Jessae as he came to Nomba to Abimelech son of Achitob the priest.
Ɛhɔ na Edomni Doeg a na ɔne Saulo akofoɔ gyina hɔ no kaa sɛ, “Mehunuu Yisai ba no sɛ ɔbaa Ahitub ba Ahimelek nkyɛn wɔ Nob.
10 And [the priest] enquired of God for him, and gave him provision, and gave him the sword of Goliath the Philistine.
Ahimelek bisaa Awurade deɛ Dawid nyɛ. Ɔsane maa no nnuane, na ɔde Filistini Goliat akofena no kaa ne ho.”
11 And the king sent to call Abimelech son of Achitob and all his father's sons, the priests that were in Nomba; and they all came to the king.
Ɔhene no somaa sɛ wɔnkɔfa ɔsɔfoɔ Ahimelek ne ne fiefoɔ a na wɔyɛ asɔfoɔ wɔ Nob no nyinaa mmra.
12 And Saul said, Hear now, thou son of Achitob. And he said, Lo! I [am here], speak, [my] lord.
Wɔbaeɛ no, Saulo kaa sɛ, “Tie! Ahitub ba.” Ɔbuaa sɛ, “Nana asɛm bɛn.”
13 And Saul said to him, Why have thou and the son of Jessae conspired against me, that thou shouldest give him bread and a sword, and shouldest enquire of God for him, to raise him up against me as an enemy, as [he is] this day?
Na Saulo bisaa no sɛ, “Adɛn enti na wo ne Dawid apam me tiri so, na womaa no burodo ne akofena, sane bisaa Awurade maa no. Adɛn enti na wohyɛ no nkuran sɛ ɔnyɛ dɔm ntia me na ɔmmɛto nhyɛ me so wɔ ha?”
14 And he answered the king, and said, And who [is] there among all thy servants faithful as David, and [he is] a son-in-law of the king, and [he is] executor of all thy commands, and [is] honourable in thy house?
Ahimelek buaa sɛ, “Nana, mesrɛ mebisa sɛ, wʼasomfoɔ yi nyinaa mu no, obi wɔ hɔ a ɔyɛ nokwafoɔ te sɛ wʼase Dawid anaa? Hwɛ ɔyɛ wʼawɛmfoɔ nyinaa so safohene, na wɔbu no yie wɔ wo fidua mu.
15 Have I begun to-day to enquire of God for him? By no means: let not the king bring a charge against his servant, and against thee whole of my father's house; for thy servant knew not in all these matters anything great or small.
Ɛnyɛ saa ɛda no ne ɛda a ɛdi ɛkan a mabisa Awurade ama no. Dabi! Ɛnsɛ sɛ ɔhene no de soboɔ bɔ ne ɔsomfoɔ ne ne fiefoɔ, ɛfiri sɛ, wʼakoa nnim saa asɛm yi ho biribiara.”
16 And king Saul said, Thou shalt surely die, Abimelech, thou, and all thy father's house.
Na ɔhene kaa sɛ, “Ɛkwan biara so, wobɛwu. Ahimelek, wo ne wo fiefoɔ nyinaa bɛwu.”
17 And the king said to the footmen that attended on him, Draw nigh and slay the priests of the Lord, because their hand [is] with David, and because they knew that he fled, and they did not inform me. But the servants of the king would not lift their hands to fall upon the priest of the Lord.
Na ɔhene ka kyerɛɛ nʼawɛmfoɔ a wɔwɔ hɔ no sɛ, “Monkunkum Awurade asɔfoɔ no nyinaa, ɛfiri sɛ, wɔn nso kɔ Dawid afa. Na wɔnim sɛ ɔredwane, nanso wɔanka ankyerɛ me.” Nanso, na ɔhene asraafoɔ no mpɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka Awurade asɔfoɔ no.
18 And the king said to Doec, Turn thou, and fall upon the priests: and Doec the Syrian turned, and slew the priests of the Lord in that day, three hundred and five men, all wearing an ephod.
Enti, ɔhene hyɛɛ Doeg sɛ, “Dane wo ho na kunkum asɔfoɔ no.” Enti, Edomni Doeg danee ne ho kunkumm wɔn. Ɛda no, ɔkumm mmarima a na wɔhyɛ serekye asɔfotadeɛ aduɔwɔtwe enum.
19 And he smote Nomba the city of the priest with the edge of the sword, both man, and woman, infant and suckling, and calf, and ox, and sheep.
Afei, ɔkɔɔ Nob a ɛyɛ asɔfoɔ no kurom, kɔkunkumm asɔfoɔ no fiefoɔ mmarima, mmaa, mmɔfra ne mmadoma, anantwie, mfunumu ne nnwan nyinaa.
20 And one son of Abimelech son of Achitob escapes, and his name [was] Abiathar, and he fled after David.
Na Ahitub ba Ahimelek babarima baako a wɔfrɛ no Abiatar dwane kɔɔ Dawid nkyɛn.
21 And Abiathar told David that Saul had slain all the priests of the Lord.
Ɛberɛ a ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ Saulo akunkum Awurade asɔfoɔ no,
22 And David said to Abiathar, I knew it in that day, that Doec the Syrian would surely tell Saul: I am guilty of the death of the house of thy father.
Dawid teaam sɛ, “Na menim! Ɛberɛ a mehunuu Doeg wɔ hɔ saa ɛda no, na menim sɛ ɔbɛka akyerɛ Saulo. Seesei, mama wʼagya fiefoɔ nyinaa awuwu.
23 Dwell with me; fear not, for wherever I shall seek a place [of safety] for my life, I will also seek a place for thy life, for thou art safely guarded [while] with me.
Wo ne me ntena ha, na mede me nkwa bɛbɔ wo ho ban, ɛfiri sɛ, onipa korɔ no ara na ɔrehwehwɛ yɛn baanu akum yɛn.”