< Ruth 2 >
1 And Naomi had a relation of her husband, a man of wealth, of the family of Elimelech; and his name was Boaz.
Ɔbarima ɔdefoɔ a na ɔyɛ okunini bi tenaa Betlehem a na wɔfrɛ no Boas. Na ɔyɛ Naomi kunu Elimelek busuani.
2 And Ruth the Moabitess said to Naomi, Now let me go into the field and take up the heads of grain after him in whose eyes I may have grace. And she said to her, Go, my daughter.
Ɛda koro bi, Rut, Moabni, ka kyerɛɛ Naomi sɛ, “Ma menkɔ afuo mu na menkɔboaboa atokoɔ nkaseɛ na menni obi a ɔbɛma me adi nʼakyi.” Na Naomi kaa sɛ, “Ɛyɛ, me babaa, kɔ.”
3 And she went, and came and took up the heads of grain in the field after the cutters; and by chance she went into that part of the field which was the property of Boaz, who was of the family of Elimelech.
Enti, Rut kɔ kɔdii atwafoɔ no akyi. Na sɛdeɛ ɛbaeɛ ne sɛ, ɔhunuu sɛ ɔreyɛ adwuma wɔ Boas a ɔyɛ nʼase Elimelek busuani no afuo mu.
4 And Boaz came from Beth-lehem, and said to the grain-cutters, The Lord be with you. And they made answer, The Lord give you his blessing.
Ɛberɛ a ɔwɔ hɔ no, Boas firi Betlehem baeɛ. Ɔkyeaa atwafoɔ no sɛ, “Awurade ne mo ntena!” Atwafoɔ no gyee so sɛ, “Awurade nhyira wo.”
5 Then Boaz said to his servant who was in authority over the cutters, Whose girl is this?
Ɛnna Boas bisaa ne sohwɛfoɔ sɛ, “Ababaawa bɛn na ɔwɔ nohoa hɔ no?”
6 And the servant who was in authority over the cutters said, It is a Moabite girl who came back with Naomi out of the country of Moab;
Sohwɛfoɔ no buaa sɛ, “Ɔyɛ ababaawa bi a ɔfiri Moab a ɔne Naomi baeɛ.
7 And she said to me, Let me come into the grain-field and take up the grain after the cutters. So she came, and has been here from morning till now, without resting even for a minute.
Anɔpa yi ara na ɔbisaa me sɛ, ɔbɛtumi aboaboa atokoɔ ano adi atwafoɔ no akyi anaa. Ɔyɛ nsiyɛfoɔ a ɛberɛ kakra bi na ɔde homee wɔ pata no ase hɔ.”
8 Then said Boaz to Ruth, Give ear to me, my daughter: do not go to take up the grain in another field, or go away from here, but keep here by my young women:
Boas kɔɔ hɔ kɔka kyerɛɛ Rut sɛ, “Me babaa tie. Wo ne yɛn ntena ha ara na boaboa atokoɔ; mma nkɔ afuo foforɔ biara mu. Di mmaa a wɔreyɛ adwuma wɔ mʼafuo yi mu no akyi pɛɛ.
9 Keep your eyes on the field they are cutting, and go after them; have I not given orders to the young men not to put a hand on you? And when you are in need of drink go to the vessels and take of what the young men have put there.
Hwɛ faako a wɔretwa wɔ afuo no mu na di wɔn akyi. Mabɔ mmeranteɛ no kɔkɔ sɛ wɔnnha wo. Na sɛ sukɔm de wo a, nom nsuo a wɔakɔsa afiri abura no mu no bi.”
10 Then she went down on her face to the earth, and said to him, Why have I grace in your eyes, that you give attention to me, seeing I am from a strange people?
Rut butuiɛ, de nʼanim kyerɛɛ fam daa no ase. Na ɔkaa sɛ, “Adɛn enti na manya saa adom yi wɔ wʼani so, me a meyɛ ɔnanani yi?”
11 And Boaz answering said to her, I have had news of everything you have done for your mother-in-law after the death of your husband; how you went away from your father and mother and the land of your birth, and came to a people who are strange to you.
Boas buaa sɛ, “Deɛ woayɛ ama wʼase ɛfiri wo kunu wuo akyi no nyinaa, wɔaka akyerɛ me, sɛ wofirii wʼagya ne wo maame ne wo ɔman na wo ne nnipa a wonnim wɔn baabiara no bɛtenaeɛ no.
12 The Lord give you a reward for what you have done, and may a full reward be given to you by the Lord, the God of Israel, under whose wings you have come to take cover.
Awurade, Israel Onyankopɔn a woanya dwanekɔbea wɔ ne ntaban ase no nnom wo.”
13 Then she said, May I have grace in your eyes, my lord, for you have given me comfort, and you have said kind words to your servant, though I am not like one of your servants.
Na ɔno nso kaa sɛ, “Ma menkɔ so nnya wʼanim adom daa, me wura. Woama me awerɛkyekyerɛ na woakasa akyerɛ wʼafenaa ayamyɛ so, me a mensɛ na memfata wo nnwumayɛfoɔ no mu baako mpo no.”
14 And at meal-time Boaz said to her, Come here, and take some of the bread, and put your bit into the wine. And she took her seat among the grain-cutters: and he gave her dry grain, and she took it, and there was more than enough for her meal.
Ɛduruu adidiberɛ no, Boas frɛɛ no sɛ, “Bra ma yɛnnidi. Wotumi de wo burodo no bɔ nsã biara a wopɛ mu.” Enti, ɔne nʼayutwafoɔ no tenaa ase na Boas maa no aduane sene sɛdeɛ ɔbɛtumi adi mpo.
15 And when she got ready to take up the grain, Boaz gave his young men orders, saying, Let her take it even from among the cut grain, and say nothing to her.
Ɛberɛ a Rut sane kɔɔ nʼadwuma so bio no, Boas ka kyerɛɛ ne mmeranteɛ no sɛ, “Momma no mmoaboa atokoɔ no ano mfiri nʼafiafi no mu na monnsi no kwan.
16 And let some heads of grain be pulled out of what has been corded up, and dropped for her to take, and let no sharp word be said to her.
Na monyiyi afiafi no mu deɛ no bi nnyae mu ngu fam mma no na ɔnsesa, na monnha no.”
17 So she went on getting together the heads of grain till evening; and after crushing out the seed it came to about an ephah of grain.
Enti, Rut sesaa atokoɔ no wɔ hɔ da mu no nyinaa na ɔporoo atokoɔ no saa anwummerɛ no, ɔnyaa bɛyɛ lita aduonu mmienu.
18 And she took it up and went into the town; and she let her mother-in-law see what she had got, and after taking enough for herself she gave her the rest.
Ɔsoa de kɔɔ kurom, de kɔkyerɛɛ nʼase. Afei, Rut de nʼawiaduane a ɔgya sii ne hɔ no maa no.
19 And her mother-in-law said to her, Where did you take up the grain today, and where were you working? May a blessing be on him who gave such attention to you. And she gave her mother-in-law an account of where she had been working, and said, The name of the man with whom I was working today is Boaz.
Naomi hunuiɛ no, ɔteaam sɛ, “Ɛdɔɔso yie! Na ɛhe na ɛnnɛ woboaboaa saa atokoɔ yi nyinaa ano firi? Ɛhe na wokɔyɛɛ adwuma? Awurade nhyira deɛ ɔboaa wo no!” Rut kaa ɔbarima a ɔyɛɛ adwuma wɔ nʼafuom no ho asɛm kyerɛɛ nʼase no, ɔtoaa so kaa sɛ, “Deɛ meyɛɛ adwuma wɔ nʼafuom no, wɔfrɛ no Boas.”
20 And Naomi said to her daughter-in-law, May the blessing of the Lord, who has at all times been kind to the living and to the dead, be on him. And Naomi said to her, The man is of our family, one of our near relations.
Naomi ka kyerɛɛ nʼase no sɛ, “Awurade nhyira no. Ɔrekyerɛ yɛn ne wo kunu a wawuo no nʼayamyɛ. Saa ɔbarima no yɛ abusuafoɔ a wɔbɛn yɛn pɛɛ no mu baako a ɔyɛ abusua no mu ɔgyefoɔ baako.”
21 And Ruth the Moabitess said, Truly, he said to me, Keep near my young men till all my grain is cut.
Rut kaa sɛ, “Deɛ ɛka ho bio ne sɛ, mpo, Boas ka kyerɛɛ me sɛ, mensane mmra na me ne nʼatwafoɔ no mmɛtena kɔsi ɛberɛ a wɔbɛwie otwa no.”
22 And Naomi said to Ruth, her daughter-in-law, It is better, my daughter, for you to go out with his servant-girls, so that no danger may come to you in another field.
Naomi teaam sɛ, “Anwanwasɛm nie! Yɛ deɛ ɔka no. Wo ne nʼadwumayɛfoɔ no ntena kɔsi sɛ wɔbɛwie otwa no. Wʼasom bɛdwo wo wɔ hɔ sen afuo biara mu.”
23 So she kept near the servant-girls of Boaz to take up the grain till the cutting of the early grain and the cutting of the late grain were ended; and she went on living with her mother-in-law.
Enti, Rut ne mmaa a wɔwɔ Boas afuom hɔ no yɛɛ adwuma. Ɔne wɔn boaboaa atokoɔ no ano kɔsii atokotwa no awieeɛ. Afei, ɔne wɔn twaa ayuo nso. Nanso, saa ɛberɛ no nyinaa na ɔne nʼase na ɛte.