< Numbers 2 >
1 And the Lord said to Moses and Aaron,
Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ:
2 The children of Israel are to put up their tents in the order of their families, by the flags of their fathers' houses, facing the Tent of meeting on every side.
“Abusua biara bɛnya nʼafa wɔ atenaeɛ hɔ, na ekuo biara bɛtena nʼabusua frankaa ase. Na mmusua no atenaeɛ ahodoɔ no mfimfini na wɔde Ahyiaeɛ Ntomadan no bɛsi.”
3 Those whose tents are on the east side, looking to the dawn, will be round the flag of the children of Judah, with Nahshon, the son of Amminadab, as their chief.
Apueeɛ fam, baabi a owia pue firi hɔ no na ɛsɛ sɛ Yuda nnipa nkyekyɛmu ahodoɔ no nyinaa bɔ wɔn atenaeɛ wɔ wɔn frankaa ase. Yudafoɔ ntuanoni ne Aminadab ba Nahson.
4 The number of his army was seventy-four thousand, six hundred.
Na ne dɔm no ano si mpem aduɔson ɛnan ne ahansia.
5 And nearest to him will be the tribe of Issachar, with Nethanel, the son of Zuar, as their chief.
Isakar abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Suar babarima Netanel.
6 The number of his army was fifty-four thousand, four hundred.
Na ne dɔm no ano si mpem aduonum ɛnan ne ahanan.
7 After him, the tribe of Zebulun, with Eliab, the son of Helon, as their chief.
Sebulon abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Helon babarima Eliab.
8 The number of his army was fifty-seven thousand, four hundred.
Na ne dɔm no ano si mpem aduonum nson ne ahanan.
9 The number of all the armies of Judah was a hundred and eighty-six thousand, four hundred. They go forward first.
Enti na nnipa dodoɔ a wɔwɔ Yuda atenaeɛ no nyinaa sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ no ano si mpem ɔha aduɔwɔtwe nsia ne ahanan. Sɛ Israelfoɔ no tu a, saa mmusuakuo mmiɛnsa yi na ɛdi ɛkan.
10 On the south side is the flag of the children of Reuben, in the order of their armies, with Elizur, the son of Shedeur, as their chief.
Anafoɔ fam na Ruben nnipa nkyekyɛmu ahodoɔ no nyinaa bɛbɔ wɔn atenaeɛ de wɔn frankaa asi. Wɔn ntuanoni ne Sedeur babarima Elisur.
11 The number of his army was forty-six thousand, five hundred.
Ne dɔm ano si mpem aduanan nsia ne ahanum.
12 And nearest to him, the tribe of Simeon, with Shelumiel, the son of Zurishaddai, as their chief.
Simeon abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Surisadai babarima Selumiel.
13 The number of his army was fifty-nine thousand, three hundred.
Ne dɔm ano si mpem aduonum nkron ne ahasa.
14 Then the tribe of Gad, with Eliasaph, son of Reuel, as their chief.
Gad abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Reuel babarima Eliasaf.
15 The number of his army was forty-five thousand, six hundred and fifty.
Na ne dɔm ano si mpem aduanan enum ahansia ne aduonum.
16 The number of all the armies of Reuben together came to a hundred and fifty-one thousand, four hundred and fifty. They go forward second.
Na mmarima a wɔwɔ Ruben atenaeɛ ne sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ no ano si mpem ɔha aduonum baako ahanan ne aduonum. Na sɛ Israelfoɔ tu a, wɔn na wɔtɔ so mmienu.
17 Then the Tent of meeting is to go forward, with the tents of the Levites, in the middle of the armies; in the same order as their tents are placed, they are to go forward, every man under his flag.
Afei Lewifoɔ no de Ahyiaeɛ Ntomadan bɛfiri wɔn atenaeɛ mfimfini hɔ akɔ. Mmusuakuo no nyinaa bɛkɔ no nnidisoɔ sɛdeɛ wɔn atenaeɛ nhyehyɛeɛ teɛ, wɔ wɔn mmusuakuo mfrankaa akyi.
18 On the west side will be the flag of the children of Ephraim, with Elishama, the son of Ammihud, as their chief.
Efraim abusuakuo bɛfa atenaeɛm hɔ atɔeɛ fam adi wɔn abusua frankaa akyi. Wɔn ntuanoni ne Amihud babarima Elisama.
19 The number of his army was forty thousand, five hundred.
Ne dɔm ano si mpem aduanan ne ahanum.
20 And by him the tribe of Manasseh with Gamaliel, the son of Pedahzur, as their chief.
Manase abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Pedahsur babarima Gamaliel.
21 The number of his army was thirty-two thousand, two hundred.
Ne dɔm ano si mpem aduasa mmienu ne ahanum.
22 Then the tribe of Benjamin, with Abidan, the son of Gideoni, as their chief.
Benyamin abusuakuo na wɔdi so. Wɔn ntuanoni ne Gideoni babarima Abidan.
23 The number of his army was thirty-five thousand, four hundred.
Ne dɔm ano si mpem aduasa enum ne ahanan.
24 The number of all the armies of Ephraim was a hundred and eight thousand, one hundred. They go forward third.
Na mmarima a wɔwɔ Efraim atenaeɛ ne sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ no ano si mpem ɔha ne nnwɔtwe ne ɔha baako. Na sɛ Israelfoɔ tu a, wɔn na wɔtɔ so mmiɛnsa.
25 On the north side will be the flag of the children of Dan, with Ahiezer, the son of Ammishaddai, as their chief.
Dan abusuakuo bɛfa atifi fam adi wɔn abusua frankaa akyi. Wɔn ntuanoni ne Amisadai babarima Ahieser.
26 The number of his army was sixty-two thousand, seven hundred.
Ne dɔm ano si mpem aduosia mmienu ne ahanson.
27 Nearest to him will be the tribe of Asher, with Pagiel, the son of Ochran, as their chief.
Aser abusuakuo no bɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Okran babarima Pagiel.
28 The number of his army was forty-one thousand, five hundred;
Ne dɔm ano si mpem aduanan baako ne ahanum.
29 Then the tribe of Naphtali, with Ahira, the son of Enan, as their chief.
Naftali abusuakuo no bɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Enan ba Ahira.
30 The number of his army was fifty-three thousand, four hundred.
Ne dɔm ano si mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan.
31 The number of all the armies in the tents of Dan was a hundred and fifty-seven thousand, six hundred. They will go forward last, by their flags.
Mmarima a wɔwɔ Dan atenaeɛ no ano si mpem ɔha aduonum nson ne ahansia.
32 These are all who were numbered of the children of Israel, in the order of their fathers' families: all the armies in their tents together came to six hundred and three thousand, five hundred and fifty.
Sei na Israelfoɔ a wɔkan wɔn mmusuakuo mmusuakuo no teɛ. Wɔn a wɔwɔ atenaeɛ hɔ nyinaa, sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ no ano si mpem ahansia ne mmiɛnsa ahanum ne aduonum.
33 But the Levites were not numbered among the children of Israel, as the Lord said to Moses.
Sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no, wɔankan Lewifoɔ no anka Israelfoɔ no ho.
34 So the children of Israel did as the Lord said to Moses, so they put up their tents by their flags, and they went forward in the same order, by their families, and by their fathers' houses.
Enti Israelfoɔ yɛɛ biribiara sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no. Wɔbobɔɔ wɔn atenaeɛ, tenatenaa wɔn frankaa ahodoɔ ase, na wɔnantee nnidisoɔ nnidisoɔ sɛdeɛ wɔn mmusua ne wɔn afie teɛ.