< Luke 12 >

1 At that time, when thousands of the people had come together, in such numbers that they were crushing one another, he said first to his disciples, Have nothing to do with the leaven of the Pharisees, which is deceit.
Nnipa mpempem kyeree so a wɔnnya baabi ntu wɔn nan nsi mpo no, Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no kane sɛ, “Monhwɛ mo ho so yie wɔ Farisifoɔ nyaatwom a ɛte sɛ mmɔreka no ho.
2 But nothing is covered up, which will not come to light, or secret, which will not be made clear.
Biribiara a wɔyɛ no kɔkoam no bɛda adi na deɛ ahinta no nso bɛpue.
3 So, whatever you have said in the dark, will come to men's hearing in the light, and what you have said secretly inside the house, will be made public from the house-tops.
Enti, deɛ moaka wɔ sum mu no, wɔbɛte wɔ hann mu. Na deɛ moaka no asomusɛm wɔ adan mu no, wɔbɛbɔ no dawuro.
4 And I say to you, my friends, Have no fear of those who may put the body to death, and are able to do no more than that.
“Me nnamfonom, mereka akyerɛ mo sɛ, monnsuro wɔn a wɔkum onipadua na ɛno akyi wɔntumi nyɛ hwee bio no.
5 But I will make clear to you of whom you are to be in fear: of him who after death has power to send you to hell; yes, truly I say, Have fear of him. (Geenna g1067)
Na mɛkyerɛ mo deɛ ɛsɛ sɛ mosuro no. Monsuro deɛ wakum onipadua no awie no, ɔwɔ tumi sɛ ɔto twene amanehunu kurom. Mereti mu akyerɛ mo sɛ, yei na monsuro no. (Geenna g1067)
6 Are not five sparrows given in exchange for two farthings? and God has every one of them in mind.
Wɔntɔn akasanoma enum nnye sika bi pɛ? Nanso, Onyankopɔn werɛ remfi wɔn mu baako po da.
7 But even the hairs of your head are numbered. Have no fear: you are of more value than a flock of sparrows.
Mo tirinwi mpo, wɔakan ne nyinaa. Enti, monnsuro, ɛfiri sɛ, mosom bo sene akasanoma dodo biara.
8 And I say to you that to everyone who gives witness to me before men, the Son of man will give witness before the angels of God.
“Na mereka akyerɛ mo sɛ, obiara a ɔbɛbɔ me din wɔ nnipa anim no, Kristo no nso bɛbɔ ne din wɔ Onyankopɔn abɔfoɔ anim.
9 But if anyone says before men that he has no knowledge of me, I will say that I have no knowledge of him before the angels of God.
Na deɛ ɔbɛpa me nnipa anim no, me nso mɛpa no, Onyankopɔn abɔfoɔ anim.
10 And if anyone says a word against the Son of man, he will have forgiveness: but for him who says evil words against the Holy Spirit, there will be no forgiveness.
Obiara a ɔbɛkasa atia Kristo no, wɔde bɛkyɛ no. Nanso deɛ ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron no deɛ, wɔremfa nkyɛ no da.
11 And when they take you before the Synagogues and the authorities and the rulers, take no thought about what answers you will give, or what you will say:
“Sɛ wɔde mo ba mpanin anim wɔ hyia adan mu a, monnnwennwene nsɛm a mobɛka anaasɛ deɛ mode bɛyi mo ho ano no ho,
12 For the Holy Spirit will make clear to you in that very hour what to say.
Ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no ara mu Honhom Kronkron no bɛkyerɛ mo deɛ ɛsɛ sɛ moka.”
13 And one of the people said to him, Master, give an order to my brother to make division of the heritage with me.
Obi firi nnipa no mu ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ka kyerɛ me nua na ɔne me nkyɛ agyapadeɛ a yɛn agya de agya yɛn no mu.”
14 But he said, Man, who made me a judge or a maker of decisions for you?
Yesu buaa no sɛ, “Damfo, hwan na ɔyɛɛ me mo so ɔtemmufoɔ ne ɔsɛnnifoɔ?”
15 And he said to them, Take care to keep yourselves free from the desire for property; for a man's life is not made up of the number of things which he has.
Ɔtoaa so sɛ, “Monhwɛ mo ho yie wɔ adifudepɛ ho, ɛfiri sɛ, onipa nkwa nnyina nʼahonya dodoɔ a ɔwɔ so.”
16 And he said to them, in a story, The land of a certain man of great wealth was very fertile:
Afei, ɔbuu wɔn bɛ yi sɛ, “Ɔdefoɔ bi wɔ hɔ a na ɔwɔ asase pa a ɛmaa no nnɔbaeɛ pii.
17 And he said to himself, What is to be done? for I have no place in which to put all my fruit.
Esiane sɛ na ne nnɔbaeɛ no nkɔ pata a wabɔ no so enti, ɛyɛɛ no dadwene ma ɔbisaa ne ho sɛ, ‘Mennya baabi a mede me nnɔbaeɛ bebrebe yi bɛgu yi, menyɛ no dɛn?’
18 And he said, This I will do: I will take down my store-houses and make greater ones, and there I will put all my grain and my goods.
“Afei, ɔkaa sɛ, ‘Monim deɛ mɛyɛ. Mɛbubu mʼapata yi nyinaa na mabɔ no akɛseɛ de deɛ mewɔ nyinaa asie hɔ.
19 And I will say to my soul, Soul, you have a great amount of goods in store, enough for a number of years; be at rest, take food and wine and be happy.
Na maka akyerɛ me kra sɛ, “Ɔkra, ma wʼani nnye na didi, na nom ɛfiri sɛ, wowɔ nneɛma pa pii a ɛbɛso wo mfeɛ bebree!”’
20 But God said to him, You foolish one, tonight I will take your soul from you, and who then will be the owner of all the things which you have got together?
“Nanso, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Ɔkwasea! Anadwo yi, wɔbɛgye wo kra afiri wo nsam, na hwan na nneɛma bebree a woapɛ agu hɔ yi, wode bɛgya no?’
21 So that is what comes to the man who gets wealth for himself, and has not wealth in the eyes of God.
“Ɛno enti, saa ara na obiara a ɔbɛboaboa agyapadeɛ ano de ne ho ato so no nyɛ ɔdefoɔ Onyankopɔn anim ne no.”
22 And he said to his disciples, For this reason I say to you, Take no thought for your life, about what food you will take, or for your body, how it may be clothed.
Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Monnnwennwene deɛ mobɛdi anaa deɛ mobɛfira ho.
23 Is not life more than food, and the body than its clothing?
Ɔkra som bo sene aduane na onipadua nso som bo sene ntoma.
24 Give thought to the ravens; they do not put seeds into the earth, or get together grain; they have no store-houses or buildings; and God gives them their food: of how much greater value are you than the birds!
Monhwɛ kwaakwaadabi, wɔnnua aba ɛnna wɔntwa. Saa ara nso na wɔnni pata a wɔde wɔn nnɔbaeɛ sie so, nanso Onyankopɔn ma wɔn aduane di. Monsom bo nsene wɔn anaa?
25 And which of you by taking thought is able to make himself any taller?
Mo mu hwan na adwene a ɔdwen no bɛtumi ato ne nkwa nna so simasin?
26 If, then, you are not able to do even that which is least, why are you troubled about the rest?
Na sɛ montumi nyɛ ade ketewaa a ɛte sei mpo a, adɛn na modwennwene nneɛma akɛseɛ ho?
27 Give thought to the flowers: they do no work, they make no thread; and still I say to you, Even Solomon, in all his glory, was not clothed like one of these.
“Monhwɛ sɛdeɛ sukooko nyini. Wɔnyɛ adwuma, ɛnna wɔnnwono ntoma mfira. Nanso, Salomo ahonya nyinaa mu, na ɔnni ntoma a ɛyɛ fɛ sɛ saa nhwiren no mu baako mpo.
28 But if God gives such clothing to the grass in the field, which today is living, and tomorrow will be burned in the oven, how much more will he give clothing to you, O men of little faith?
Mo a mo gyidie hinhim, sɛ Onyankopɔn siesie wiram nhwiren a ɛfifiri ɛnnɛ na ɔkyena awu no ho ma ɛyɛ fɛ a, adɛn enti na ɔrensiesie mo nso mo ho mma ɛnyɛ fɛ.
29 And do not give overmuch thought to your food and drink, and let not your mind be full of doubts.
Saa ara nso na monnnwennwene deɛ mobɛdi anaa deɛ mobɛnom ho.
30 For the nations of the world go in search of all these things: but your Father has knowledge that you have need of them.
Saa nneɛma yi na ewiase amanaman pere hwehwɛ, nanso mo deɛ, mo agya nim sɛ yeinom nyinaa ho hia mo.
31 But let your chief care be for his kingdom, and these other things will be given to you in addition.
Enti, monhwehwɛ Onyankopɔn Ahennie kane na ɔde yeinom nyinaa bɛma mo.
32 Have no fear, little flock, for it is your Father's good pleasure to give you the kingdom.
“Ekuo ketewa, monnsuro, ɛfiri sɛ, ɛyɛ mo agya no pɛ sɛ ɔde ahennie no bɛma mo.
33 Give what property you have in exchange for money, and give the money to the poor; make for yourselves money-bags which will not get old, wealth stored up in heaven which will be yours for ever, where thieves will not come nor worms put it to destruction.
Montontɔn mo ahodeɛ na monkyɛ ahiafoɔ adeɛ. Yei bɛma mo agyapadeɛ a ɛwɔ ɔsoro no ayɛ pii. Monhyehyɛ mo agyapadeɛ wɔ ɔsoro, deɛ owifoɔ ntumi nkɔwia na ntɛferɛ ntumi nkɔwe.
34 For where your wealth is, there will your heart be.
Na deɛ wʼagyapadeɛ wɔ no, ɛhɔ na wʼakoma nso wɔ.”
35 Be ready, dressed as for a journey, with your lights burning.
“Monnyina pintinn na momma mo nkanea nhyerɛn,
36 And be like men who are looking for their lord, when he comes back from the bride-feast; so that when he comes to the door, it will be open to him quickly.
na monyɛ sɛ wɔn a wɔretwɛn wɔn wura a ɔkɔ ayeforɔhyia ase a, sɛ ɔba na ɔbɔ ɛpono mu pɛ a, wɔbɛbue no ntɛm no.
37 Happy are those servants who are watching when the lord comes; truly I say to you, he will make himself their servant and, placing them at the table, he will come out and give them food.
Wɔn a wɔn wura no ba a ɔbɛba abɛto wɔn sɛ wɔretwɛn no no ani bɛgye. Ɔbɛto wɔn ɛpono na ɔno ankasa asom wɔn.
38 And if he comes in the second division of the night or in the third, and they are watching for him, happy are those servants.
Sɛ ɔba dasuo mu anaa ahemadakye mpo a, asomfoɔ a ɔbɛba abɛto wɔn sɛ wɔrewɛn no no ani bɛgye.
39 But be certain of this, that if the master of the house had had knowledge of the time when the thief was coming, he would have been watching, and would not have let his house be broken into.
Ɛsɛ sɛ mohunu sɛ, sɛ efiewura nim ɛberɛ a owifoɔ bɛba a, anka ɔbɛwɛn na owifoɔ no annya ne ho ɛkwan ammɛbɔ no korɔno.
40 So be ready: for the Son of man is coming at a time when you are not looking for him.
Enti, monsiesie mo ho ntwɛn Onipa Ba no ba a ɔbɛba no, ɛfiri sɛ, monnim ɛberɛ ko a ɔbɛba.”
41 And Peter said to him, Lord, are these words said to us only, or to all men?
Petro bisaa Yesu sɛ, “Awurade, worebu bɛ yi akyerɛ yɛn nko ara anaasɛ obiara?”
42 And the Lord said, Who then is the wise and responsible servant whom his lord will put in control of his family, to give them their food at the right time?
Yesu buaa no sɛ, “Merekasa akyerɛ ɔsomfoɔ nokwafoɔ nyansafoɔ biara a ne wura de ne efie sohwɛ bɛhyɛ ne nsa na wahwɛ ama obiara aduane wɔ ne berɛ mu.
43 Happy is that servant who, when his lord comes, is doing so.
Nhyira ne ɔsomfoɔ a ne wura no bɛba abɛto no sɛ wayɛ nʼadwuma pɛpɛɛpɛ.
44 Truly I say to you, he will put him in control of all his goods.
Nokorɛm, ɔde nʼagyapadeɛ nyinaa bɛhyɛ ne nsa.
45 But if that servant says to himself, My lord is a long time coming; and goes about giving blows to the men-servants and the women-servants, feasting and taking overmuch wine;
Na sɛ ɛba sɛ saa ɔsomfoɔ yi nso ka sɛ, ‘Me wura nnya mmaeɛ’ na ɛno enti, ɔhwe asomfoɔ a aka no, na ɔdidi, nom nsã bo a,
46 The lord of that servant will come at a time when he is not looking for him, and at an hour when he is not ready for him, and he will have him cut in two and will give him his part in the fate of those who have no faith;
ne wura no bɛba da a nʼani nna so sɛ ɔbɛba. Na sɛ ne wura no ba a, ɔbɛtwe nʼaso denden na wabu no sɛ obi a ɔnnye Onyankopɔn nni.
47 And the servant who had knowledge of his lord's desires and was not ready for him and did not do as he was ordered, will be given a great number of blows;
“Ɔsomfoɔ a ɔnim deɛ ne wura pɛ, na wanyɛ ne wura no apɛdeɛ no wɔbɛbɔ no mmaa pii.
48 But he who, without knowledge, did things for which punishment is given, will get only a small number of blows. The man to whom much is given, will have to give much; if much is given into his care, of him more will be requested.
Na ɔsomfoɔ a ɔnnim deɛ ne wura pɛ na enti ɔyɛɛ deɛ ne wura mpɛ no, wɔbɛbɔ no mmaa kakraa bi. Na obiara a wɔama no pii no, wɔbɛbisa pii afiri ne nkyɛn; na deɛ wɔde bebree ahyɛ ne nsa no, ɔbɛbu bebree ho nkonta.”
49 I came to send a fire on the earth, and it may even now have been lighted.
“Maba sɛ merebɛsɔ ogya wɔ asase so na sɛ asɔ dada a, na deɛ merehwehwɛ ara ne no.
50 But there is a baptism which I have to undergo; and how am I kept back till it is complete!
Asubɔ bi wɔ hɔ a wɔde bɛbɔ me a, ɛde me bɛkɔ amanehunu mu, na merennya ahotɔ gye sɛ wɔabɔ me saa asu no ansa.
51 Is it your opinion that I have come to give peace on earth? I say to you, No, but division:
Mosusu sɛ mebaeɛ sɛ mede asomdwoeɛ reba asase yi so? Dabi! Ɛnyɛ asomdwoeɛ na mede baeɛ na mmom mpaapaemu.
52 For from this time, a family of five in one house will be on opposite sides, three against two and two against three.
Ɛfiri ɛnnɛ, mpaapaemu bɛba afie mu, baasa bɛba mʼafa na baanu atia me anaasɛ baanu bɛba mʼafa na baasa atia me.
53 They will be at war, the father against his son, and the son against his father; mother against daughter, and daughter against mother; mother-in-law against daughter-in-law, and daughter-in-law against mother-in-law.
Agya ne ne babarima renyɛ adwene, ɔbabaa ne ne maame renyɛ adwene, ase ne ase adwene renhyia.”
54 Then he said to the people, When you see a cloud coming up in the west, straight away you say, There will be rain; and so it is.
Na ɔka kyerɛɛ nnipakuo no nso sɛ, “Sɛ mohunu sɛ osuo amuna wɔ atɔeɛ a, ntɛm ara, moka sɛ, ‘Osuo bɛtɔ!’ Na osuo tɔ ampa.
55 And when you see a south wind blowing, you say, There will be heat; and so it is.
Saa ara nso na sɛ mohunu sɛ mframa bɔ firi anafoɔ reba a, moka sɛ, ‘Ahuhuro bɛba!’ Na ɛba mu ampa.
56 O false ones! the face of the earth and the heaven is clear to you; how is it that the signs of these times are not as clear to you?
Mo nyaatwomfoɔ! Motumi kyerɛ ewiem nsakraeɛ ase, nanso nneɛma a ɛnnɛ yi atwa mo ho ahyia, ne deɛ ɛbɔ mo kɔkɔ no deɛ, monhunu.
57 And why are you, in your hearts, unable to be judges of what is right?
“Adɛn enti na monim deɛ ɛyɛ na monyɛ?
58 For if anyone has a cause at law against you, and you are going with him before the ruler, make an attempt, on the way, to come to an agreement with him, for if you do not, he may take you before the judge and the judge will give you up to the police, and they will put you in prison.
Sɛ wode obi ka a, bɔ mmɔden kɔhunu no na wone no nka ho asɛm na wamfa wo ankɔ asɛnniiɛ amma ɔtemmufoɔ amfa wo anto afiase.
59 I say to you, You will not come out of it till you have made payment to the very last farthing.
Sɛ woanyɛ no saa a, ɔbɛma woatua ka a wode no no nyinaa ansa na wagyaa wo.”

< Luke 12 >