< Leviticus 27 >
1 And the Lord said to Moses,
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,
2 Say to the children of Israel, If a man makes a special oath, you will give your decision as to the value of the persons for the Lord.
“Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ‘Sɛ onipa bi hyɛ bɔ sɛ ɔde obi bɛma Awurade a, na sɛ ɔpɛ sɛ ɔtua sika mmom a,
3 And you will put the value of a male from twenty years to sixty years old at fifty shekels of silver, by the scale of the holy place.
ɔbɛtua dwetɛ gram ahanum ne aduɔson ama ɔbarima a wadi mfeɛ aduonu kɔsi mfeɛ aduosia,
4 And if it is a female, the value will be thirty shekels.
sɛ ɔyɛ ɔbaa a wadi mfeɛ aduonu kɔsi aduosia a, wɔbɛtua dwetɛ gram ahasa ne aduanan,
5 And if the person is from five to twenty years old, the value will be twenty shekels for a male, and ten for a female.
abarimaa a wadi mfeɛ enum kɔsi aduonu no nso wɔbɛtua dwetɛ gram ahanu ne aduasa. Sɛ ɔyɛ ɔbaa a, wɔbɛtua dwetɛ gram ɔha ne dunum.
6 And if the person is from one month to five years old, then the value for a male will be five shekels of silver, and for a female three shekels.
Abarimaa a wadi bosome kɔsi mfeɛ enum no wɔbɛtua dwetɛ gram 60; na abaayewa nso wɔatua dwetɛ gram 35.
7 And for sixty years old and over, for a male the value will be fifteen shekels, and for a female, ten.
Ɔbarima a wadi boro mfeɛ aduosia no wɔbɛtua dwetɛ gram ɔha aduɔson; na ɔbaa nso wɔatua dwetɛ gram ɔha ne dunum.
8 But if he is poorer than the value which you have put on him, then let him be taken to the priest, and the priest will put a value on him, such as it is possible for him to give.
Na sɛ obi yɛ ohiani a ɔrentumi ntua saa sika yi a, ɔde saa onipa no bɛba ɔsɔfoɔ anim, na ɔsɔfoɔ no akyerɛ no sika a ɔbɛtumi atua.
9 And if it is a beast of which men make offerings to the Lord, whatever any man gives of such to the Lord will be holy.
“‘Sɛ ɔde aboa hyɛ bɔ sɛ afɔrebɔdeɛ a ɛfata ma Awurade a, saa aboa no a ɔde ama Awurade no bɛyɛ kronkron.
10 It may not be changed in any way, a good given for a bad, or a bad for a good; if one beast is changed for another, the two will be holy.
Ɛnsɛ sɛ ɔsesa saa aboa no. Ɛnsɛ sɛ ɔde deɛ ɛyɛ sesa deɛ ɛnyɛ anaa sɛ ɔde deɛ ɛnyɛ sesa deɛ ɛyɛ. Sɛ ɛba sɛ wɔyɛ saa nsesayɛ yi a, wɔbɛfa no sɛ mmoa mmienu no nyinaa ho te.
11 And if it is any unclean beast, of which offerings are not made to the Lord, then let him take the beast before the priest;
Sɛ aboa a ɔde rema Awurade no ho nte na ɛmfata sɛ wɔde yɛ afɔrebɔdeɛ ma Awurade a, ɛsɛ sɛ ne wura no de brɛ ɔsɔfoɔ.
12 And let the priest put a value on it, if it is good or bad; whatever value the priest puts on it, so will it be.
Ɔno na ɔbɛhwɛ sɛ aboa no di mu anaa sɛ ɔnte saa, na wakyerɛ sika dodoɔ a ɛsɛ sɛ ɔtua de si aboa no anan.
13 But if he has a desire to get it back for himself, let him give a fifth more than your value.
Sɛ aboa no yɛ deɛ ɛsɛ sɛ wɔde no bɔ afɔdeɛ nanso onipa a ɔde no reba no pɛ sɛ ɔsane gye nʼadeɛ a, ɔbɛtua sika ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ɛboɔ a ɔsɔfoɔ no bɛtwa ama no sɛ ɔntua no ho.
14 And if a man has given his house as holy to the Lord, then the priest will put a value on it, if it is good or bad; as the priest gives decision so will the value be fixed.
“‘Sɛ obi de ne fie ma Awurade na sɛ ɔpɛ sɛ ɔsane gye a, ɔsɔfoɔ no bɛsese ne boɔ a ɔnte so,
15 And if the owner has a desire to get back his house, let him give a fifth more than your value, and it will be his.
na saa onipa no atua, asane atua ɛbo korɔ no ara ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho ansa na efie no abɛyɛ ne dea bio.
16 And if a man gives to the Lord part of the field which is his property, then let your value be in relation to the seed which is planted in it; a measure of barley grain will be valued at fifty shekels of silver.
“‘Sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ɔde nʼabusua asase fa bi bɔ afɔdeɛ ma Awurade a, wɔbɛgyina aba kɛntɛnma dodoɔ a ɛbɛhia sɛ wɔbɛdua wɔ so no so atwa asase no boɔ; aba kɛntɛnma biara boɔ yɛ dwetɛ gram ahanum ne aduɔson.
17 If he gives his field from the year of Jubilee, the value will be fixed by your decision.
Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ mu no, sɛ obi de nʼafuo kyɛ a, ne boɔ no rensesa.
18 But if he gives his field after the year of Jubilee, the amount of the money will be worked out by the priest in relation to the number of years till the coming year of Jubilee, and the necessary amount will be taken off your value.
Na sɛ ɔde asase no ma wɔ Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no akyi a, ɔsɔfoɔ no bɛgyina mfeɛ a aka ansa na Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ a ɛdi so no so asese ne boɔ, na wɔbɛtumi ate so.
19 And if the man who has given the field has a desire to get it back, let him give a fifth more than the price at which it was valued and it will be his.
Na sɛ ɔbarima no pɛ sɛ ɔgye nʼasase a, ɔsɔfoɔ no boɔ a ɔbɛbɔ no, ɔbɛtua ɔha mu nkyɛmu aduonu aka ho ansa na asase no abɛyɛ ne dea bio.
20 But if he has no desire to get it back, or if he has given it for a price to another man, it may not be got back again.
Na sɛ nso ɔyɛ nʼadwene sɛ ɔmpɛ sɛ ɔgye asase no bio, anaasɛ sɛ watɔn asase no ama obi foforɔ a, ɛnneɛ wɔrentumi nnye bio.
21 But the field, when it becomes free at the year of Jubilee, will be holy to the Lord, as a field given under oath: it will be the property of the priest.
Sɛ wɔdane asase no ma wɔ Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no mu a, ɛbɛyɛ asase kronkron. Wɔde ato hɔ ama Awurade. Ɛbɛyɛ asɔfoɔ no agyapadeɛ.
22 And if a man gives to the Lord a field which he has got for money from another, which is not part of his heritage;
“‘Sɛ obi bi de asase a watɔ ma Awurade, na sɛ asase no nyɛ nʼabusua asase a,
23 Then the value fixed by you up to the year of Jubilee will be worked out for him by the priest, and in that day he will give the amount of your value as holy to the Lord.
ɔsɔfoɔ no bɛgyina mfeɛ a aka ama wɔadi Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no so asese ne boɔ. Ɛsɛ sɛ onipa ko no tua ɛboɔ no ɛda no ara, na ɛyɛ afɔrebɔdeɛ kronkron ma Awurade.
24 In the year of Jubilee the field will go back to him from whom he got it, that is, to him whose heritage it was.
Mfirinhyia Aduonum Afahyɛ no duru so a, asase no bɛsane akɔ deɛ ɔtɔneɛ no nkyɛn anaasɛ deɛ na ɔyɛ asase no wura no.
25 And let all your values be based on the shekel of the holy place, that is, twenty gerahs to the shekel.
Wɔbɛsese ɛho ka no nyinaa wɔ nnwetɛbena a wɔgye wɔ hyiadan mu, a ɛyɛ gram dubaako.
26 But a man may not give by oath to the Lord the first-fruits of cattle which are offered to the Lord: if it is an ox or a sheep it is the Lord's.
“‘Ɛnsɛ sɛ obiara de aboa bi abakan ma Awurade, ɛfiri sɛ abakan biara, sɛ ɔyɛ nantwie anaa odwan no, yɛ Awurade dea dada.
27 And if it is an unclean beast, then the owner of it may give money to get it back, in agreement with the value fixed by you, by giving a fifth more; or if it is not taken back, let it be given for money in agreement with your valuing.
Sɛ ɔyɛ mmoa a wɔn ho nteɛ no bi a, onipa no bɛtumi atua ne boɔ no, na ɔde ɛboɔ no mu nkyɛmu enum mu baako aka ho. Sɛ onipa no antɔ bio deɛ a, wɔbɛtɔn aboa no sɛdeɛ ne boɔ teɛ.
28 But nothing which a man has given completely to the Lord, out of all his property, of man or beast, or of the land which is his heritage, may be given away or got back in exchange for money; anything completely given is most holy to the Lord.
“‘Adeɛ biara a wɔde ama Awurade no, sɛ ɛyɛ nnipa, mmoa anaa abusuasase no, ɛnsɛ sɛ wɔtɔn anaa wɔsane gye, ɛfiri sɛ, biribiara a ɛte saa no yɛ kronkron ma Awurade.
29 Any man given completely to the Lord may not be got back: he is certainly to be put to death.
“‘Onipa biara a Awurade ayi no asi nkyɛn ama ɔsɛeɛ no, wɔmmfa biribi ntua ne tiri ka. Ɛsɛ sɛ wɔkum no.
30 And every tenth part of the land, of the seed planted, or of the fruit of trees, is holy to the Lord.
“‘Asase no so nnɔbaeɛ nkyɛmu edu mu baako, sɛ ɛyɛ aburoo anaa aduaba no yɛ Awurade dea. Ɛyɛ kronkron.
31 And if a man has a desire to get back any of the tenth part which he has given, let him give a fifth more.
Sɛ obi pɛ sɛ ɔsane tɔ saa aduaba anaa aburoo no a, ɛsɛ sɛ ɔde ne boɔ nkyɛmu enum mu baako ka ho.
32 And a tenth part of the herd and of the flock, whatever goes under the rod of the valuer, will be holy to the Lord.
Anantwie ne nnwan no ntotosoɔ dudu nyinaa, aboa biara a ɔtɔ so edu a ɔfa odwanhwɛfoɔ nsam no yɛ kronkron ma Awurade.
33 He may not make search to see if it is good or bad, or make any changes in it; and if he makes exchange of it for another, the two will be holy; he will not get them back again.
Aboa a ɔtɔ so edu a wɔde bɛma Awurade no, wɔnhwɛ sɛ ɔyɛ anaa ɔnyɛ, na wɔmmfa biribiara nsi nʼananmu, ɛfiri sɛ, sɛ wɔde biribiara si ananmu a, ne nyinaa bɛyɛ kronkron, a obiara rentumi nnye bio.’”
34 These are the orders which the Lord gave to Moses for the children of Israel in Mount Sinai.
Yeinom ne mmara a Awurade de maa Mose wɔ Sinai Bepɔ so sɛ ɔnka nkyerɛ Israelfoɔ no.