< Joshua 5 >
1 Now when the news came to all the kings of the Amorites on the west side of Jordan, and all the kings of the Canaanites living by the sea, how the Lord had made the waters of Jordan dry before the children of Israel, till they had gone across, their hearts became like water, and there was no more spirit in them, because of the children of Israel.
Ɛberɛ a Amorifoɔ ahemfo nyinaa a wɔwɔ Yordan atɔeɛ fam ne Kanaanfoɔ ahemfo a wɔwɔ Ɛpo Kɛseɛ no mpoano tee sɛ Awurade ama Asubɔnten Yordan awe wɔ Israelfoɔ anim ama wɔatwa no, wɔn akoma tuiɛ na ehu kyekyeree wɔn.
2 At that time the Lord said to Joshua, Make yourself stone knives and give the children of Israel circumcision a second time.
Saa ɛberɛ no, Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Yɛ twerɛboɔ sekammoa na fa twa Israelfoɔ no twetia bio.”
3 So Joshua made stone knives and gave the children of Israel circumcision at Gibeath-ha-araloth.
Enti, Yosua yɛɛ twerɛboɔ sekammoa no de twitwaa Israelfoɔ nyinaa twetia wɔ Aaralot kokoɔ so.
4 And this is the reason why Joshua did so: all the males of the people who came out of Egypt, all the fighting-men, had been overtaken by death in the waste land on the way, after they came out of Egypt.
Na ɛsɛ sɛ Yosua twitwa wɔn twetia, ɛfiri sɛ, mmarima a na wɔanyinyini a wɔtumi ko wɔ ɛberɛ a wɔfirii Misraim no nyinaa awuwu wɔ ɛserɛ no so.
5 All the people who came out had undergone circumcision; but all the people whose birth had taken place in the waste land on their journey from Egypt had not.
Nnipa a wɔtu firii Misraim baeɛ no, na wɔatwitwa wɔn nyinaa twetia. Nanso wɔn a wɔwowoo wɔn wɔ ɛserɛ no so wɔ Otukorɔ berɛ no mu no deɛ, na wɔntwitwaa wɔn twetia.
6 For the children of Israel were wandering in the waste land for forty years, till all the nation, that is, all the fighting-men, who had come out of Egypt, were dead, because they did not give ear to the voice of the Lord: to whom the Lord said, with an oath, that he would not let them see the land which the Lord had given his word to their fathers to give us, a land flowing with milk and honey.
Israelfoɔ no kyinkyinii wɔ ɛserɛ no so mfeɛ aduanan kɔsii sɛ mmarima a wɔtumi ko wɔ ɛberɛ a wɔrefiri Misraim no nyinaa wuwuiɛ. Ɛfiri sɛ, wɔyɛɛ asoɔden maa Awurade, na ɔkaa ntam sɛ ɔremma wɔn nan rensi asase a waka ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene wɔ so no.
7 And their children, who came up in their place, now underwent circumcision by the hands of Joshua, not having had it before: for there had been no circumcision on the journey.
Enti Yosua twitwaa wɔn mmammarima a wɔntwaa wɔn twetia no twetia wɔ ɛberɛ a na wɔrekɔ Bɔhyɛ Asase no so no. Yeinom yɛ wɔn a na wɔanyinyini a wɔtumi si wɔn agyanom anan mu no.
8 So when all the nation had undergone circumcision, they kept in their tents till they were well again.
Ɔtwaa mmarima no nyinaa twetia wieeɛ no, wɔgyee wɔn ahome wɔ atenaeɛ hɔ kɔsii sɛ wɔn ho tɔɔ wɔn.
9 And the Lord said to Joshua, Today the shame of Egypt has been rolled away from you. So that place was named Gilgal, to this day.
Afei, Awurade ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Ɛnnɛ mayi mo nkoayɛ wɔ Misraim ho animguaseɛ no afiri mo so.” Ɛno enti, wɔfrɛ beaeɛ hɔ Gilgal de bɛsi ɛnnɛ.
10 So the children of Israel put up their tents in Gilgal; and they kept the Passover on the fourteenth day of the month, in the evening, in the lowlands of Jericho.
Ɛberɛ a Israelfoɔ no wɔ Gilgal atenaeɛ hɔ wɔ Yeriko asase parada no so no, wɔdii Twam Afahyɛ no wɔ bosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ. Saa bosome no na wɔde kae ɛberɛ a wɔtu firii Misraim no.
11 And on the day after the Passover, they had for their food the produce of the land, unleavened cakes and dry grain on the same day.
Ɛda no ara, wɔhyɛɛ aseɛ dii apiti ne aburoo a wɔtwa firii asase no so a wɔakye.
12 And there was no more manna from the day after they had for their food the produce of the land; the children of Israel had manna no longer, but that year the produce of the land of Canaan was their food.
Mana amma ɛda no na wɔanhunu bi nso bio. Enti, ɛfiri saa ɛberɛ no, Israelfoɔ no dii Kanaan asase no so nnɔbaeɛ.
13 Now when Joshua was near Jericho, lifting up his eyes he saw a man in front of him, with his sword uncovered in his hand: and Joshua went up to him and said, Are you for us or against us?
Ɛberɛ a Yosua rebɛn Yeriko kuropɔn no, ɔpagyaa nʼani hunuu ɔbarima bi a ɔkura akofena rehyia no. Yosua kɔɔ ne nkyɛn bisaa no sɛ, “Wowɔ yɛn afa anaa woyɛ ɔtamfoɔ?”
14 And he said, No; but I have come as captain of the armies of the Lord. Then Joshua, falling down with his face to the earth in worship, said, What has my lord to say to his servant?
Na ɔbarima no buaa sɛ, “Menyɛ wɔn mu biara, meyɛ Awurade asraadɔm so safohene.” Yosua tee yei no, ɔdaa hɔ de nʼanim butuu fam wɔ anidie mu na ɔkaa sɛ, “Kyerɛ me deɛ menyɛ, ɛdeɛn na wopɛ sɛ wo ɔsomfoɔ yɛ?”
15 And the captain of the Lord's army said to Joshua, Take off your shoes from your feet, for the place where you are is holy. And Joshua did so.
Awurade asraadɔm safohene no buaa sɛ, “Yi wo mpaboa na ɛha yɛ asase kronkron.” Na Yosua yɛɛ deɛ ɔkyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.